You are on page 1of 31

Ahemfo I 1

Dawid mmerɛyɛ ne Adoniya ho asɛm


I
Afei Ɔhene Dawid abɔ akora, na ɛwom sɛ na ne nkoa de bomo kata ne ho deɛ, nanso ne
ho anyɛ no hye.
2 Enti ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Ma yɛnhwehwɛ ababaa bi mmrɛ me wura ɔhene, na
ɔmmɛgyina ɔhene anim nyɛ ne hwɛfoɔ, na ɔnna wo kokom na me wura ɔhene ho nyɛ no
hye.
3 Ɛnna wɔkɔhwehwɛɛ ababaa hoɔfɛfoɔ bi
Israel ahyeɛ nyinaa mu, na wɔkɔhunuu Sunamni Abisag, na wɔde no brɛɛ ɔhene.
4Na ababaa no ho yɛ fɛ pa ara, na ɔyɛɛ ɔhene hwɛfoɔ na ɔsomm no. Nanso ɔhene ne no
anna.
5Na Hagit ba Adoniya maa ne ho so kaa sɛ: Me na mɛdi hene. Na ɔsiesiee nteaseɛnam
ne apɔnkɔsotefoɔ ne mmarima aduonum a wɔbɛbɔ ne ho ban.
6Nanso n'agya anka asɛm a ɛyɛ ya biara ankyerɛ no da sɛ: Adɛn na woayɛ saa yi? Na
ɔno nso yɛ onipa a ne ho yɛ fɛ, na ɔno na wɔwoo no dii Absalom akyire.
7Na ɔne Seruia ba Yoab ne Ɔsɔfoɔ Abiatar dii atirimsɛm, na wɔdii Adoniya akyi boaa
no.
8Na Ɔsɔfoɔ Sadok, Yoiada ba Benaia, Odiyifoɔ Natan, Simei, Rei ne Dawid nnɔmmarima
no deɛ, na wɔnni Adoniya afa.
9Na Adoniya kumm nnwan, anantwie ne anantwie a wɔadɔre sradeɛ wɔ Ɔwɔ Boɔ a ɛwɔ En-
rogel ho no so, na ɔhyiahyiaa ne nuanom ahene mma no nyinaa ne Yuda mmarima a wɔyɛ
ɔhene nkoa no nyinaa.
10 Na Odiyifoɔ Natan ne Benaia ne nnɔmmarima no ne ne nua Salomo deɛ, wanhyia wɔn.
11 Ɛnna Natan ka kyerɛɛ Salomo na Batseba sɛ: Dabrɛ wontee sɛ Hagit ba Adoniya redi
hene, na yɛn wura Dawid nnim?
12 Afei, bra na memma wo adwene, na gye wo ne wo ba Salomo kra nkwa.
13 Kɔ Ɔhene Dawid nkyɛn, na ka kyerɛ no sɛ: Ɛnyɛ wo, me wura ɔhene na wokaa
w'afenaa ntam sɛ: Wo ba Salomo na ɔbɛdi m'adeɛ, na ɔno na ɔbɛtena m'adwa soɔ? Na
adɛn nti na Adoniya di hene yi?
14Hwɛ, wo ne ɔhene da so rekasa wɔ hɔ no, me nso mɛdi w'akyiri aba, na mabɛfoa wo
so.
15 Na Batseba kɔɔ ɔhene nkyɛn pia mu; na ɔhene abɔ akora pa ara, na Sunamni Abisag
som ɔhene. 16Ɛnna Batseba bɔɔ ne mu ase maa ɔhene. Na ɔhene bisaa
no sɛ: Ɛdeɛn na worehwehwɛ?
17Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me wura, wo na wokaa AWURADE wo Nyankopɔn ntam kyerɛɛ
w'abaawa sɛ: Wo ba Salomo na ɔbɛdi w'adeɛ, na ɔno na ɔbɛtena w'adwa soɔ.
18 Na afei, hwɛ, Adoniya na ɔredi hene yi; nanso, me wura ɔhene, wonnim.
19 Na wakum anantwie ne nyɛmmoa ne nnwan bebree, na wahyiahyia ahene mma nyinaa ne
Ɔsɔfoɔ Abiatar ne Ɔsahene Yoab, na w'akoa Salomo deɛ, wanhyia no.
20 Na wo, me wura ɔhene, na Israel nyinaa ani da wo soɔ sɛ wobɛkyerɛ wɔn deɛ ɔbɛdi
me wura ɔhene akyiri atena adwa no soɔ.
21Anyɛ saa a, me wura ɔhene wuo akyiri no wɔbɛbu me ne me ba Salomo mmaratofoɔ.
22 Na hwɛ, ɔda so ne ɔhene rekasa no, Odiyifoɔ Natan nso baa hɔ.
23 Na wɔkɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Hwɛ, Odiyifoɔ Natan nie. Na ɔduruu ɔhene anim no,
ɔkotoo ɔhene de n'anim butuu fam.
24 Na Natan kaa sɛ: Me wura ɔhene, wo na wose: Adoniya nni m'adeɛ, na ɔno na ɔntena
m'adwa so anaa?
25 Na ɛnnɛ wasiane kɔ, na wakɔkum anantwie ne anantwie a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan
bebree, na wahyia ɔhene mma nyinaa ne asafohene ne Ɔsɔfoɔ Abiatar, na hwɛ, wɔredidi
na wɔrenom n'anim, na wɔka sɛ: Ɔhene Adoniya nkwa so!
26 Na me, w'akoa ne Ɔsɔfoɔ Sadok ne Yoiada ba Benaia ne w'akoa Salomo deɛ, wanhyia
yɛn.
27Me wura ɔhene nkyɛn na asɛm yi fire, na woamma w'akoa anhunu deɛ ɔbɛtena me wura
ɔhene adwa no soɔ n'akyiri?
28Ɛnna Ɔhene Dawid buaa sɛ: Momfrɛ Batseba mma me. Na ɔba bɛgyinaa ɔhene anim.
29 Na ɔhene kaa ntam sɛ: Sɛ AWURADE a ɔgyee me kra firii ahohiahia nyinaa mu te
aseɛ yi,
30 sɛdeɛ mekaa AWURADE Israel Nyankopɔn ntam mekyerɛɛ wo sɛ: Wo ba Salomo na
ɔbɛdi m'adeɛ, na ɔno na ɔbɛtena m'adwa soɔ asi m'ananmu no, saa ara na mɛyɛ nnɛ da
yi. 31 Ɛnna Batseba bɔɔ ne mu ase de n'anim butuu fam kotoo ɔhene kaa sɛ: Me wura
ɔhene nnya nkwa daa!
Wɔsra Salomo si no hene
32 Na Ɔhene Dawid kaa sɛ: Momfrɛ Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan ne Yoiada ba Benaia
mma me. Na wɔbaa ɔhene anim. 33 Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa mo wura nkoa nka
mo ho, na momfa me ba Salomo ntena m'afunumupɔnkɔ so, na momfa no nsiane nkɔ Gihon.
34 Na Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan nsra no mfa no nsi Israel so hene wɔ hɔ, na
monhyɛne totorobɛnto sɛ: Ɔhene Salomo nkwa so oo!
35 Na momforo nni n'akyi, na ɔmmra mmɛtena m'adwa so, na ɔnsi m'ananmu nni hene, na
ɔno na mahyɛ no sɛ ɔnyɛ Israel ne Yuda so hene. 36Ɛnna Yoiada ba Benaia buaa ɔhene
sɛ: Amen! Saa ara nso na AWURADE me wura Ɔhene Nyankopɔn nka. 37Sɛdeɛ AWURADE ne me
wura ɔhene tenaeɛ no, saa ara nso na ɔne Salomo ntena, na ɔmma n'adwa nso nsene me
wura Ɔhene Dawid adwa no.
38 Na Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan ne Yoiada ba Benaia, Keretifoɔ ne Peletifoɔ
siane kɔe, na wɔde Salomo tenaa ɔhene afunumupɔnkɔ so, na wɔde no kɔɔ Gihon. 39 Na
Ɔsɔfoɔ Sadok faa ngo abɛn firii ntomadan no mu de bɛsraa Salomo. Na wɔhyɛnee
totorobɛnto, na ɔman no nyinaa kaa sɛ: Ɔhene Salomo nkwa so!
40 Na ɔman no nyinaa foro dii n'akyiri bae, na ɔman no hyenhyɛnee ntɛntɛbɛn, na wɔn
ani gyee kɛse, na wɔn gyegyeegye no reyɛ ama asase mu apae.
41 Na Adoniya ne wɔn a wahyia wɔn a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa teeɛ. Na wɔawie adidi;
na Yoab tee totorobɛnto no nka no, ɔkaa sɛ: Kuro no mu hooyɛ a yɛteɛ yi ase ne sɛn?
42 Na ɔda so rekasa no, hwɛ, Ɔsɔfoɔ Abiatar ba Yonatan bae; na Adoniya kaa sɛ: Bra,
na woyɛ ɔbarima a wofata, na wokura kaseɛ pa. 43 Na Yonatan bua see Adoniya sɛ:
Dabi, na yɛn wura Ɔhene Dawid de Salomo asi hene. 44 Na ɔhene asoma Ɔsɔfoɔ Sadok ne
Odiyifoɔ Natan ne Yoiada ba Benaia, Keretifoɔ ne Peletifoɔ aka ne ho, na ɔde no
atena ɔhene afunumupɔnkɔ so,
45 na Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan asra no de no asi hene Gihon, na wɔde anigyeɛ
de no aforo afiri hɔ aba, na kuro no mu ayɛ hoo: Ɛno ne gyegyeegye a moteeɛ no.
46Nso Salomo te ahennwa no so. 47Yeinom nyinaa akyiri no, ɔhene nkoa aba abɛma yɛn
wura Ɔhene Dawid amo sɛ: Onyankopɔn mma Salomo din nyɛ kɛse nsene wo din, na ɔmma
n'adwa nso nsene w'adwa. Na ɔhene bɔɔ ne mu ase ne mpa so; 48 na ɔhene kaa sɛ:
Nhyira ne AWURADE Israel Nyankopɔn a wama me ba atena m'adwa so nnɛ yi, na m'ani
ahunu.
49Ɛnna nnipa a wɔahyia wɔn a wɔyɛ Adoniya deɛ no nyinaa ho popoe, na wɔsɔresɔree
sisii wɔn akwan so kɔe.
50Na Adoniya suroo Salomo anim, na ɔsɔre kɔe kɔsosɔɔ afɔrebukyia abɛn mu. 51 Na
wɔka kyerɛɛ Salomo sɛ: Hwɛ, Adoniya suro Ɔhene Salomo, na hwɛ, wakɔsosɔ afɔrebukyia
abɛn mu sɛ: Ɔhene Salomo nka me ntam nnɛ, sɛ ɔremfa nkrantɛ nkum n'akoa. 52 Na
Salomo kaa sɛ: Sɛ ɔdane onipa a ɔfata a, ne nwi baako mpo rentɔ fam; na sɛ wɔhunu
bɔne wɔ ne mu a, ɔbɛwu.
53 Na Ɔhene Salomo soma maa wɔkɔfaa no firii afɔrebukyia no ho siane bae. Na ɔba
bɛkotoo Ɔhene Salomo, na Salomo ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ wo fie.

X-X-X
Ahemfo I 2

Dawid samanseɛ ne ne wuo


2
Afei Dawid nna bɛnee sɛ ɔbɛwuo
no, ɔhyɛɛ ne ba Salomo sɛ:
2Me deɛ,
mereti nananom wɔ asamando: Enti yɛ den na yɛ ɔbarima;
3na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛdeɛ sɛ wobɛnante n'akwan so, sɛ wobɛdi n'ahyɛdeɛ,
ne mmara nsɛm ne n'atemmudeɛ ne n'adansesɛm soɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara mu,
na woadi yie deɛ woyɛ nyinaa mu, baabiara a wobɛkorɔ.
4Na AWURADE ama n'asɛm a ɔkaa no me ho no atim, sɛ ɔse: Sɛ wo mma hwɛ wɔn akwan so
yie sɛ wɔbɛnante m'anim nokorɛ mu, wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa mu a, ɛnneɛ
Israel adwa so barima remmɔ wo.
5Bio, wo ara wonim deɛ Seruia ba Yoab yɛɛ me, deɛ ɔyɛɛ Israel asahene baanu Ner ba
Abner ne Yeter ba Amasa, sɛ ɔdii wɔn awuo na ɔkaa ɔsa mu mogya guu asomdwoeɛ berɛ
mu, na ɔde ɔsa mu mogya kekaa n'abɔsoɔ a ɛbɔ n'asene ne ne mpaboa a ɛhyɛ ne nan ho
no.
6Enti di no nyansa so, na mma ne dwono mmfa asomdwoeɛ mu nnsiane nnkɔ Asamando.
7Na Gileadni Barsilai mma deɛ, yɛ wɔn adɔeɛ na ma wɔntena wɔn a wɔdidi wo pono soɔ
mu; Na saa na wɔtwe baa me nkyɛn berɛ a medwanee wo nua Absalom anim no.
8Na hwɛ, Benyaminni Gera ba Simei a ɔfiri Bahurim a ɔwɔ wo nkyɛn yi, ɔno na ɔdomee
me nnome denden da a mekɔɔ Mahanaim no. Nanso ɔsiane bɛhyiaa me Yordan ho, na mede
AWURADE kaa no ntam sɛ meremfa nkrantɛ menku no.
9Na afei deɛ, mma ne ho nnyɛ tɔtorɔtɔɔ, na woyɛ ɔba nyansafoɔ, na wobɛhunu adeɛ a
wobɛyɛ no, na woama ne dwono nam mogya mu asiane akɔ Asamando.
10Ɛnna Dawid tii n'agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid kuro mu. 11 Na nna a
Dawid de dii Israel so hene yɛ mfirinhyia aduanan. Ɔdii hene mfeɛ nson wɔ Hebron,
na ɔdii hene mfeɛ aduasa mmiɛnsa Yerusalem.
12 Na Salomo tenaa n'agya adwa so, na n'ahennie tim pintinn pa.
Salomo nneyɛɛ bi
13 Na Hagit ba Adoniya baa Salomo na Batseba nkyɛn. Na ɔbisaa no sɛ: Asomdwoeɛ mu
na woreba yi? Na ɔse: Asomdwoeɛ mu.
14 Na ɔkaa sɛ: Mewɔ asɛm bi meka kyerɛ wo. Na ɔse: Ka ɛ! 15 Na ɔkaa sɛ: Wo ara
wonim sɛ anka ahennie no yɛ me dea, na me so na Israel nyinaa de wɔn ani toeɛ sɛ
mɛdi hene, nanso ahennie no danee, na akɔyɛ me nua deɛ; na AWURADE na ɔde maa no.
16 Na afei adeɛ baako pɛ na merebisa no wo hɔ, na nkame me. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ:
Kasa ɛ!
17Na ɔse: Mesrɛ wo, ka kyerɛ Ɔhene Salomo, na ɔrenkame wo, na ɔmfa Sunamni Abisag
mma me aware. 18 Na Batseba kaa sɛ: Yoo, mɛka makyerɛ ɔhene mama wo.
19Ɛnna Batseba baa Ɔhene Salomo nkyɛn sɛ ɔde Adoniya dwantoa rebrɛ no. Na ɔhene
sɔre kɔhyiaa no, na ɔbɔɔ ne mu ase maa no, na ɔtenaa n'adwa so; na wɔde adwa sii hɔ
maa ɔhene na, na ɔtenaa ne nifa so.
20 Na ɔkaa sɛ: Ade ketewa bi na merebɛbisa no wo hɔ, na nkame me. Na ɔhene ka
kyerɛɛ no sɛ: Awo, bisa, na merenkame wo.
21 Na ɔse: Ma wɔmfa Sunamni Abisag mma wo nua Adoniya awareɛ.
22 Na Ɔhene Salomo bua see ne na sɛ: Na adɛn nti na wobisa Sunamni Abisag awareɛ
ama Adoniya? Bisa ahennie no nso ma no, na ɔno ne me nua panin, na Ɔsɔfoɔ Abiatar
ne Seruia ba Yoab nso wɔ n'afa.
23£nna Ɔhene Salomo kaa AWURADE ntam sɛ: Onyankopɔn nyɛ me sei na ɔnkɔ so saa, sɛ
Adoniya asɛm a waka yi nti wɔakum no a.
24 Na afei, sɛ AWURADE a wama matim, na ɔde me atena m'agya Dawid adwa soɔ, na
wakyekyere fie ama me sɛdeɛ ɔkaeɛ no te aseɛ yi, ɛnnɛ ara wɔbɛkum Adoniya.
25 Na Ɔhene Salomo somaa Yoiada ba Benaia maa no kɔkumm no.
26 Na Ɔsɔfoɔ Abiatar nso, ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ Anatot, wo ara w'asase so, na
woyɛ owuo ba. Na ɛnnɛ yi deɛ, merenku wo, ɛfiri sɛ woasoa Awurade NYANKOPƆN adaka
no m'agya Dawid anim, na wohunuu amane nso wɔ deɛ m'agya hunuu mu amaneɛ nyinaa mu.
27Saa na Salomo tuu Abiatar sɛ ɔnnni AWURADE sɔfoɔ bio, na ɔnam yei so maa AWURADE
asɛm a ɔkaa Eli fie ho wɔ Silo no baa mu.
28 Na asɛm no duruu Yoab nkyɛn; na Yoab adane akɔdi Adoniya akyi, na Absalom akyiri
deɛ, wannane ankɔdi; na Yoab dwane kɔɔ AWURADE ntomadan mu kɔsɔɔ afɔrebukyia mmɛn
no mu.
29 Na wɔbɛka kyerɛɛ Ɔhene Salomo sɛ: Yoab adwane kɔ AWURADE ntomadan mu, na hwɛ,
wakɔsɔ afɔrebukyia no ho mmɛn no mu. Na Salomo somaa Yoiada ba Benaia sɛ: Kɔku no.
30 Na Benaia kɔɔ AWURADE ntomadan no mu kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Firi
adi! Na ɔse: Dabi, na ɛha na mɛwuo. Na Benaia sane bɛka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛdeɛ Yoab
aka nie, na sɛdeɛ wabua me nie. 31 Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no, na
kɔku no, na sie no, na yi mogya a Yoab ahwie agu kwa no ho afodie firi me ne m'agya
fie so.
32 Na AWURADE mma ne mogya mmua n'atifi, sɛ ɔkumm mmarima baanu a wɔtene a wɔyɛ
sene no, na ɔde nkrantɛ dii wɔn awuo: Ner ba Abner, Israel sahene ne Yeter ba
Amasa, Yuda sahene no berɛ a m'agya Dawid nnim ho bie.
33 Na wɔn mogya nsane mmɛbua Yoab atifi ne n'asefoɔ, atifi nkɔsi daa, na Dawid ne
n'asefoɔ ne ne fie ne n'adwa nnya AWURADE nkyɛn asomdwoeɛ daa. 34 Na Yoiada ba
Benaia foro kɔkumm no; na wɔsiee no ne fie wɔ ɛserɛ so.
35 Na ɔhene de Yoiada ba Benaia sii n'ananmu dii ɛdɔm no so, na Ɔsɔfoɔ Sadok nso,
ɔhene de no sii Abiatar ananmu.
36 Na ɔhene soma maa wɔkɔhyiaa Simei bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Si dan wɔ Yerusalem
fa, na tena hɔ, na mfiri hɔ nkɔ baabiara,
37 na da a wobɛfiri adie akɔtwa Kidron subonhwa no, hunu sɛ, wuo na wobɛwuo, na wo
mogya bɛbua w'atifi.
38 Na Simei ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɛyɛ; sɛdeɛ me wura ɔhene aka no, saa ara na w'akoa
bɛyɛ. Na Simei tenaa Yerusalem nna pii.
39 Na mfeɛ mmiɛnsa akyiri no, Simei nkoa baanu dwane kɔɔ Gathene Maaka ba Akis
nkyɛn. Na wɔbɛka kyerɛɛ Simei sɛ: Hwɛ, wo nkoa no wɔ Gat.
40 Na Simei sɔre hyehyɛɛ n'afunumupɔnkɔ, na ɔsii mu kɔɔ Gat, Akis nkyɛn sɛ
ɔrekɔhwehwɛ ne nkoa no; na Simei kɔ kɔfaa ne nkoa no firii Gat bae.
41 Na wɔbɛka kyerɛɛ Salomo sɛ: Simei afiri Yerusalem akɔ Gat, na wasane aba.
42 Na ɔhene soma maa wɔkɔfaa Simei bae sɛ: Manka wo AWURADE ntam manni wo adanseɛ
sɛ da a wobɛfiri adi akɔ baabiara no, hunu sɛ wuo na wobɛwuo? Na woka kyerɛɛ me sɛ:
Ɛyɛ, mate.
43 Adɛn nti na woanni AWURADE ntam ne mmara a mehyɛɛ woɔ no soɔ?
44 Na ɔhene ka kyerɛɛ Simei sɛ: Wo ara wonim, w'akomam, bɔne a wode yɛɛ m'agya
Dawid no nyinaa, na AWURADE adane wo bɔne no agu w'atifi.
45 Na nhyira bɛka Ɔhene Salomo, na Dawid adwa bɛtim AWURADE anim akɔsi daa.
46 Na ɔhene hyɛɛ Yoiada ba Benaia, na ɔfirii adi kɔkum no.
Na ahennie no tim Salomo nsam.
X-X-X
Ahemfo I 3

Salomo awadeɛ
3
Na Salomo ne Misraimhene Farao yɛɛ awareɛ apam. Na ɔfaa Farao babaa waree, de no
baa Dawid kuro mu kɔsii sɛ ɔwiee ne dan ne AWURADE dan ne Yerusalem ho fasuo no
toɔ.
2Na ɔman no da so bɔ afɔdeɛ sorɔnsorɔmmea ara, ɛfiri sɛ na wɔnsii dan biara mmaa
AWURADE din.
3Na Salomo nam n'agya Dawid ahyɛdeɛ no mu dɔ AWURADE, nanso ɔbɔ afɔdeɛ na ɔhye
aduhwam sorɔnsorɔmmea no so.
4Na ɔhene kɔɔ Gibeon sɛ ɔrekɔbɔ afɔdeɛ wɔ hɔ, ɛfiri sɛ na ɛno ne sorɔnsorɔnbea
kɛseɛ. Ɔhyeɛ afɔdeɛ apem na Salomo bɔɔ no afɔrebukyia no soɔ.
Salomo mpaebɔ
5Na AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo anadwo daeɛ mu wɔ Gibeon, na Onyankopɔn kaa
sɛ: Srɛ deɛ menyɛ mma woɔ.
6Na Salomo se: Wo na woyɛɛ w'akoa m'agya Dawid adɔeɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ ɔnantee w'anim
nokorɛ ne tenenee mu, ne wo ho akoma mu teeyɛ mu, na wode adɔeɛ kɛseɛ yi asie ama
no, na woama no ɔba a ɔte n'adwa soɔ, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.
7Na afei, ao AWURADE me Nyankopɔn, wo na woasi w'akoa ɔhene asi m'agya Dawid
ananmu, na me deɛ, meyɛ abɔfra ketewa, mennim adifire ne emuba.
8Na w'akoa wɔ wo man a woayi wɔn, ɔman kɛseɛ a wɔn dodoɔ nti wɔntumi nkan wɔn mmu
wɔn ano no mu.
9Enti ma w'akoa nteaseɛ adwene na memfa memmu wo man atɛn, na menhunu papa ne bɔne
mu, na hwan na ɔbɛtumi abu wo man kɛseɛ yi atɛn?
10 Na ɛsɔɔ AWURADE ani, sɛ Salomo abisa asɛm yi.
11 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛsiane sɛ wobisaa asɛm yi, na woammisa nna dodoɔ
amfa, na woammisa ahonyadeɛ amfa, nso woammisa w'atamfo kra, na mmom wobisa
nhunumu, a wode bɛtie atemmuo yi,
12hwɛ, mayɛ sɛdeɛ w'asɛm no seɛ. Hwɛ, mama wo nyansa ne nhunumu adwene a obiara a
ɔdii w'anim nte sɛ woɔ, na w'akyiri nso, obiara rensɔre a ɔsɛ woɔ.
13Afei deɛ wommisaeɛ no mama wo, ahonya ne animuonyam a ahemfo mu biara rento woɔ
wo nna nyinaa.
14 Na sɛ wonante m'akwan mu na wodi m'ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm so sɛdeɛ w'agya
Dawid nanteeɛ a, mɛma wo nna aware.
15 Na Salomo nyanee, na hwɛ, ɛyɛ daeɛ. Na ɔbaa Yerusalem, na ɔbɛgyinaa AWURADE apam
adaka no anim, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ, na ɔtoo ne nkoa nyinaa
pono.
Salomo atemmuo bi
16Ɛberɛ no mu no, mmaa nnwamamfoɔ mmienu bi baa ɔhene nkyɛn bɛgyinaa n'anim.
17Na ɔbaa baako kaa sɛ: Me wura, mepa wo kyɛw, me ne ɔbaa yi te fie koro mu, na
mewoo ba wɔ ne nkyɛn efie hɔ.
18 Na ɛbaa sɛ mewoeɛ akyiri nnansa no, ɔbaa yi nso woe, na yɛwɔ faako ara, ɔhɔhoɔ
bi nka yɛn ho efie hɔ gye yɛn mmienu pɛ na yɛwɔ efie no mu.
19 Na ɔbaa yi ba no wuu anadwo, ɛfiri sɛ ɔdaa ne so.
20 Na ɔsɔree ɔdasuo mu bɛfaa me ba no wɔ me nkyɛn, nso na w'afenaa ada, na ɔde no
too ne kokom, na ɔde ne ba a wawuo no bɛtoo me kokom.
21 Na mesɔree anɔpa sɛ merema me ba nufoɔ no, na hwɛ, wawu. Na mehwehwɛɛ ne ho
anɔpa no, na hwɛ, ɛnyɛ me ba a mewoo no a.
22 Na ɔbaa baako no se: Dabi, na me ba ne ɔteasefoɔ no, na wo ba ne owufoɔ no. Na
oyi se: Dabi, na wo ba ne owufoɔ no, na me ba ne ɔteasefoɔ no. Na wɔkasakasaa ɔhene
anim hɔ.
23 Ɛnna ɔhene kaa sɛ: Oyi se: Me ba ne ɔteasefoɔ no, na wo ba ne owufoɔ
no; na oyi se: Dabi, na wo ba ne owufoɔ no, na me ba ne ɔteasefoɔ no.
24 Na ɔhene kaa sɛ: Mommrɛ me nkrantɛ. Na wɔde nkrantɛ baa ɔhene anim.
25 Na ɔhene kaa sɛ: Monkyɛ abɔfra a ɔte aseɛ no mu mmienu, na momfa ɔfa mma ɔbaako,
na momfa ɔfa mma ɔbaako.
26Ɛnna ɔbaa a ne ba ne ɔteasefoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Me wura, mepa wo kyɛw,
momfa akwadaa teasefoɔ no mma no, na kum deɛ, monnku no! Ɔkaa saa, ɛfiri sɛ na ne
yam hyehye no ne ba no ho. Ɔbaako no nso kaa sɛ: Mma no nnyɛ me deɛ, nso ɔnnyɛ wo
deɛ, monkyɛ mu!
27 Ɛnna ɔhene buaa sɛ: Momfa akwadaa teasefoɔ no mma ɔbaa a ɔdi kan no, na kum deɛ
wɔnnku no, ɔne ne na.
28 Na Israel nyinaa tee atɛn a ɔhene buiɛ no, wɔsuroo ɔhene anim, ɛfiri sɛ wɔhunuu
sɛ, Nyankopɔn nyansa wɔ ne mu a ɔde bu atɛn.
X-X-X
Ahemfo I 4

Salomo mpanimfoɔ
4
Na Ɔhene Salomo di Israel nyinaa so hene. 2Na yeinom ne ne mmapɔmma: Sadok ba
Ɔsɔfoɔ Asaria;
3 Sisa mma Elihoref na Ahia ne atwerɛfoɔ; Ahilud ba Yosafat ne ɔsɛnkaefoɔ;
4Yoiada ba Benaia di asraadɔm no so, na Sadok ne Abiatar di asɔfoɔ;
5Natan ba Asaria di toɔ sohwɛfoɔ so, na Natan ba Sabud yɛ ɔsɔfoɔ ne ɔhene adamfo;
6na Ahisar di ahemfie so, na Abda ba Adoniram di wɔn a wɔhyɛ wɔn ma wɔyɛ adwuma so.
7Na Salomo wɔ toɔ sohwɛfoɔ dummienu Israel nyinaa so a wɔhwɛ ɔhene ne ne fie aduane
soɔ; afirinhyia mu bosome baako wɔn mu biara ma aduane.
8Wɔn din nie: Hur ba wɔ Efraim bepɔ so;
9Deker ba wɔ Makas ne Saalbim ne Bat-semes ne Elon-Bet-anan;
10Hesed ba wɔ Arubot, (ne deɛ ne Soko ne Hefer asase nyinaa);11 Abinadab ba wɔ
Nafat-dor nyinaa. (Ɔwaree Salomo babaa Tafat).
12Ahilud ba Baana wɔ Taanak ne Megido ne Bet-sean a ɛwɔ Saretan nkyɛn mu nyinaa
Yesreel ase, de firi Bet-sean kɔduru Abel-mehola, de kɔ Yokmeam akyi;
13 Geber ba wɔ Ramot-gilead, (ne deɛ ne Manase ba Yair atenaeɛ a ɛwɔ Gilead no, ne
deɛ nso ne Argob asase a ɛwɔ Basan, nkuro akɛseɛ aduosia a ɛho wɔ afasuo ne kɔbere
mfrafraeɛ adaban);
14 Ido ba Abinadab wɔ Mahanaim;
15Ahimaas wɔ Naftali; (ɔno nso faa Salomo ba Basmat wareɛ); 16Husai ba Baana wɔ
Aser ne Alot; 17Parua ba Yehosafat wɔ Isakar;
18 Ela ba Simei wɔ Benyamin;
19 Uri ba Geber wɔ Gilead asase so, Amorifoɔ hene Sihon ne Basanhene Og asase so,
na toɔ sohwɛfoɔ baako na ɔwɔ Yuda asase no soɔ.
20Yuda ne Israel dɔɔso sɛ mpoano anwea dodoɔ, wɔdidi na wɔnom, na wɔn ani gye.
Salomo tumi
21 Na Salomo dii aman yi so firi Asubɔntene Eufrate ano kɔsi Filistifoɔ asase so ne
Misraim hyeɛ so. Wɔde apeatoɔ ba na wɔsomm Salomo ne nkwa nna nyinaa.
22 Na Salomo da koro aduane yɛ esiam pa susukoraa aduasa ne ayuosiam susukoraa
aduosia;
23anantwie a wɔadorɔ du ne adidibea anantwie aduonu ne nnwan ɔha, ɛsono aforoteɛ ne
nnowa ne awansane ne nnomaa a wɔadorɔ.
24 Na ɔdi asubɔnten no atɔeɛ ahemfo a wɔwɔ asubɔnten no fa ha nyinaa so tumi firi
Tifsa bɛduru Gasa, na ɔnyaa asomdwoeɛ n'ahyeɛ nyinaa so hyiae.
25 Na Yuda ne Israel tenaa ase dwoodwoo wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase mmaako mmaako
firi Dan kɔsi Beer-seba, Salomo nna nyinaa.
26 Na Salomo wɔ apɔnkɔdan mpem aduanan ma ne nteaseɛnam, ne apɔnkɔsotefoɔ mpem
dummienu.
27Na
ɛtoɔ sohwɛfoɔ no hwɛɛ aduane so maa Ɔhene Salomo ne wɔn a wɔbaa Ɔhene Salomo pono
ho nyinaa, obiara wɔ ne bosome mu; wɔmma hwee nka.
28 Na atokoɔ ne ɛserɛ a wɔde ma apɔnkɔ ne apɔnkɔ ahoɔharefoɔ nso, wɔde baa faako a
wɔwɔ hɔ, wɔn nyinaa sɛdeɛ wɔahyehyɛ ama wɔn no.
Salomo nyansa
29 Na Onyankopɔn maa Salomo nyansa ne nhunumu bebree pa ne adwene a emu trɛ sɛ
mpoano anwea.
30 Na Salomo nyansa dɔɔso sene apueeɛ mma nyinaa nyansa ne Misraim nyansa nyinaa.
31 Na ɔnim nyansa sene nnipa nyinaa, ɔsene Esrahini Etan ne Heman ne Kalkol ne
Darda a wɔyɛ Mahel mma no, na ne din hyetae wɔ amanaman nyinaa mu.
32 Na ɔbubuu mmɛ mpensa, na ne nnwom yɛ apem ne nnum.
33 Na ɔkasaa nnua ho firi tweneduro a ɛwɔ Lebanon so kɔsii adwera a ɛfifiri ɔfasuo
mu so, na ɔkaa mmoa ne nnomaa ne wɔn a wɔwea ne mpataa ho asɛm.
34 Na amanaman nyinaa mu bi baa sɛ wɔrebɛtie Salomo nyansa, wɔfirii asase so ahemfo
a wɔtee ne nyansa no nyinaa nkyɛn bae.
X-X-X
Ahemfo I 5

Asɔrefie sie ho ahoboaboa


5
Na Tirohene Hiram somaa ne nkoa
maa wɔbaa Salomo nkyɛn, ɛberɛ a ɔtee sɛ wɔasra no ngo asi no hene n'agya ananmu;
ɛfiri sɛ Hiram dɔɔ Dawid daa.
2Na Salomo soma maa wɔkɔɔ Hiram nkyɛn sɛ:
3 Wo ara wonim m'agya Dawid sɛ ɛdɔm a ɛtwaa ne ho hyiaeɛ nti, wantumi ansi ɛdan
amma AWURADE ne Nyankopɔn din de kɔsii sɛ AWURADE de wɔn hyɛɛ ne nan aseɛ.
4Na afei AWURADE me Nyankopɔn ama me ɔhome afa nyinaa; ɔtamfoɔ biara nni hɔ, na
asiane biara nni hɔ.
5Na hwɛ, mese merebɛsi ɛdan mama AWURADE me Nyankopɔn din, sɛdeɛ
AWURADE ka kyerɛɛ m'agya Dawid no sɛ: Wo ba a mede no bɛsi w'ananmu atena w'adwa
soɔ no, ɔno na ɔbɛsi ɛdan ama me din.
6Na afei hyɛ na wɔmmu ntweneduro mfiri Lebanon mma me, na me nkoa bɛba abɛka wo
nkoa ho, na mede wo nkoa apaadeɛ bɛma wo, sɛdeɛ wobɛka nyinaa; na wo ara wonim sɛ
obi nni yɛn mu a ɔnim nnuabuo sɛ Sidonfoɔ.
7Na Hiram tee Salomo nsɛm no, n'ani gyee sɛ, na ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE nnɛ, sɛ
wama Dawid ɔba nyansafoɔ de no asi ɔman kɛseɛ yi soɔ.
8Na Hiram soma maa wɔbaa Salomo nkyɛn sɛ: Mate deɛ enti wosoma maa wɔbaa me nkyɛn
no; me deɛ, mɛyɛ deɛ wopɛ nyinaa ntweneduro nnua ne papea nnua fam.
9Me nkoa de bɛfiri Lebanon asiane aba mpoano, na makyekyere no ntɛneani ɛpo so
mabɛduru deɛ wobɛma wɔaka akyerɛ me no, na masanesane no hɔ, na wo nso woama
wɔabɛfa akɔ. Na wo nso yɛ deɛ mepɛ ma me, sɛ wobɛma me fie aduane.
10 Ɛnna Hiram maa Salomo ntweneduro ne papea nnua sɛdeɛ ɔpɛ nyinaa.
11 Na Salomo maa Hiram ayuo susukoraa mpem du, sɛ ne fie aduane, ne ngo kronkron
susukoraa ɔpeduonu; saa na Salomo maa Hiram afe biara.
12 Na AWURADE maa Salomo nyansa sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no; na ɔmannwoeɛ daa Hiram ne
Salomo ntam, na wɔn baanu pamee.

13 Na Ɔhene Salomo gyee Israel nyinaa hɔ adwumatoɔ, na ɛtoɔ no yɛ nnipa mpem


aduasa.
14 Na ɔsomaa wɔn Lebanon, nnipa mpem du bosome biara maa wɔdii no nnyegyeɛ, wɔdi
bosome Lebanon, na wɔdi abosome mmienu efie; na Adoniram na na ɔdi toɔ adwuma no
soɔ.
15 Na Salomo wɔ nnesoasoafoɔ mpem aduɔson ne nnuatwafoɔ mpem aduɔwɔtwe bepɔ no so,
16ɛsono Salomo ahwɛfoɔ mpemsa a wɔdi adwumafoɔ no soɔ.
17 Na ɔhene hyɛ maa wɔpaee aboɔ akɛseɛ, aboɔ a ne boɔ yɛ den aboɔ a wɔasensene sɛ
wɔde bɛto ɛdan no fapem.
18 Na Salomo abantofoɔ ne Hiram abantofoɔ ne Gebalfoɔ no sensenee, na wɔsiesiee nua
ne aboɔ sɛ wɔde bɛsi ɛdan no.
X-X-X
Ahemfo I 6

Asɔrefie no sie
6
Na Israelfoɔ firi Misraim asase so baeɛ no akyi, afe a ɛtɔ so ahanan aduɔwɔtwe so,
Salomo dii Israel so hene afe a ɛtɔ so nnan mu bosome Siw a ɛne bosome a ɛtɔ so
mmienu [a ɛte sɛ Kɔtɔnimma] no soɔ no, ɔfitii aseɛ sii AWURADE dan no.
2Na ɛdan a Ɔhene Salomo si maa AWURADE no, basafa aduosia ne ne ntwemu, na basafa
aduonu ne ne tɛtrɛtɛ, na basafa aduasa ne ne korɔn.
3Na ntwonoo a ɛwɔ asɔrefie dan no anim no, basafa aduonu ne ne ntwemu, sɛdeɛ ɛdan
no trɛ no teɛ no, basafa du ne ne trɛ ɛdan no anim.
4Na ɔyɛɛ ɛdan no ho mpomma a emu aniahunuankansa tintim mu.
5Na ɔtotoo ɛdan no fasuo ho ban de twaa ho hyiae, na asɔredan no ara ne mpiakyire
no ho, na ɔyɛɛ no mpia mpia hyiae:
6 Aseɛ pa ara pia yɛ basafa nnum ne ne tɛtrɛtɛ; na mfimfini deɛ yɛ basafa nsia, na
deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no yɛ basafa nson; na ɔyɛɛ ɛdan no akyi mmamma hyiae, na mpuna
no anhyɛne ɛdan no afasuo mu.
7 Na wɔresi ɛdan no, wɔde aboɔ amuamu a wɔasiesie firi abotubea na ɛsiiɛ. Na
wɔresie no, wɔante asaeɛ anaa pɛeɛ anaa dwinnadeɛ biara nka ɛdan no ho.
8 Aseɛ pia no pono wɔ ɛdan no anafoɔ fam, na wɔforo ntwedeɛ nkyinkyimiiɛ kɔ
mfimfini deɛ no mu, na wɔfiri mfimfini deɛ no mu kɔ deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no mu.
9 Na ɔsii ɛdan no wieeɛ no, ɔde tweneduro mpuna ne ntaaboɔ kataa ɛdan no so.
10 Na ɔsisii nsamsoɔ twaa ɛdan no ho nyinaa hyiae, basafa nnum ne ne korɔn, na wɔde
tweneduro mpuna guu ɛdan no so.
11 Na AWURADE asɛm baa Salomo nkyɛn sɛ:
12 Ɛdan yi a woresie yi, sɛ wonante m'ahyɛdeɛ mu na woyɛ m'atemmudeɛ na wodi me
mmara nsɛm nyinaa so sɛ wobɛnante mu a, ɛnneɛ mɛma m'asɛm a meka mekyerɛɛ w'agya
Dawid no agyina ama wo.
13 Na mɛtena Israelfoɔ mu, na merennya me man Israel.
14Na Salomo sii ɛdan no wiee.
15 Na ɔde tweneduro ntaaboɔ penam ɛdan no afasuo ho wɔ mu, ɔde nnua kataa mu firi
ɛdan no fam kɔsi nsamsoɔ ani, na ɔde papea ntaaboɔ sam ɛdan no fam. 16 Na ɔde
tweneduro ntaaboɔ sii ɛdan no akyiri fam basafa aduonu, firi fam kɔpem nsamsoɔ
mpuna, na ɔsii de emu yɛɛ mpiakyire, ɛne kronkronkronbea no.
17 Na kronkronbea a ɛwɔ kronkron mu kronkron no anim no yɛ basafa aduanan.18 Na
ɛdan no mu tweneduro ntaaboɔ no anim no, wɔdii so ntoa ne nhwiren a ahanehane
adwini; ne nyinaa yɛ tweneduro, wɔanhunu ɔboɔ biara.
19 Na ɔsiesiee mpiakyire no ɛdan no mu, sɛ wɔmfa AWURADE apam adaka no nsi hɔ.
20 Na mpiakyire no mu kwan deɛ, basafa aduonu ne ne ntwemu, na basafa aduonu yɛ ne
tɛtrɛtɛ, na basafa aduonu ne ne korɔn; na ɔde sika amapa duraa mu, na ɔde tweneduro
kataa afɔdeɛ pono no ho hyiae.
21 Na Salomo de sika amapa duraa ɛdan no mu, na ɔde sika nkɔnsɔnkɔnsɔn twaa
mpiakyire no anim, na ɔduraa ho sika.
22 Na ɛdan no nyinaa, ɔde sika duraa mu kɔsii sɛ ɛhyiaa ɛdan no nyinaa mu; na
afɔdeɛ pono a ɛwɔ mpiakyire no, ɔde sika duraa ho nyinaa.
23 Na mpiakyire no mu hɔ no, ɔde ngodua yɛɛ kerubim mmienu, a basafa du ne ebiara
tentene.
24 Na kerub no ntaban baako yɛ basafa nnum, na kerub no ntaban baako no nso yɛ
basafa nnum, ɛfiri ne ntaban baako ano kɔsi ne ntaban baako ano yɛ basafa du.
25 Na kerub a ɔtɔ so mmienu no nso yɛ basafa du; kerubim mmienu no nyinaa tentene
pɛ, na wɔn su nso yɛ pɛ.
26Kerub baako tentene yɛ basafa du, na kerub baako no nso saa ara.
27Na ɔde kerubim no sisii akyire dan no mu, na kerubim no trɛtrɛɛ wɔn ntaban mu.
Ɔbaako ntaban ka ɔfasuo, na ɔbaako ntaban ka ɔfasuo baako no nso, na wɔn ntaban no
hyia ɛdan no mfimfini, ntaban pem ntaban anim.
28 Na ɔde sika duraa kerubim no ho.
29 Na ɔdii ɛdan no afasuo no nyinaa ho adwini hyiae, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a
ahanehane na wɔhunu wɔ pia no mu ne asa no so.
30 Na ɛdan no fam nso, ɔde sika duraa hɔ, pia no mu ne asa no so.
31 Na mpiakyire no ano no, ɔde ngodua yɛɛ aponta too hɔ; ɛfiri aponnwa no atifi
kɔsi ne nkyɛn mu yɛ ɔfasuo no mu abupɛn nnum mu baako;
32 na ngodua apono mmienu no, ɔdii so adwini, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a
ahanehane, na ɔde sika duraa ho, na ɔde sika kataa kerubim ne mmɛ no ho.
33Saa ara nso na ɔde ngodua yɛɛ asɔredan no ano aponnwa no, ahinanan soɔ.
34 Na ɔde papea nnua yɛɛ apono mmienu, ɛpono baako wɔ afa mmienu a ɛtumi danedane,
na ɛpono baako nso wɔ afa mmienu a ɛtumi danedane;
35 na ɔdii so adwini, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a ahanehane; na ɔde sika duraa ho,
na ɔkeka tintim nkurukyireeɛ no mu.
36 Na ɔyɛɛ emu fam abannwa no, aboɔ a wɔasensene kyerɛpɛn mmiɛnsa ne tweneduro
mpuna kyerɛpɛn baako.
37Afe a ɛtɔ so nnan bosome Siw [a ɛte se Kɔtɔnimma] mu na wɔtoo
AWURADE dan no fapem.
38 Na afe a ɛtɔ so dubaako bosome Bul a ɛne bosome a ɛtɔ so nwɔtwe [a ɛte sɛ
Obubuo] no mu na wɔwiee efie no, ɛho nnoɔma ne ne yɛbea nyinaa fam. Mfeɛ nson na
wɔde siiɛ.
X-X-X
Ahemfo I 7

Ahemfie no sie
7
Na Salomo no ara ne fie deɛ, mfeɛ dummiɛnsa ansa na ɔrewie efie no nyinaa sie.
2 Ɔsii Lebanon Kwaeɛ Dan no, basafa ɔha ne ne ntwemu, na basafa aduonum ne ne trɛ,
na basafa aduasa ne ne korɔn; ɛwɔ ntweneduro adum kyerɛpɛn nnan so, na ntweneduro
adum kyerɛpɛn nnan so, na ntweneduro mpuna gu so;
3na wɔde tweneduro samm soro, nkyɛn mu mpia a ɛwowɔ adum no soɔ no so, ɛyɛ aduanan
nnum a dunum yɛ kyerɛpɛn baako.
4Na nsamsoɔ mpuna yɛ kyerɛpɛn mmiɛnsa, na mpomma kyerɛkyerɛ mpomma anim ahodoɔ
mmiɛnsa.
5Na apono no ne aponnwa no nyinaa yɛ mpuna ahinanan, na mpomma hwehwɛ mpomma anim
ahodoɔ mmiɛnsa.
6Na ɔyɛɛ Adum Abrannaa a ne tentene yɛ basafa aduonum ne ne ntwemu yɛ basafa aduasa
ne ne trɛ; na abrannaa bi wɔ anim, na adum ne ntwedeɛ wɔ anim.
7Na ɔyɛɛ Ahennwa Abrannaa a ɛhɔ na ɔbu atɛn, atemmuo abrannaa no; na ɔde tweneduro
kataa fam nyinaa.
8Na ne dan a ɔte mu no, ɛne abannwa a ɛwɔ abrannaa no mu no yɛbea te yɛ pɛ ara. Na
ɔsii ɛdan nso maa Farao babaa a ɔwaree no no.
9Yeinom nyinaa yɛ aboɔ a ne boɔ yɛ den, wɔasusu no sɛ aboɔ a wɔasene no ahinanan,
wɔde ɛwan na ɛtwaeɛ, ɛwowɔ emu fam ne akyire fam, firi fapem so kɔpem atifi, na
ɛfiri akyire fam kɔsi abannwa kɛseɛ no so.
10 Na
fapem no yɛ aboɔ a ne boɔ yɛ den, aboɔ akɛseɛ, basafa du du aboɔ ne basafa nwɔtwe
nwɔtwe aboɔ.
11 Na ɛso a wɔtoeɛ no yɛ aboɔ a ne boɔ yɛ den, wɔasusu no sɛ aboɔ a wɔasene no
ahinanan, ɛne ntweneduro.
12 Na abannwa kɛseɛ a ɛtwa hyia no yɛ aboɔ a wɔasene kyerɛpɛn mmiɛnsa ne ntweneduro
mpuna kyerɛpɛn baako; na AWURADE fie no mu fam abannwa no ne ɛdan no abrannaa no te
saa ara.
Kɔbere adum mmienu no
13 Na Ɔhene Salomo soma maa wɔkɔfaa Hiram firii Tiro baeɛ;
14 ɔyɛ Naftali abusuakuo mu ɔbaa kunafoɔ bi ba, na n'agya yɛ Tironi a ɔyɛ kɔbere
mfrafraeɛ dwumfoɔ; na nyansa ne nhunumu ne kɔbere mfrafraeɛ adwinnie ho nimdeɛ
nyinaa ahyɛ no ma; na ɔbaa Ɔhene Salomo nkyɛn bɛdii n'adwini nyinaa maa no.
15Na ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ adum mmienu, baako tentene yɛ basafa dunwɔtwe, na homa a
ne tentene yɛ basafa dummienu twa baako ho hyia, tokuro da mu, na ɛmu pipiripie yɛ
nsateaa nan. Dum a ɛtɔ so mmienu no te sɛ ɛno ara.
16 Na ɔyɛɛ ntaasotire mmienu sɛ wɔmfa nsisi adum no atifi; ɔde kɔbere mfrafraeɛ na
ɛguiɛ. Oduntire baako korɔn yɛ basafa nnum, na baako no nso korɔn yɛ basafa nnum.
17 Atena a wɔanwono a ɛyɛ ntweaban a wɔakyinkyim, ntaasotire a ɛwɔ adum no atifi no
ho, nson wɔ oduntire baako ho, na nson nso wɔ baako no ho;
18 na ɔyɛɛ atoaa aba nsɛsoɔ kyerɛpɛn mmienu twaa atena no ho hyiae de kataa
aduntire no so; saa na ɔyɛɛ oduntire baako no nso; 19 na ntaasotire a ɛwɔ adum no
atifi no, wɔyɛɛ no sɛ sukooko nhwiren, ntwonoo no ho, basafa nnan;
20 na adum mmienu no so ntaasotire no wɔ soro nso, n'afuru a ɛwɔ atena no ho; na
atoaa aba nsɛsoɔ ahanu, kyerɛpɛn kyerɛpɛn, twitwa oduntire baako no ho hyia.
21 Na ɔmemaa adum no so sisii asɔredan no ntwonoo no ano, na odum a ɔde sii anafoɔ
no, ɔtoo no din Yakin,a na odum a ɔde sii atifi no, ɔtoo no din Boas.b
22 Na sukooko adwini wowɔ adum no atifi. Saa na ɔde wiee adum no ho adwuma no.
Asɔrefie nnoɔma
23 Na ɔyɛɛ dwaresɛn no, wɔgui, ɛfiri ano kɔpem ano yɛ basafa du, ɛyɛ kurukuruwa, na
basafa nnum ne ne korɔn, na basafa aduasa homa twa ho hyia.
24 Na ntoa wɔ ano no aseɛ twa ho hyia, edu du wɔ basafa baako mu, ɛbɔ ɛpo no ho
kɔntɔnkrɔn, kukuduuduu kyerɛpɛn mmienu, na wɔguu no ne guo ara mu.
25Ɛtaa anantwie dummienu so: Mmiɛnsa hwɛ atifi fam, na mmiɛnsa hwɛ atɔeɛ, na
mmiɛnsa hwɛ anafoɔ fam, na mmiɛnsa hwɛ apueeɛ; na ɛpo no taa wɔn so, na wɔn akyiri
nyinaa wɔ emu fam.
26 Na ne pipiripie yɛ nsayam trɛ; na wɔyɛɛ ano sɛ kuruwa ano, te sɛ sukooko nhwiren
a ahane. Ɛdi ankorɛ mpennu.
27Na ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ nsugyeɛ nnaka du, adaka no baako ntwemu yɛ basafa nnan,
na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnan, na ne korɔn yɛ basafa mmiɛnsa.
28 Na nnaka no yɛbea nie: Ɛwowɔ nhyehyɛmu ntrawantrawa na nhyehyɛmu no hyehyɛ
n'adwa ntam;
29 na agyata, anantwie ne kerubim wowɔ adwa no ntam nhyehyɛmu no so, na nnyinasoɔ
bi wɔ adwa no so soro. Na agyata ne anantwie no ase no wɔyɛɛ nhahamma nkyekyereeɛ a
ɛsensɛne hɔ.
30 Na nnaka no wowɔ kɔbere mfrafraeɛ ntwahonan nnan nnan ne kɔbere mfrafraeɛ nhyɛmu
dua, na ne nsisoɔ nan nnan no so wowɔ nsosɔmu nsa bi, wɔgui, dwaresɛn no ase, na
nhahamma nkyekyereɛ wowɔ nkyɛn nkyɛn.
31 Na dwaresɛn no ano wɔ adakatire hankra no mu fam a ɛho so kakra basafa baako, na
hankra no ano yɛ kurukuruwa, wɔyɛɛ no sɛ nnyinasoɔ basafa baako ne fa, na wɔdii
adwini ano ano; na ne nhyehyɛmu ntrawantrawa no yɛ ahinanan, ɛnyɛ kurukuruwa.
32 Na ntwahonan nnan no wowɔ nhyehyɛmu ntrawantrawa no ase; na ntwahonan no nsa
kurakura nnaka no mu, na ntwahonan no baako korɔn yɛ basafa baako ne fa;
33 na ntwahonan no yɛbea te sɛ teaseɛnam deɛ, ɛho nsa ne ne hankra ne ne mpadeɛ ne
ne berɛmo nyinaa nso, wɔgui. 34 Na nsosɔmu nsa nnan wowɔ nnaka no ahinanan no ho,
nnaka no mu ara na nsa no fifire.
35 Na nnaka no tiri no, wɔyeyɛɛ no nkurukuruwa nkurukuruwa hyiae, ne korɔn yɛ
basafa fa, na nnakatire no so na ne nsa ne ne nhyehyɛmu ntrawantrawa a ɛfiri mu no
wɔ. 36 Na ɔdii ne nsa no trɛ ne ne nhyehyɛmu ntrawantrawa no so adwini: Kerubim ne
agyata ne mmɛ, sɛdeɛ ntam nnedahɔ teteɛ no, na nhahamma nkyekyereɛ twa ho hyia.
37Saa na ɔyɛɛ nnaka du no, ne nyinaa yɛ gubea, nsusuiɛ ne suban korɔ.
38 Ɛnna ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ dwaresɛn du, dwaresɛn baako di ankorɛ aduanan. Basafa
nnan ne dwaresɛn no baako mu trɛ; nnaka du no nyinaa, dwaresɛn no sisi so mmaako
mmaako. 39 Na ɔde nnaka no nnum sisii ɛdan no anafoɔ fam, na ɔde nnum sisii atifi
fam; na ɛpo no deɛ, ɔde sii ɛdan no anafoɔ fam, apueeɛ a ɛkyerɛ anafoɔ fam no.
40 Na Hiram yɛɛ nnwaresɛn no, sesa adeɛ ne nkoraa. Na Hiram wiee adwuma a ɔyɛ maa
Ɔhene Salomo, AWURADE fie ho no nyinaa yɛ,
41 adum mmienu no ne adum no atifi ntaasotire no apɔ mmienu no, ne atena mmienu a
wɔde kataa adum no, atifi ntaasotire apɔ mmienu no ho no,
42 na atena mmienu no ho atoaa aba nsɛsoɔ ahanan no, atoaa aba nsɛsoɔ kyerɛpɛn
mmienu yɛ atena baako deɛ, sɛ ɛnkata ntaasotire apɔ mmienu a ɛwowɔ adum no soɔ no
ho,
43 ne nsugyeɛ nnaka du no so nnwaresɛn du no,
44 ne ɛpo baako, ne ɛpo no ase anantwie dummienu no;
45 ne nsenaa ne sesa adeɛ ne nkoraa no.
Na nnoɔma a Hiram yɛ maa Ɔhene Salomo de maa AWURADE fie no nyinaa yɛ kɔbere
mfrafraeɛ a wɔapɔ ho.
46 Na ɔhene de kɔɔ Yordan ho asase so dɔteɛ mu wɔ Sukot ne Saretan ntam.
47Na Salomo gyaee nnoɔma no nyinaa karie, ne dɔ a ɛdɔɔso nti; wɔanhunu kɔbere
mfrafraeɛ no mu duro.
48 Na Salomo yɛɛ AWURADE fie nnoɔma no nyinaa, sika afɔrebukyia ne ɛpono a kyerɛ
paanoo sisi soɔ no sika,
49 ne nkaneadua no, nnum wɔ nifa na nnum wɔ benkum, mpiakyire no anim no yɛ sika
amapa, na ɛho nhwiren ne nkanea ne adaban no yɛ sika;
50 ne nyowa ne adumgya ne nkoraa ne nyowaa ne nsramma kukuwa no yɛ sika ara nko; na
ɛdan no mu fam kronkronkronbea hɔ apono ne asɔredan apono no mpɛɛwa nso yɛ sika.
51 Na wɔwiee adwuma a Ɔhene Salomo yɛɛ no AWURADE fie ho no nyinaa. Na Salomo de
n'agya Dawid akronkronneɛ, dwetɛ ne sika ne nnoɔma nnoɔma no, baa mu de bɛsiee
AWURADE fie akoradeɛ mu.

X-X-X
Ahemfo I 8

Asɔrefie no dwira
8
Ɛno na Salomo hyiahyiaa Israel mpanimfoɔ ne mmusuakuo mu atitire, Israel mma
agyanom
mmapɔmma nyinaa baa Ɔhene Salomo nkyɛn wɔ Yerusalem, sɛ wɔrekɔ akɔfa AWURADE apam
adaka no afiri Dawid kuro Sion mu aba.
2Na Israel mmarima nyinaa bɛhyiaa Ɔhene Salomo nkyɛn bosome Etanim a ɛyɛ bosome a
ɛtɔ so nson [a ɛte sɛ Ahinime] no mu nnapɔnna no mu.
3Na Israel mpanimfoɔ nyinaa bae, na asɔfoɔ no bɛsoaa adaka no.
4Na wɔde AWURADE adaka no ne ahyiaeɛ ntomadan no ne kronkronbea nnoɔma a ɛwɔ
ntomadan no mu no nyinaa bae, asɔfoɔ ne Lewifoɔ no na wɔde foro baeɛ.
5Na Ɔhene Salomo ne Israel asafo a wɔabɛhyia ne nkyɛn no nyinaa ne no dii adaka no
anim kunkumm nnwan ne anantwie a wɔn dodoɔ nti wɔntumi nkan mmu ano bɔɔ afɔdeɛ.
6Na asɔfoɔ no de AWURADE apam adaka no bɛsii n'afa, ɛdan no mpiakyire a ɛne
kronkronkronbea no mu, kerubim no ntaban ase.
7Na kerubim no atrɛtrɛ wɔn ntaban mu, adaka no afa no so, na kerubim no kataa adaka
no ne ɛho nnua no so.
8Na nnua no woware maa wɔhunuu nnua no ti kronkronbea hɔ wɔ mpiakyire no anim; na
wɔnhu no adihɔ, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ.
9Biribiara nni adaka no mu, gye aboɔ apono mmienu a Mose de guu mu Horeb, berɛ a
wɔfiri Misraim asase so reba a AWURADE ne Israelfoɔ pameeɛ no.
10 Na asɔfoɔ no firii kronkronbea hɔ firii adie no, mununkum bɛhyɛɛ AWURADE dan no
ma.
11 Na mununkum no nti amma asɔfoɔ no antumi annyina ansom, ɛfiri sɛ na AWURADE
animuonyam ahyɛ AWURADE dan no ma.
12 Ɛno na Salomo kaa sɛ: AWURADE de owia asi soro,
nanso ɔbɛtena esum kabii
mu.
13 Sie na masi ɛdan mayɛ no
tenabea mama woɔ,
baabi a wobɛtena hɔ daa.
14 Na ɔhene danee n'ani, na ɔhyiraa Israel asafo no nyinaa, na Israel asafo no
nyinaa gyinagyina hɔ.
15 Na ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE, Israel Nyankopɔn a ɔde n'ano kasa kyerɛɛ m'agya
Dawid, na ɔde ne nsa ama no aba mu sɛ:
16 Ɛfiri da a mekɔyii me man Israel firii Misraim baeɛ no, manyi Israel mmusuakuo
nyinaa mu kuro bi sɛ wɔnsi ɛdan, na me din ntena hɔ; na mafa Dawid sɛ ɔnni me man
Israel so.
17Na ɛwɔ m'agya Dawid akoma mu sɛ anka ɔbɛsi ɛdan ama AWURADE Israel Nyankopɔn
din.18 Na AWURADE ka kyerɛɛ m'agya Dawid sɛ: Sɛ ɛwɔ w'akoma mu sɛ anka wobɛsi ɛdan
ama me din yi, woayɛ no yie deɛ,
19 nanso ɛnyɛ wo na wobɛsi ɛdan no, na mmom wo ba a ɔfiri w'asene mu, ɔno na ɔbɛsi
ɛdan ama me din.
20 Na AWURADE ama n'asɛm a ɔkaeɛ no atim, na masɔre masi m'agya Dawid ananmu, atena
Israel ahennwa so, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no, na masi ɛdan no mama AWURADE, Israel
Nyankopɔn din,
21 na mayɛ hɔ afa bi mama adaka a apam a AWURADE de yɛn agyanom firi Misraim asase
so reba no, ɔne wɔn pameeɛ no wɔ mu no.
22 Na Salomo gyinaa AWURADE afɔrebukyia anim, Israel asafo nyinaa anim, na ɔtrɛɛ ne
nsam kɔɔ soro
23kaa sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn bi nni ɔsoro a ɛwɔ atifi ne asase
so ɛfam, sɛ wo a wokora apam ne adɔeɛ ma wo nkoa a wɔde wɔn akoma nyinaa nante
w'anim no.
24 Wo na woakora deɛ woka kyerɛɛ w'akoa m'agya Dawid no ama no; wode w'ano na
ɛkaeɛ, na wode wo nsa ama no aba mu, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.
25 Na afei, AWURADE, Israel Nyankopɔn, kora deɛ woaka akyerɛ w'akoa m'agya Dawid so
no ma no, sɛdeɛ wokaa sɛ: Wɔremma onipa a ɔbɛtena Israel ahennwa soɔ
mmmɔ no wo m'anim, hwɛ nko na wo mma nhwɛ wɔn kwan, sɛ wɔbɛnante m'anim sɛdeɛ
wonantee m'anim no.
26 Na afei, Israel Nyankopɔn, ma wo nsɛm a woka kyerɛɛ w'akoa m'agya Dawid no ntim
ɛ!
27 Na ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi
nkora wo, na nkantom ɛdan yi a masie yi!
28Nanso dane w'ani kyerɛ w'akoa mpaebɔ ne ne nkotosrɛ, AWURADE me Nyankopɔn, na tie
nteamu ne mpaeɛ a w'akoa rebɔ no w'anim nnɛ yi,
29 sɛ wobɛbue w'ani akyerɛ ɛdan yi anadwo ne awia, sɛdeɛ wokaa sɛ: Me din bɛtena hɔ
no, na woatie mpaeɛ a w'akoa rebɔ kyerɛ ha yi.
30 Na tie w'akoa ne wo man Israel nkotosrɛ a wɔde rebɔ mpaeɛ ha yi, na wo deɛ, tie
no wo tenabea ɔsoro, na wote a, fa kyɛ!
31 Sɛ obi yɛ ne yɔnko bɔne na wɔde ntam gye no sɛ ɔnka, na ntam no ba w'afɔrebukyia
anim efie yi mu a,
32 ɛnneɛ wo ara tie wɔ ɔsoro, na yɛ, na bu wo nkoa atɛn, sɛ wobɛbu ɔbɔnefoɔ fɔ ama
ne kwan abua n'atifi, na woabu ɔteneneeni bem ama no sɛdeɛ ne tenenee teɛ.
33 sɛ wɔka wo man Israel gu wɔn atamfoɔ anim, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na wɔsane ba wo
nkyɛn bɛbɔ wo din, na wɔbɔ wo mpaeɛ na wɔkoto srɛ wo efie yi mu a,
34ɛnneɛ Wo ara tie wɔ ɔsoro, na fa wo man Israel bɔne kyɛ, na sane wɔn bra asase a
wode maa wɔn agyanom no so.
35 sɛ wɔto ɔsoro mu na osuo ntɔ, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na wɔbɛbɔ mpaeɛ kyerɛ wɔ ha
yi na wɔbɔ wo din, na wɔsane firi wɔn bɔne no ho, sɛ wɔabrɛ wɔn ase nti a,
36 ɛnneɛ wo ara tie wɔ ɔsoro, na fa wo nkoa ne wo man Israel bɔne kyɛ, na kyerɛ wɔn
ɔkwan pa a wɔmfa soɔ, na ma osuo ntɔ ngu w'asase a wode maa wo man sɛ agyapadeɛ no
so.
37 Sɛ ɛkɔm ba asase yi so oo, ɔyaredɔm ba oo, ɛhoɔ, ɛpoɔ, ntutummɛ, mmɛbɛ ba oo, sɛ
wɔn atamfoɔ bɛhiahia wɔn ho wɔn kuro apono asase so oo, ɔhaw biara oo, yadeɛ biara
oo,
38 mpaebɔ biara, nkotosrɛ biara a onipa biara anaa wo man Israel nyinaa wɔ no, sɛ
obiara bɛhunu n'akoma mu yea, na ɔbɛtrɛ ne nsa mu kyerɛ efie yi a,
39 wo ara tie wɔ ɔsoro, wo tenabea hɔ na fa kyɛ, na yɛ ma onipa no sɛdeɛ n'akwan
nyinaa teɛ, sɛdeɛ wohunu n'akomam no; na wo ara wo nko na wonim nnipa mma nyinaa
akoma mu,
40 deɛ ɛbɛyɛ na wɔasuro woɔ, nna a wɔde bɛtena asase a wode maa yɛn agyanom no soɔ
no nyinaa.
41 Afei nso, ɔhɔhoɔ a ɔmfiri wo man Israel mu na wo din nti ɔfiri akyirikyiri asase
bi so aba,
42 (ɛfiri sɛ wɔbɛte wo din kɛseɛ ne wo nsa denden ne wo basa a woama so no nka), sɛ
ɔba bɛbɔ mpaeɛ kyerɛ ɛdan yi a,
43 wo ara tie wɔ ɔsoro, wo tenabea hɔ, na yɛ sɛdeɛ ɔhɔhoɔ no su frɛ woɔ no nyinaa,
deɛ ɛbɛyɛ na asase so aman nyinaa ahunu wo din na wɔasuro woɔ, sɛ wo man Israel, na
wɔahunu sɛ, wo din na wɔde frɛ ɛdan a masie yi.
44 Sɛ wo man firi adi ne wɔn atamfoɔ kɔdi ako, ɔkwan a wobɛsoma wɔn so, na wɔbɔ
AWURADE mpaeɛ kyerɛ kuro a woayie ne ɛdan a masi mama wo din yi a,
45 ɛnneɛ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ wɔ ɔsoro, na di wɔn asɛm ma wɔn.
46 Sɛ wɔyɛ wo bɔne — ɛfiri sɛ onipa biara nni hɔ a ɔnyɛ bɔne, — na wofa wɔn abufuo,
na woyi wɔn ma wɔn atamfoɔ, na ɛdɔm soa wɔn nnommum kɔ atamfoɔ asase so akyirikyiri
oo, mmɛnkyɛneeɛ oo,
47 na wɔma no ka wɔn akoma, asase a wɔafa wɔn nnommum
kɔ hɔ no so, na wɔdane wɔn ho, na wɔkoto srɛ wo wɔn nnommumfafoɔ asase no so ka sɛ:
Yɛayɛ bɔne na yɛafom, yɛadi abɔnefosɛm,
48 na wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa sane ba wo nkyɛn, wɔn atamfoɔ a wɔfaa
wɔn nnommum kɔeɛ no asase so, na wɔbɔ wo mpaeɛ kyerɛ wɔn asase a wode maa wɔn
agyanom no, kuro a woayie ne ɛdan a masi mama wo din yi a,
49 ɛnneɛ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ wɔ ɔsoro, wo tenabea hɔ, na di wɔn asɛm ma
wɔn,
50 na fa wo man bɔne a wɔayɛ woɔ ne wɔn mmarato a wɔato afom woɔ no nyinaa kyɛ wɔn,
na ma wɔnnya wɔn nnommumfafoɔ no anim mmɔborɔhunu, na wɔnhu wɔn mmɔbɔ.
51 Ɛfiri sɛ wɔyɛ wo man ne w'agyapadeɛ a woyii wɔn Misraim firii dadeɛ fononoo mu
de wɔn baeɛ no,
52 na bue w'ani ma w'akoa nkotosrɛ ne wo man Israel nkotosrɛ, na tie wɔn deɛ wɔsu
frɛ woɔ no nyinaa mu.
53 Na wo Awurade NYANKOPƆN, wo ara na woyii wɔn yɛɛ agyapadeɛ firii asase so aman
nyinaa mu, sɛdeɛ wonam w'akoa Mose so kaeɛ ɛberɛ a woyii yɛn agyanom firii Misraim
baeɛ no.
54 Na Salomo wiee mpaeɛ a ɔbɔɔ AWURADE ne nkotosrɛ yi nyinaa no, ɔsɔre firii
afɔrebukyia no anim, na ɔgyaee ne nankoroma anim kotoɔ ne ne nsam trɛ a ɔtrɛ kyerɛɛ
ɔsoro no.
55 Na ɔgyinaa hɔ de nne kɛseɛ hyiraa Israel asafo no nyinaa sɛ:
56Nhyira ne AWURADE a wama ne man Israel ahome. N'asɛmpa a ɔnam n'akoa Mose so kaeɛ
no nyinaa mu asɛm baako mpo antɔ fam.
57 AWURADE yɛn Nyankopɔn nni yɛn akyi, sɛdeɛ ɔdii yɛn agyanom akyire no, ɔnnnya
yɛn, na ɔmmpa yɛn nso.
58 Na ɔnkom yɛn akoma mmra ne so, na yɛanante n'akwan nyinaa mu, na yɛadi ne mmara
nsɛm ne n'ahyɛdeɛ ne n'atemmudeɛ a ɔhyɛɛ yɛn agyanom no so.
59 Na ma me nsɛm a mede mekoto mesrɛ AWURADE anim yi mmɛn AWURADE yɛn Nyankopɔn
awia ne anadwo, na ɔnni n'akoa asɛm ne ne man Israel asɛm mma wɔn, sɛdeɛ ɛhia da
biara,
60 na asase so aman nyinaa nhunu sɛ: AWURADE ne Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio.
61 Na momma mo akoma nni mu AWURADE yɛn Nyankopɔn anim, sɛ mobɛnante n'ahyɛdeɛ soɔ,
na moadi ne mmara nsɛm soɔ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.
62 Ɛnna ɔhene ne Israel nyinaa bɔɔ mu bɔɔ afɔdeɛ AWURADE anim.
63 Na Salomo de anantwie mpem aduonu mmienu ne nnwan mpem ha aduonu bɔɔ asomdwoeɛ
afɔdeɛ maa AWURADE. Na saa na ɔhene ne Israelfoɔ nyinaa dwiraa AWURADE fie.
64 Da no ara ɔhene yɛɛ AWURADE dan no anim abannwa no kronkron, na ɛhɔ na ɔhyee
ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no, ɛfiri sɛ kɔbere
mfrafraeɛ afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim no sua dodo sɛ wɔbɛhye ɔhyeɛ afɔdeɛ ne
aduane afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no wɔ so.
65 Na Salomo dii nnapɔnna no ɛberɛ no mu, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛseɛ,
wɔfiri deɛ wɔrekɔ Hamat de bɛsi Misraim subonhwa ano, wɔdii AWURADE yɛn Nyankopɔn
anim nnapa nnanson.
66 Da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔgyaa ɔman no kwan maa wɔkɔe; na wɔhyirahyiraa ɔhene, na
wɔde papa a AWURADE ayɛ ama n'akoa Dawid ne ne man Israel nyinaa no ho anigyeɛ ne
akoma pa sii mu kɔɔ wɔn afie mu.

X-X-X
Ahemfo I 9
Onyankopɔn yi ne ho adi bio

9
Na Salomo wiee AWURADE fie ne ahemfie no sie, ne deɛ ɔpɛɛ sɛ ɔsie nyinaa yɛ no,
2AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no ne mprenu so, sɛdeɛ ɔyii
ne ho kyerɛɛ no wɔ Gibeon no.
3Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Mate wo mpaebɔ ne wo nkotosrɛ a wɔbɛsrɛɛ no m'anim no,
na mayɛ efie a woasi yi kronkron, sɛ mede me din bɛto so akɔsi daa, na m'ani ne
m'akoma atena hɔ nna nyinaa.
4Na wo deɛ, sɛ wonante m'anim sɛdeɛ w'agya Dawid nanteeɛ no, akoma mu pɛyɛ ne tee
mu, sɛ wobɛyɛ sɛdeɛ mahyɛ woɔ nyinaa, na woadi m'ahyɛdeɛ ne m'atemmudeɛ so a,
5ɛnneɛ mɛma wo hene a wodi Israel soɔ no adwa atim akɔsi daa, sɛdeɛ mekaa no w'agya
Dawid ho sɛ: Onipa remmɔ wo, Israel ahennwa soɔ no.
6Na sɛ mo ne mo mma sane firi m'akyire, na moanni me mmara nsɛm, m'ahyɛdeɛ a mede
magu mo anim yi so, na mokɔ kɔsom anyame foforɔ na mosɔre wɔn a,
7ɛnneɛ mɛtwa Israel afiri asase a mede mama wɔn no ani, na efie a mayɛ no kronkron
ama me din no, mɛto afiri m'anim atwene, na Israel bɛdane ɛbɛ ne nkasadwaa aman
nyinaa mu.
8Na ɛdan yi, bɛyɛ dammoto na obiara a ɔtwam wɔ ho no ho bɛdwiri no, na wabɔ
kyɛkyɛ, na waka sɛ: Ɛnam ɛdeɛn so nti na AWURADE ayɛ asase yi ne efie yi sɛɛ?
9 Ɛno na wɔbɛbua sɛ: Ɛfiri sɛ wɔagya AWURADE wɔn Nyankopɔn a ɔyii wɔn agyanom firii
Misraim asase so baeɛ no, na wɔakɔsosɔ anyame foforɔ mu asɔre wɔn asom wɔn, enti na
AWURADE de bɔne yi nyinaa aba wɔn soɔ yi.
Nkuro ne ahyɛn
10 Na mfeɛ aduonu a Salomo de sisii afie mmienu, AWURADE fie ne ahemfie no, akyire
yi no,
11 nso Tirohene Hiram de ntweneduro nnua ne papea nnua ne sika, sɛdeɛ ɔpɛ, maa
Salomo. Ɔhene Salomo maa Hiram nkuro aduonu Galilea asase so.
12 Na Hiram firii Tiro bɛhwɛɛ nkuro a Salomo de maa no no, nanso ansɔ n'ani.
13 Na ɔkaa sɛ: Nkuro bɛn na wode ama me yi, me nua? Sei nti na wɔfrɛ hɔ Kabul
Asase, de bɛsi nnɛ.
14 Na Hiram soma maa wɔde sika dwetikɛseɛ ɔha aduonu brɛɛ ɔhene.
15 Na adwuma toɔ a Ɔhene Salomo gyee sɛ ɔde rebɛsi AWURADE fie, ne ɔno ara ne fie,
ne Milo, ne Yerusalem fasuo ne Hasor, Megido ne Geser no ho asɛm nie:
16 (Misraimhene Farao aforo abɛfa Geser de ogya ahye, na wakum Kanaanfoɔ a wɔte
kuro no mu no, na ɔde ama ne babaa, Salomo yere no, sɛ awaredeɛ.
17Na Salomo kyekyeree Geser) ne Bet-horon a ɛwɔ anafoɔ
18 ne Baalat ne Tamar a ɛwɔ ɛserɛ so asase no soɔ,
19 ne aduanekora nkuro a Salomo wɔ nyinaa, ne nteaseɛnam nkuro, ne apɔnkɔsotefoɔ
nkuro ne Salomo adeɛ a ɔpɛ sɛ ɔsi no Yerusalem ne Lebanon ne asase a ɔdi soɔ nyinaa
no so.
20 Nkurɔfoɔ a wɔaka wɔ Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ mu a
wɔmfiri Israelfoɔ mu no,
21 wɔn a Israel mma antumi ansɛe wɔn no mma a wɔkaa wɔn akyi, asase no soɔ no,
Salomo yɛɛ wɔn ɔhyɛ adwumayɛfoɔ de bɛduru nnɛ yi.
22 Na Israelfoɔ no mu deɛ, Salomo amfa obi anyɛ akoa, ɛfiri sɛ wɔn na wɔyɛ akofoɔ
ne ne gyaasefoɔ ne ne mmapɔmma ne ne mmarima akunini ne ne nteaseɛnam so ahwɛfoɔ ne
n'apɔnkɔsotefoɔ.
23Yeinom ne Salomo adwuma so ahwɛfoɔ mu mpanin: Ahanum aduonum a wɔdi nkurɔfoɔ a
wɔkura adwuma no mu no soɔ.
24Nso Farao babaa no firii Dawid kuro no mu baa ne dan a Salomo si maa no no mu.
Afei ɔsii Milo.
25 Na Salomo bobɔɔ afɔdeɛ afe mu mprɛnsa, ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ, wɔ
afɔrebukyia a ɔsi maa AWURADE no so, na ɔhyee aduhwam wɔ deɛ ɛsi AWURADE anim no
so. Na ɔwiee efie no koraa.
26 Na Ɔhene Salomo yɛɛ ahyɛn wɔ Esion-geber a ɛwɔ Elot ho, Ɛpo Kɔkɔɔ ano, Edom
asase so.
27Na Hiram somaa ne nkoa a wɔyɛ hyɛn mufoɔ a wɔnim ɛpo so adwuma maa wɔkaa Salomo
nkoa ho ahyɛn no mu.
28 Na wɔkɔɔ Ofir kɔgyee sika hɔ, dwetikɛseɛ ahanan aduonu, na wɔde brɛɛ Ɔhene
Salomo.
X-X-X
Ahemfo I 10

Sebahemmaa
Na Sebahemmaa tee Salomo nka a ɛfa AWURADE din ho, na ɔbaa sɛ ɔde nsɛm a emu yɛ den
rebɛsɔ no ahwɛ,
2 na ɔne ɛdɔm kɛseɛ de yoma a wɔsoso nnuhwam ne sika bebree pa ne aboɔden aboɔ baa
Yerusalem. Na ɔduruu Salomo nkyɛn no, ɔne no bɔɔ deɛ ɛwɔ n'akomam nyinaa ho nkɔmmɔ.
3Na Salomo buaa no ne nsɛm nyinaa; asɛm biara anhunta ɔhene a wantumi ammua no.
4Na Sebahemmaa no hunuu Salomo nyansa nyinaa, ne efie a wasie no,
5 ne ne pono so nnuane, ne ne nkoa atenaeɛ, ne n'asomfoɔ gyinabea ne wɔn ntadeɛ ne
ne nsahyɛfoɔ ne n'aforeɛ a ɔbɔɔ no AWURADE fie, na ne ho dwirii no.
6Na ɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Wo nneyɛɛ ne wo nyansa ho nsɛm a metee no m'asase soɔ
no yɛ nokorɛ;
7 na mannye nsɛm no anni de bɛsii sɛ mebaeɛ, na mede m'ani abɛhunu yi; na hwɛ,
wɔanka me emu fa mpo; wo nyansa ne w'ahonyadeɛ sene deɛ meteeɛ no. 8Nhyira ne wo
yerenom, nhyira ne w'asomfoɔ yi a wɔgyinagyina w'anim daa yi tie wo nyansa no.
9Nhyira nka AWURADE wo Nyankopɔn a ɔpɛ w'asɛm na ɔde wo atena Israel ahennwa soɔ.
Sɛ AWURADE dɔ Israel de rekɔsi daa nti, na wasi wo hene sɛ yɛ atemmudeɛ ne
teneneedeɛ.
10 Na ɔmaa ɔhene sikakɔkɔɔ dwetikɛseɛ ɔha aduonu ne nnuhwam bebree pa ara ne
aboɔden aboɔ; nnuhwam bebree saa bi amma bio, sɛdeɛ Sebahemmaa de maa Ɔhene Salomo
no.
11 Na Hiram ahyɛnkuo a ɛde sika firi Ofir baeɛ no de samfona nnua bebree pa ne
aboɔden aboɔ bae.
12 Na ɔhene de samfona nnua no yɛɛ AWURADE fie ne ɔhene fie aforoeɛ ne nsankuo ne
mmɛnta maa nnwontofoɔ no. Saa samfona nnua bi amma bio, na wɔanhunu saa bio de bɛsi
nnɛ.
13 Na Ɔhene Salomo maa Sebahemmaa no deɛ ɔbisaeɛ nyinaa; ɛsono deɛ ɛfiri Ɔhene
Salomo ankasa akoma mu a ɔde maa no. Na ɔsane sii mu kɔɔ n'asase so, ɔno ne
n'asomfoɔ.
Salomo ahonyadeɛ ne n'animuonyam
14 Sika a na ɛba Salomo nsam afe baako mu duro yɛ sika dwetikɛseɛ ahansia aduosia
nsia,
15 ɛsono deɛ ɛfiri adwadifoɔ hɔ ne akwantemfoɔ batadie mu, ne deɛ ɛfiri Arabia
ahemfo nyinaa ne asase no so amradofoɔ no nsam.
16 Na Salomo de sika a wɔaborɔ yɛɛ akyɛm ahanu; sika nnwetɛbena ahansia na ɔde
duraa akyɛm no mu baako biara ho;
17 na ɔde sika a wɔaborɔ yɛɛ akyɛm nkumaa ahasa; sika mmɛnaa mmiɛnsa na ɔde duraa
akyɛm no mu biara ho. Na ɔhene de kɔsii Lebanon Kwaeɛ Dan no mu.
18 Na ɔhene yɛɛ asonse ahennwa kokuroo, na ɔde sika amapa duraa ho.
19 Adwa no wɔ ntwedeɛ nsia, na akyire na nantwie tiri wɔ; na adwa no tiri a ɛwɔ
akyire yɛ kurukuruwa, na nsa wowɔ ha ne ha wɔ atenaeɛ no ho, na agyata mmienu
gyinagyina nsa no ho.
20 Na agyata dummienu gyinagyina ntwedeɛ nsia no so ha ne ha; ɛso bi nni ahennie
biara mu.
21 Na Ɔhene Salomo nkuruwa a ɔnom mu nyinaa yɛ sika, na Lebanon Kwaeɛ Dan mu nnoɔma
nyinaa yɛ sika amapa. Na dwetɛ, nni mu, ɛfiri sɛ na wɔmmu no ade titire bi wɔ
Salomo berɛ so.
22 Na ɔhene ahyɛn wɔ Tarsis ɛpo no so a ɛka Hiram hyɛn ho; mfensa mu Tarsis ahyɛn
no ba prɛko de sika ne dwetɛ, asonse ne nkontromfi ne nkokɔnini-abankwaa ba.
23 Na Ɔhene Salomo yɛɛ kɛse sene asase so ahemfo nyinaa, ahodeɛ ne nyansa fam. 24
Na asase nyinaa hwehwɛɛ Salomo anim ahunu, sɛ wɔbɛtie ne nyansa a Onyankopɔn de
ahyɛ ne tiri mu no.
25 Na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ ba mmaako mmaako, dwetɛ nnoɔma ne sika nnoɔma ne ntadeɛ ne
nkuu hwanhwam ne nnuhwam, apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ, afe biara ne ne deɛ.
26 Na Salomo boaboaa nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ano, na ɔnyaa nteaseɛnam apem ne
ahanan ne apɔnkɔsotefoɔ mpemdumienu, na ɔde wɔn duaduaa nteaseɛnam nkuro mu ne
ɔhene nkyɛn Yerusalem.
27Na ɔhene maa dwetɛ buu so sɛ aboɔ wɔ Yerusalem, na ntweneduro nso yɛɛ pii sɛ
akyee nnua a ɛwɔ asaseta soɔ no.
28 Na Salomo kra n'apɔnkɔ firi Misraim ne Kue, deɛ ɔhene adwadifoɔ asafo kɔtotɔ
apɔnkɔ kuo, sɛdeɛ wɔn boɔ teɛ, de ba.
29 Na wɔde teaseɛnam firi Misraim ba, bɛgye dwetɛ nnwetɛbena ahansia, ne ɔpɔnkɔ
nso, ɔha aduonum; na saa ara na adwadifoɔ de bi brɛ Hetifoɔ ahemfo nyinaa ne Siria
ahemfo.
X-X-X
Ahemfo I 11

Salomo yerenom ne n'abosonsom


11
Na Ɔhene Salomo dɔɔ aman foforɔ so mmaa bebree kaa
Farao babaa no ho, wɔne Moabfoɔ, Amonfoɔ, Edomfoɔ, Sidonfoɔ ne Hetifoɔ mmaa
2 a wɔfiri amanaman a AWURADE kaa wɔn ho asɛm kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Monnkɔ wɔn mu
awareɛ na wɔn nso mmma mo mu, na wɔankom mo akoma anni wɔn anyame no akyi; wɔn na
Salomo bataa wɔn ho ɔdɔ mu.
3 Na ɔwɔ yerenom, ahenemma ahanson ne mpenafoɔ nso ahasa; na ne yerenom no maa
ɔdanee n'akoma firii Onyankopɔn ho.
4Na Salomo nkɔkoraa berɛ mu no, ne yerenom danee n'akoma kɔdii anyame foforɔ akyi,
na n'akoma anni mu AWURADE ne Nyankopɔn ho sɛ n'agya Dawid akoma.
5Na Salomo kɔdii Sidonfoɔ nyamewa Astoret ne Amonfoɔ Milkom a ɛyɛ akyiwadeɛ no
akyi.
6Na Salomo yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wantumi anni AWURADE akyiri sɛ
n'agya Dawid.
7Ɛno mu na Salomo sii sorɔnsorɔmmea maa Moabfoɔ Kemos a ɛyɛ akyiwadeɛ, bepɔ a ɛwɔ
Yerusalem apueeɛ so, ne Amon mma Molek a ɛyɛ akyiwadeɛ.
8Na saa na ɔyɛ maa ne yerenom ananafoɔ ma wɔhyee aduhwam na wɔbɔɔ afɔdeɛ maa wɔn
anyame no nyinaa.
9Na AWURADE bo fuu Salomo, ɛfiri sɛ n'akoma adane afiri AWURADE, Israel Nyankopɔn a
wayi ne ho akyerɛ no mprenu
10 na wahyɛ no asɛm yi ho mmara sɛ ɔnnkɔdi anyame foforɔ akyi; nanso wanni deɛ
AWURADE hyɛɛ no no so.
11 Na AWURADE ka kyerɛɛ Salomo sɛ: Ɛsiane sɛ yei wɔ w'adwene mu, na woanni m'apam
ne m'ahyɛdeɛ a mehyɛɛ woɔ no soɔ nti, teɛ na mɛte ahennie no mafiri wo nsam, na
mede mama w'akoa.
12Nanso wo berɛ so deɛ, merenyɛ, ɛsiane w'agya Dawid nti, na wo ba nsam na mɛte
afire;
13 nanso m'akoa Dawid ne Yerusalem a mafa no nti, merente ahennie no nyinaa, na
mede abusuakuo baako bɛma wo ba.
Salomo atamfoɔ ne ne wuo
14 Na AWURADE maa ɔperedifoɔ bi, Edomni Hadad, sɔre tiaa Salomo; ɔfiri ɔhene asefoɔ
mu wɔ Edom.
15 Ɛberɛ a na Dawid wɔ Edom na ɔsahene Yoab kɔɔ sɛ ɔrekɔsie wɔn a wɔatotɔ no, ɔkumm
Edom mmarima nyinaa,
16 (na Yoab ne Israel nyinaa tenaa hɔ abosome nsia kɔsii sɛ ɔkumm Edom mmarima
nyinaa).
17Na Hadad ne Edom mmarima bi a wɔfiri n'agya nkoa mu dwane kɔɔ Misraim; saa berɛ
no na Hadad yɛ abɔfra kumaa.
18 Na wɔsɔre firii Midian, na wɔkɔduruu Paran; na wɔfaa mmarima bi wɔ Paran kaa wɔn
ho, na wɔkɔɔ Misraim, Misraimhene Farao nkyɛn; na ɔmaa no efie na ɔhyɛɛ aduane a
wɔmma no, na wɔmaa no asase nso.
19 Na Hadad nyaa Farao anim animuonyam pii, na ɔde ne yere Tapenes nua, maa no
awareɛ.
20 Na Tapenes nua woo ne babarima Genubat maa no, na Tapenes twaa no nufoɔ Farao
fie, na Genubat wɔ Farao fie, Farao mma mu.
21 Na Hadad tee no Misraim sɛ Dawid ne n'agyanom akɔda na ɔsahene Yoab nso awuo no,
Hadad ka kyerɛɛ Farao sɛ: Gya me kwan ma menkɔ m'asase so.
22 Ɛnna Farao bisaa no sɛ: Na ɛdeɛn na ɛhia wo me nkyɛn ha na worehwehwɛ w'asase so
akorɔ yi? Na ɔbuaa sɛ: Ɛnyɛ biribiara, nanso gya me kwan ma menkɔ.
23 Na Onyankopɔn maa ɔtamfoɔ bi, Eliada ba Reson a ɔdwane firii ne wura Hadad-Eser,
Sobahene, nkyɛn no sɔre tiaa no.
24 Ɔno na ɔboaa mmarima ano, na ɔyɛɛ asafo no so safohene, berɛ a Dawid kumm
Sobafoɔ no; na wɔkɔɔ Damasko kɔtenaa hɔ, na ɔdii hene Damasko.
25 Na ɔyɛɛ Israel tamfoɔ Salomo nna nyinaa, kaa bɔne a Hadad yɛeɛ no ho; na ɔkyirii
Israel, na ɔdii Siria so hene.
26 Na Nebat ba Yeroboam, Efratini a ɔfiri Sereda a ɔyɛ Salomo akoa, na ne na din de
Serua, ɔbaa kunafoɔ bi, nso tee ɔhene so atua.
27Na deɛ ɛmaa no tee ɔhene so atua ne sɛ: Salomo kyekyeree Milo na ɔtuatuaa n'agya
Dawid kuro ho fasuo mu.
28 Na ɔbarima Yeroboam no yɛ ɔbarima a ɔyɛ nnam, na Salomo hunuu aberanteɛ no sɛ
ɔyɛ ɔdeyɛfoɔ no, ɔmaa no yɛɛ Yosef fie adwumayɛfoɔ no nyinaa so hwɛfoɔ.
29 Na berɛ no mu, Yeroboam firi Yerusalem rekorɔ no, Odiyifoɔ Ahia, Siloni, bɛhunuu
no ɔkwan no so; nso na ɔfira ntoma foforɔ, na wɔn mmienu pɛ na na ɛwɔ wiram hɔ.
30 Na Ahia sɔɔ ntoma foforɔ a ɛfira no no mu, na ɔsunsuanee mu asinasini dummienu,
31 na ɔka kyerɛɛ Yeroboam sɛ: Yi asinasini du fa, na sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn
seɛ nie: Hwɛ, merebɛte ahennie no mafiri Salomo nsam, na mede mmusuakuo du mama wo.
32 Na m'akoa Dawid ne kuro Yerusalem a mafa afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu no
nti, abusuakuo baako na ɛbɛyɛ ne deɛ;
33 ɛsiane sɛ wɔagya me na wɔakɔsɔre Sidonfoɔ nyamewa Astoret ne Moabfoɔ nyame Kemos
ne Amon mma nyame Kilkom, na wɔannante m'akwan mu sɛ ɔbɛyɛ deɛ ɛtene m'ani soɔ ne
m'ahyɛdeɛ ne m'atemmudeɛ sɛ n'agya Dawid.
34Nanso merennye ne nsam ahennie no nyinaa, na m'akoa Dawid a mafa no a ɔdii me
mmara nsɛm ne m'ahyɛdeɛ soɔ no nti, mɛsi no ɔman so panin ne nkwa nna nyinaa.
35 Na mɛgye ahennie no ne ba nsam, na mede mmusuakuo du mama wo.
36 Na ne ba no, mede abusuakuo baako bɛma no, deɛ ɛbɛyɛ na kanea atena hɔ ama
m'akoa Dawid nna nyinaa wɔ m'anim Yerusalem kuro a mayi mafa sɛ mede me din bɛto hɔ
no mu.
37Na wo na mɛfa wo mama woadi hene sɛdeɛ wo kra pɛ
nyinaa, na woayɛ Israel so hene.
38 Na sɛ wotie deɛ mɛhyɛ woɔ nyinaa na wonante m'akwan so na woyɛ deɛ ɛtene m'ani
soɔ, sɛ wobɛdi m'ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm soɔ sɛdeɛ m'akoa Dawid yɛeɛ no a, ɛnneɛ
mɛdi w'akyi na masi efie a ɛtim hɔ mama wo; sɛdeɛ mesi memaa Dawid no, na mede
Israel mama wo.
39 Na yei nti mɛbrɛ Dawid asefoɔ ase, nanso ɛnyɛ nna nyinaa.
40 Na Salomo hwehwɛɛ sɛ ɔkum Yeroboam; na Yeroboam sɔre dwane kɔɔ Misraim,
Misraimhene Sisak nkyɛn; na ɔtenaa Misraim kɔsii sɛ Salomo wuiɛ.
41 Na Salomo ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne nyansa no, wɔatwerɛ no Salomo
ho nsɛm nwoma no mu.
42 Na nna a Salomo de dii hene Yerusalem Israel nyinaa soɔ yɛ mfirinhyia aduanan.
43 Na Salomo toaa n'agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no n'agya Dawid kuro mu; na ne
ba Rehoboam bɛdii n'adeɛ.

X-X-X
Ahemfo I 12

Ahennie no mu paepae
Na Rehoboam sii mu kɔɔ Sekem; na Sekem na Israel nyinaa aba sɛ wɔrebɛsi no hene.
2Na Nebat ba Yeroboam teeɛ no, ɔno deɛ, (na ɔda so wɔ Misraim a ɔdwane firii Ɔhene
Salomo anim kɔɔ hɔ no), na ɔte Misraim,
3na wɔsoma maa wɔkɔhyiaa no bae, na Yeroboam ne Israel asafo nyinaa baeɛ no, wɔbɛka
kyerɛɛ Rehoboam sɛ:
4W'agya maa yɛn kɔnnua yɛɛ duru, na wo deɛ, afei yi w'agya ɔsom denden ne ne kɔnnua
duruduro a ɔde too yɛn soɔ no so ma no nyɛ hare, na yɛnsom wo.
5Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ, na nnansa monsane mmra me nkyɛn. Na ɔman no kɔe.
6Na Ɔhene Rehoboam ne mpanimfoɔ a n'agya Salomo da so te aseɛ no, na wɔyɛ
n'afotufoɔ no tuu agyina sɛ: Ɛfoɔ bɛn na moretu me na mede mabua ɔman yi?
7Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ ɛnnɛ woyɛ akoa ma ɔman yi na wosom wɔn na wobua wɔn na
woka wɔn asɛmpa a, ɛnneɛ wɔbɛyɛ wo nkoa nna nyinaa.
8Na ɔgyaa mpanimfoɔ fo a wɔtuu no no, na ɔne mmeranteɛ a wɔne no nyiniiɛ a wɔyɛ
n'afotufoɔ no kɔtuu agyina, 9na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛfoɔ bɛn na mo nso motuo, na
yɛde abua ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ me sɛ: Yi kɔnnua a w'agya de too yɛn kɔn soɔ no
so ma no nyɛ hare, no?
10 Na mmeranteɛ a wɔne no nyiniiɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Sei na ka kyerɛ ɔman yi a
wɔbɛka kyerɛɛ wo sɛ: W'agya maa yɛn kɔnnua yɛɛ duru, na wo deɛ, yɛ no hare ma yɛn
no, sei na ka kyerɛ wɔn: Me kɔkorɔmmɔto so sene m'agya asene,
11 na afei, m'agya de kɔnnua duruduro soaa mo, na me deɛ, mɛto mo kɔnnua no so;
m'agya de mpire na ɛhwee mo, na me deɛ, mede anyanyankyerɛc na ɛbɛhwe mo.
12 Na Yeroboam ne ɔman no nyinaa san baa Rehoboam nkyɛn da a ɛtɔ so mmiɛnsa no,
sɛdeɛ ɔhene kaeɛ sɛ: Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, monsane mmra me nkyɛn, no.
13 Na ɔhene de asɛmdenden buaa ɔman no, na ɔgyaa mpanimfoɔ no fo a wɔtuu no no,
14 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ mmeranteɛ no tuu no foɔ no, sɛ: M'agya maa mo kɔnnua yɛɛ
duru, na me deɛ, mɛto mo kɔnnua no so. M'agya de mpire na ɛhwee mo, na me deɛ, mede
anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo.
15 Na ɔhene antie ɔman no, ɛfiri sɛ AWURADE na ɔdanee no saa, sɛ ɔbɛma n'asɛm a
AWURADE nam Siloni Ahia so ka kyerɛɛ Nebat ba Yeroboam no aba mu.
16 Na Israel nyinaa hunuu sɛ ɔhene antie wɔn no, ɔman no buaa ɔhene sɛ: Kyɛfa bɛn
na yɛwɔ no Dawid mu?
Yɛnni agyapadeɛ bi Yisai ba no mu,
monkɔ mo afie mu, Israel, afei Dawid, hwɛ wo ara wo fie so.
Ɛnna Israel sii mu kɔɔ wɔn afie.
17 Na Israelfoɔ a wɔtete Yuda nkuro mu no deɛ, Rehoboam dii wɔn so hene.
18 Na Ɔhene Rehoboam somaa Adoram a ɔdi ɔhyɛ adwumayɛ toɔ soɔ no; na Israel nyinaa
sii no aboɔ maa no wuiɛ. Ɛnna Ɔhene Rehoboam yɛɛ ntɛm faa teaseɛnam sɛ ɔredwane aba
Yerusalem.
19 Ɛno nti Israel wae firii Dawid fie ho de bɛsi nnɛ.
20 Na Israel nyinaa tee sɛ Yeroboam asane aba no, wɔsoma maa wɔkɔhyiaa no baa asafo
no mu, na wɔsii no Israel nyinaa so hene; obiara nni hɔ a ɔdii Dawid fie akyire sɛ
Yuda abusuakuo nko.
21 Na Rehoboam duruu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda fie nyinaa ne Benyamin abusuakuo
ano, nnipa a wɔayi wɔn a wɔtu sa mpemha aduɔwɔtwe sɛ ɔne Israel fie rekɔko, na
wɔadane ahennie no ama Salomo ba Rehoboam.
22 Na Nyankopɔn asɛm baa Nyankopɔn nipa Semaia nkyɛn sɛ:
23 Ka kyerɛ Salomo ba Rehoboam, Yuda hene, ne Yuda ne Benyamin fie nyinaa ne ɔman
no nkaeɛ sɛ:
24 Sɛ AWURADE seɛ nie: Mommforo nnkɔ na mo ne mo nuanom Israel nnkɔko, monsane nkɔ
mo afie; na me na asɛm yi firi me. Na wɔtiee AWURADE asɛm no, na wɔsane kɔe, sɛdeɛ
AWURADE asɛm no seɛ no.
Yeroboam abosonsom
25 Na Yeroboam kyekyeree Sekem, Efraim bepɔ so tenaa mu; na ɔfirii hɔ kɔkyekyeree
Penuel.
26 Na Yeroboam see n'akoma mu sɛ: Afei na ahennie no bɛsane akɔ Dawid fie,
27 sɛ ɔman yi foro kɔbɔ afɔdeɛ AWURADE fie Yerusalem a, ɛnneɛ ɔman yi akoma bɛdane
akɔ wɔn wura Rehoboam, Yuda hene nkyɛn, na wɔaku me, na wɔasane akɔ Yudahene
Rehoboam nkyɛn.
28 Na ɔhene no tuu agyina, na ɔyɛɛ sika nantwie mma mmienu, na ɔka kyerɛɛ ɔman no
sɛ: Moaforo akɔ Yerusalem bi ara! Israel, hwɛ wo anyame a ɔde wo firi Misraim baeɛ
nie.29 Na ɔde baako kɔsii Betel na ɔde baako nso kɔsii Dan.
30 Na asɛm yi danee bɔne, na ɔman no fa kɔɔ baako yi anim wɔ Dan, na baako no nso
kɔɔ Betel.
31 Na ɔyɛɛ sorɔnsorɔmmea fie, na ɔde ɔman no nyinaa mu nnipa a wɔmfiri Lewi mma mu
sisii asɔfoɔ.
32 Na Yeroboam hyɛɛ dapɔnna bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu, bosome no da a ɛtɔ so dunum
so, sɛ dapɔnna a wɔdi no Yuda no, na ɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so. Saa na ɔyɛɛ
no Betel, ɔbɔɔ afɔdeɛ maa nantwie mma a ɔyɛeɛ no, na ɔde sorɔnsorɔmmea a ɔyɛeɛ no
asɔfoɔ duaa Betel.
33 Na ɔbɔɔ afɔdeɛ afɔrebukyia a ɔyɛɛ no Betel no so, bosome a ɛtɔ so nwɔtwe da a
ɛtɔ so dunum no so, bosome a ɔno nko ara bɔɔ ne tirim hyɛeɛ no mu, na ɔhyɛɛ dapɔnna
maa Israelfoɔ, na ɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so, na ɔhyee aduhwam.

X-X-X
Ahemfo I 13

Odiyifoɔ bi a ɔkasa tiaa Betel


13
Na hwɛ, Nyankopɔn nipa bi firi Yuda nam AWURADE asɛm so baa Betel, na Yeroboam
gyina afɔrebukyia no ho rebɛhye aduhwam.
2 Na ɔnam AWURADE asɛm so teaa mu tiaa afɔrebukyia no sɛ: Afɔrebukyia, afɔrebukyia,
sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, wɔbɛwo ɔba ama Dawid fie a ne din de Yosia, na wo so na
ɔde sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ a wɔhye wo
so aduhwam bɛbɔ afɔdeɛ, na wahye nnipa nnompe wɔ wo so.
3Na ɔmaa nsɛnkyerɛnneɛ da no ara sɛ: Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ sɛ AWURADE na aka, hwɛ,
afɔrebukyia no bɛbubu, na nso a ɛwɔ soɔ no ahwie agu. 4Na ɔhene tee Nyankopɔn nipa
no asɛm a ɔteaa mu tiaa afɔrebukyia a ɛwɔ Betel no, Yeroboam tenee ne nsa firii
afɔrebukyia no so kaa sɛ: Monkye no. Na ne nsa a ɔtenee no ne soɔ no senee
kyerebann, na wantumi antwe amma ne ho.
5Na afɔrebukyia no bubui, na nso no firii afɔrebukyia no so gui, sɛdeɛ
nsɛnkyerɛnneɛ a Nyankopɔn nipa no de AWURADE asɛm kaeɛ no teɛ no.
6 Ɛnna ɔhene srɛɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: Afei pa AWURADE wo Nyankopɔn kyɛw na srɛ ma
me, na me nsa nsane mmra me ho. Na Nyankopɔn nipa no paa AWURADE kyɛw, na ɔhene nsa
no sane baa ne ho, na ɛyɛɛ sɛ kane no.
7 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: Wo ne me nkɔ fie, na kɔdwodwo wo ho,
na mɛkyɛ wo adeɛ.
8Na Nyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Sɛ wode wo fie fa bɛma me mpo a, me ne
wo renkɔ, na merenni aduane, nso merennom nsuo ɛha yi,
9 ɛfiri sɛ wɔde AWURADE asɛm hyɛɛ me sɛ: Nni aduane na nnom nsuo wɔ hɔ, na nsane
mfa ɔkwan a wonam so kɔeɛ no so.
10 Na ɔfaa ɔkwan foforɔ so, a wansane amfa ɔkwan a ɔnam so kɔɔ Betel no so.
11 Nso na odiyifoɔ akɔkoraa bi te Betel; na ne mma kɔkaa no nneyɛɛ a Nyankopɔn nipa
no bɛyɛɛ no Betel da no; nsɛm a ɔkaa ɔhene no nso, wɔkɔka kyerɛɛ wɔn agya.
12 Na wɔn agya no bisaa wɔn sɛ: Ɔkwan bɛn so na ɔfaeɛ? Na ne mma no hunuu ɔkwan a
Nyankopɔn nipa a ɔfiri Yuda baeɛ no faa soɔ.
13 Na ɔka kyerɛɛ ne mma sɛ: Monhyehyɛ afunumu no mma me. Na wɔhyehyɛɛ afunumu no
maa no, na ɔtenaa so,
14 na ɔsii mu tii Nyankopɔn nipa no, na ɔkɔtoo no sɛ ɔte odum kɛseɛ no aseɛ. Na ɔka
kyerɛɛ no sɛ: Wone Nyankopɔn nipa a wofiri Yuda baeɛ no? Na ɔse: Mene no.
15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wone me nkɔ fie na kɔdidi.
16 Na ɔse: Mentumi ne wo nsane na me ne wo nkɔ, nso merennidi na me ne wo rennom
nsuo ɛha yi, na wɔnam AWURADE asɛm so see me sɛ: 17Nni aduane na nnom nsuo hɔ,
nsane mfa ɔkwan a wonam so kɔeɛ no so.
18 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me nso meyɛ odiyifoɔ sɛ wo, na ɔbɔfoɔ bi nam AWURADE asɛm
so aka akyerɛ me sɛ: Kɔsane no na ɔne wo mmra wo fie, na ɔmmɛdi aduane na ɔnnom
nsuo. Nanso atorɔ na ɔdi kyerɛɛ no. 19Ɛnna ɔne no saneeɛ, na ɔkɔdidii ne fie, na
ɔnom nsuo.
20 Na wɔte pono ho no, AWURADE asɛm baa odiyifoɔ a ɔkɔsanee no baeɛ no nkyɛn, 21 na
ɔteaa mu kyerɛɛ Nyankopɔn nipa a ɔfiri Yuda baeɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛnam sɛ
woate AWURADE anomu asɛm ho atua na woanni mmara asɛm a AWURADE wo Nyankopɔn hyɛɛ
woɔ no soɔ,
22 na woasane abɛdidi na woanom nsuo faako a wɔka kyerɛɛ wo sɛ: Nnidi na nnom nsuo,
no nti, wo funu renkɔ w'agyanom da mu.
23 Na ɔdidiiɛ na ɔnomm nsuo wieeɛ no, ɔhyehyɛɛ afunumu no maa odiyifoɔ a ɔkɔsanee
no baeɛ no,
24 na ɔkɔeɛ; na gyata hunuu no ɔkwan no mu, na ɔkumm no, na ne funu no da ɔkwan no
mu, na afunumu no gyina nkyɛn, na gyata no nso gyina efunu no ho.
25 Na hwɛ, sɛ nnipa retwam, na wɔhunu efunu a ɛda ɔkwan no mu, ne gyata a ɔgyina
efunu no ho no a, wɔkɔ kɔka no kuro a odiyifoɔ akɔkoraa no te mu no mu.
26 Na odiyifoɔ a ɔkɔsanee no firii ɔkwan no soɔ no teeɛ no, ɔkaa sɛ: Nyankopɔn nipa
a ɔtee AWURADE
anomu asɛm ho atua no ne no, na AWURADE de no ama gyata no ama no atete ne mu aku
no, sɛ AWURADE asɛm a ɔka kyerɛɛ no no teɛ no.
27 Na ɔka kyerɛɛ ne mma sɛ: Monhyehyɛ afunumu no mma me. Na wɔhyehyɛɛ no.
28 Na ɔkɔ kɔhunuu efunu no sɛ ɛda ɔkwan no mu, na afunumu no ne gyata no gyinagyina
efunu no ho. Gyata no nwee funu no, na ɔmpiraa afunumu no nso.
29 Na odiyifoɔ no maa Nyankopɔn nipa no funu no so de no saneeɛ, na odiyifoɔ
akɔkoraa no de no kɔɔ ne kuro mu, sɛ ɔrekɔgyam no na wasie no.
30 Na ɔde ne funu no too ne da mu, na wɔgyamm no sɛ: Due, me nua!
31 Na ɔwiee no sie no, ɔka kyerɛɛ ne mma sɛ: Sɛ mewu a, monsie me ɛda a wɔasie
Nyankopɔn nipa no mu no mu, momfa me nnompe nto ne nnompe ho.
32 Na asɛm a ɔnam AWURADE asɛm so teaa mu tiaa afɔrebukyia a ɛwɔ Betel no ne
sorɔnsorɔmmea afie a ɛwɔ Samaria nkuro mu no nyinaa, ɛbɛba mu ampa.
33 Asɛm yi akyiri no, Yeroboam ansane amfiri ne kwammɔne so, na ɔsane faa ɔman no
mu baabiara nnipa sisii sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ; obiara a ɔpɛ no, ɔde asɔfodeɛ hyɛ ne
nsa ma ɔyɛ sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ no bi.
34 Na asɛm yi danee Yeroboam fie bɔne a enti wɔdwerɛɛ wɔn na wɔsɛee wɔn firii asase
ani.
X-X-X
Ahemfo I 14

Yeroboam ho nkɔmhyɛ

1 £bere no mu no, Yeroboam ba Abia yaree.


2Na Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere sɛ: Sɔre, sakyera wo ho, na wɔanhunu sɛ wone
Yeroboam yere, na kɔ Silo; hwɛ, ɛhɔ na Odiyifoɔ Ahia wɔ; ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ
mɛdi ɔman yi so hene.
3Na fa paanoo du ne taterɛ ne ɛwoɔ toa kura wo nsam, na kɔ ne nkyɛn; ɔno na ɔbɛka
wo deɛ ɛbɛyɛ abɔfra yi.
4Na Yeroboam yere no yɛɛ saa, na ɔsii mu kɔɔ Silo, na ɔduruu Ahia fie. Nso na Ahia
nhunu adeɛ, na akorabɔ nti n'ani so ayɛ kusuu.
5Na AWURADE ka kyerɛɛ Ahia sɛ: Hwɛ, Yeroboam yere reba abɛbisa wo hɔ asɛm ne ba ho,
ɛfiri sɛ ɔyare. Sɛɛ ne sɛɛ na ka kyerɛ no.
Ɔbaeɛ no, ɔyɛɛ ne ho sɛ ɔbaa foforɔ bi.
6Na Ahia tee ne nan ase sɛ ɔreba ɛpono ano no, ɔkaa sɛ: Yeroboam yere, bra! Adɛn
nti na woasakyera wo ho ayɛ sɛ obi yi? Na me deɛ, wɔde asɛm denden asoma me wo
nkyɛn.
7 Kɔka kyerɛ Yeroboam sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ memaa wo
so wo man no mu, na mesii wo me man Israel so panin, 8na metee ahennie no mefirii
Dawid fie de maa woɔ, nanso woanyɛ sɛ m'akoa Dawid a ɔdii me mmara nsɛm soɔ, na ɔde
n'akoma nyinaa dii m'akyire sɛ ɔbɛyɛ deɛ ɛtene m'ani soɔ no nko,
9 na woayɛ bɔne asene wɔn a wɔdii w'anim nyinaa, na woakɔ akɔyɛ anyame foforɔ ne
ahoni a wɔaguo sɛ wode rehuru me bo, na woato me atwene w'akyire nti,
10 hwɛ, mede bɔne bɛba Yeroboam fie so, na matwa Yeroboam fie barima biara ne
Israel mu akoa ne ɔdehyeɛ atwene, na mapra Yeroboam fie sɛdeɛ obi pra fi kɔsi sɛ
ɛsa.
11 Yeroboam nipa biara a ɔbɛwu kuro mu no, akraman na ɛbɛdi ne nam, na deɛ ɔbɛwu
wiram no, ewiem nnomaa na ɛbɛdi ne nam. AWURADE na waka.
12 Na wo deɛ, sɔre kɔ wo fie; na wo nan si kuro no mu ara pɛ a, abɔfra no bɛwu.
13 Na Israel nyinaa bɛgyam no na wɔasie no, na ɔno nko ne Yeroboam deɛ a ɔbɛkɔ ɛda
mu, ɛfiri sɛ ɔno mu na wɔahunu adepa bi a ɛsɔ AWURADE Israel Nyankopɔn ani,
Yeroboam fie.
14 Na AWURADE bɛma ɔhene bi so, Israel so a ɔbɛtwa Yeroboam fie atwene nnɛ. Na
ɛfiri nnɛ,
15 AWURADE bɛbɔ Israel sɛdeɛ demmire
woso nsuo mu, na watutu Israel afiri asase pa a ɔde maa wɔn agyanom yi so, na wabɔ
wɔn apete akɔ asuogya, ɛsiane sɛ wɔayɛ wɔn Asera nnua de ahuru AWURADE bo.
16 Na Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ na ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no nti, ɔbɛgyae Israel mu
ama.
17 Na Yeroboam yere no sɔre sii mu kɔɔ Tirsa. Na ɔduruu ɛdan no aponnwa ano no,
abɔfra no wui.
18 Na wɔsiee no, na Israel nyinaa gyamm no, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam n'akoa
Odiyifoɔ Ahia so kaeɛ no teɛ no.
19 Na Yeroboam ho nsɛm nkaeɛ, sɛdeɛ ɔdii ako ne sɛdeɛ ɔdii ne hene faeɛ no, hwɛ,
wɔatwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu.
20 Na nna a Yeroboam de dii hene yɛ mfeɛ aduonu mmienu; na ɔtoaa n'agyanom wɔ
asamando, na ne ba Nadab bɛdii n'adeɛ.
Rehoboam di Yuda so hene
21 Na Salomo ba Rehoboam dii hene Yuda. Na Rehoboam adi mfirinhyia aduanan baako na
ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfirinhyia dunson wɔ Yerusalem, kuro a AWURADE fa firii
Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no mu. Na ne na din de Naama a ɔyɛ
Amonni.
22 Na Yuda yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔmaa ɔtwee wɔn ho ninkunu sene wɔn agyanom
bɔne a wɔyɛ tiaa no no ho deɛ nyinaa.
23 Na wɔn nso yeyɛɛ sorɔnsorɔmmea ne adum ne abosompɔ nkokoɔ sorɔnsorɔn nyinaa so
ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase fae.
24 Na mmarima nnwamamfoɔ nso wɔ asase no so; wɔyɛɛ sɛdeɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn
firii Israelfoɔ anim no akyiwadeɛ nyinaa teɛ.
25 Na Ɔhene Rehoboam afe a ɛtɔ so nnum soɔ no Misraimhene Sisak foro baa Yerusalem
so.
26 Na ɔfaa AWURADE fie akoradeɛ ne ahemfie akoradeɛ, ɔfaa ne nyinaa kɔe. Na ɔfaa
sika akyɛm a Salomo yɛeɛ no nso nyinaa.
27Na Ɔhene Rehoboam yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ akyɛm sisii ananmu, na ɔde hyɛɛ awɛmfoɔ a
wɔhwɛ ahemfie pono ano no so asafohene nsa. 28 Na da biara a ɔhene bɛkɔ AWURADE fie
no, awɛmfoɔ no soa kɔ, na wɔde sane bɛsie awɛmfoɔ dan mu.
29 Na Rehoboam ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ no nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo
berɛsosɛm nwoma no mu?
30 Na akodie daa Rehoboam ne Yeroboam ntam daa.
31 Na Rehoboam toaa n'agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no n'agyanom nkyɛn, Dawid kuro
mu. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni. Na ne ba Abiam bɛdii n'adeɛ.
X-X-X
Ahemfo I 15

Abiam di Yuda so hene


Na Nebat ba Ɔhene Yeroboam afe a ɛtɔ so dunwɔtwe mu na Abiam bɛdii Yuda so hene.
2Mfeɛ mmiɛnsa na ɔdii hene wɔ Yerusalem. Na ne na din ne Maaka a ɔyɛ Abisalom
babaa.
3Na ɔnantee n'agya bɔne a ɔyɛ dii n'anim nyinaa mu, na n'akoma anni mu AWURADE ne
Nyankopɔn anim sɛ n'agya Dawid akoma.
4Nanso Dawid nti, AWURADE ne Nyankopɔn maa no kanea wɔ Yerusalem, sɛ ɔbɛma ne ba so
asi n'akyire, na wama Yerusalem agyina,
5ɛfiri sɛ Dawid yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, na wammane amfiri biribiara a ɔhyɛɛ
no ho, ne nkwa nna nyinaa, gye Hetini Uria asɛm no nko ara mu.
6Na akodie daa Rehoboam ne Yeroboam ntam ne nkwa nna nyinaa.
7Na Abiam ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm
nwoma no mu? Na akodie daa Abiam ne Yeroboam ntam.
8 Na Abiam toaa n'agyanom wɔ asamando;
na wɔsiee no Dawid kuro mu; na ne ba Asa bɛdii n'adeɛ.
Asa di Yuda so hene
9Na Israelhene Yeroboam afe a ɛtɔ so aduonu soɔ na Asa bɛdii Yuda so hene.
10 Na ɔdii hene mfirinhyia aduanan baako Yerusalem. Na ne na din ne Maaka a ɔyɛ
Abisalom babaa.
11 Na Asa yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so sɛ n'agya Dawid.
12 Na ɔtutuu mmarima nnwamamfoɔ no firii asase no so, na ɔyiyii ahoni a n'agyanom
yɛeɛ no nyinaa.
13 Na ne na Maaka nso, ɔtuu no firii ahemmaadie so, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ ohoni bi maa
Asera; na Asa twaa ne honi no kɔhyee no Kidron subonhwa mu.
14 Na sorɔnsorɔmmea no deɛ, wanyi, nanso Asa akoma dii mu AWURADE anim ne nna
nyinaa.
15 Na ɔde n'agya akronkronneɛ ne ɔno ara n'akronkronneɛ baa AWURADE fie: Dwetɛ ne
sika ne nnwinneɛ.
16 Na akodie bɛdaa Asa ne Israelhene Baasa ntam wɔn nna nyinaa.
17 Na Israelhene Baasa foro baa Yuda so, na ɔbɛkyekyeree Rama, sɛ ɔremma obi nni
Yudahene Asa nkyɛn ahyɛmfire.
18Ɛnna Asa faa dwetɛ ne sika a ɛkaa AWURADE fie akoradeɛ ne ɔhene fie akoradeɛ mu
de hyɛɛ ne nkoa nsa, na Ɔhene Asa de somaa wɔn maa wɔkɔɔ Hesion ba Tabrimon ba
Siriahene Ben- hadad a ɔte Damasko nkyɛn sɛ:
19 Ma apam nna me ne wo ntam, te sɛ m'agya ne w'agya ntam: Hwɛ, merebrɛ wo dwetɛ ne
sika ayɛyɛdeɛ, na kɔ kɔbubu wo ne Israelhene Baasa apam no mu, na ɔmfiri me so nkɔ.
20 Na Ben-hadad tiee Ɔhene Asa, na ɔsomaa asafohene a ɔwɔ no maa wɔkɔko tiaa Israel
nkuro, na ɔbɔɔ Iyon ne Dan ne Abel-bet-maaka ne Kinerot nyinaa ne Naftali asase
nyinaa.
21 Na Baasa teeɛ no, ɔgyaee Rama kyekyerɛ, na ɔkɔtenaa Tirsa.
22 Ɛnna Ɔhene Asa maa wɔpaee no Yuda nyinaa, wɔanyi obiara amfiri mu, na wɔkɔsoaa
Rama aboɔ ne nnua a Baasa de kyekyereeɛ no, na Ɔhene Asa de kyekyeree Geba-Benyamin
ne Mispa.
23 Na Asa ho nsɛm nyinaa nkaeɛ, ne ne mmaninneɛ nyinaa ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne nkuro
a ɔkyekyereeɛ, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu? Nanso ne
nkɔkoraaberɛ mu no, ɔyaree ne nan.
24 Na Asa toaa n'agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no n'agyanom nkyɛn, n'agya Dawid
kuro mu. Na ne ba Yehosafat bɛdii n'adeɛ.
Nadab di Israel so hene
25 Na Yeroboam ba Nadab bɛdii Israel so hene, Yudahene Asa afe a ɛtɔ so mmienu mu.
Na ɔdii Israel so hene mfeɛ mmienu.
26 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔnantee n'agya kwan ne ne bɔne a ɔde maa Israel
yɛɛ bɔne no mu.
27 Na Ahia ba Baasa a ɔfiri Isakar fie no pam ne tiri so; na Baasa bɔɔ no wɔ
Gibeton a ɛyɛ Filistifoɔ dea hɔ; nso na Nadab ne Israel nyinaa retua Gibeton.
Na Baasa kumm no, Yudahene Asa afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu, na ɔdii n'adeɛ.
29 Na ɔbɛdii hene no pɛ, ɔbɔɔ Yeroboam fie nyinaa, wannya obiara a ɔhome amma
Yeroboam de kɔsii sɛ ɔsɛee no, sɛ AWURADE asɛm a ɔnam n'akoa Siloni Ahia so kaeɛ
30 wɔ Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ na ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no ne abohuro a ɔde huruu
AWURADE Israel Nyankopɔn bo no nti.
31 Na Nadab ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm
nwoma no mu? 32 Na akodie bɛdaa Asa ne Israelhene Baasa ntam wɔn nna nyinaa.
Baasa di Israel so hene
33 Yudahene Asa afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu na Ahia ba Baasa bɛdii Israel nyinaa so
hene Tirsa. Na ɔdii adeɛ mfeɛ aduonu nnan.
34 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔnantee Yeroboam kwan ne ne bɔne a ɔde maa
Israel yɛɛ bɔne no mu.
X-X-X
Ahemfo I 16

Na AWURADE asɛm baa Hanani ba Yehu nkyɛn tiaa Baasa sɛ: 2 Ɛsiane sɛ mama wo so
afiri mfuturo mu, na masi wo me man Israel so panin, na woafa Yeroboam kwan soɔ, na
woama me man Israel ayɛ bɔne ama wɔde wɔn bɔne ahuru me bo yi nti,
3 hwɛ, merepra Baasa ne ne fie akɔ, na mɛyɛ wo fie sɛ Nebat ba Yeroboam fie.
4 Baasa busuani biara a ɔbɛwu kuro mu no, akraman na ɛbɛwe ne nam, na ne obiara a
ɔbɛwu wiram no, ewiem nnomaa na ɛbɛdi ne nam.
5 Na Baasa ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ ne ne mmaninneɛ, wɔantwerɛ no Israel ahemfo
berɛsosɛm nwoma no mu? 6Na Baasa toaa n'agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Tirsa. Na
ne ba Ela bɛdii n'adeɛ.
7Nanso AWURADE asɛm nam Hanani ba Odiyifoɔ Yehu so ba tiaa Baasa ne ne fie, bɔne a
ɔyɛɛ no AWURADE ani soɔ nyinaa, sɛ ɔde ne nsa ano adwuma yɛɛ sɛ Yeroboam fie no
huruu ne boɔ ne kum a ɔkumm no ho.

Ela di Israel so hene


8Yudahene Asa afe a ɛtɔ so aduonu nsia mu na Baasa ba Ela bɛdii hene Tirsa mfeɛ
mmienu.
9Na n'akoa Simri, ne nteaseɛnam fa so safohene no, pamm ne tiri so. Na ɔwɔ Tirsa
anom nsa abo wɔ Arsa a ɔdi ahemfie a ɛwɔ Tirsa no soɔ no fie.
10 Na Simri kɔɔ mu kɔbɔɔ no kumm no, Yudahene Asa afe a ɛtɔ so aduonu nson mu, na
ɔdii n'adeɛ.
11 Na ɔbɛdii hene na ɔtenaa ahennwa soɔ ara pɛ no, ɔkumm Baasa fiefoɔ nyinaa,
obusuani oo, adamfo oo, wannya ɔbarima biara amma no. 12 Na Simri sɛee Baasa fie
nyinaa sɛ AWURADE asɛm a ɔnam Odiyifoɔ Yehu so ka tiaa Baasa,
13 wɔ Baasa bɔne nyinaa ne ne ba Ela bɔne a wɔyeyɛeɛ na wɔde maa Israel yɛɛ bɔne sɛ
wɔde wɔn ahuhudeɛ huruu AWURADE, Israel Nyankopɔn, boɔ no ho.
14 Na Ela ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm
nwoma no mu?
Simri di Israel so hene
15Yudahene Asa afe a ɛtɔ so aduonu nson mu na Simri bɛdii hene nnanson wɔ Tirsa. Na
ɔman no akyere Gibeton a ɛyɛ Filistifoɔ deɛ no ho nsraban.
16 Na ɔman a wɔwɔ nsra mu no tee sɛ Simri akɔ apam na wakum ɔhene no, Israel nyinaa
de ɔsahene Omri sii Israel so hene da no ara nsraban no mu. 17Na Omri firi Gibeton
foro bae, na Israel nyinaa ka ne ho, na wɔbɛtuaa Tirsa.
18 Na Simri hunuu sɛ wɔagye kuro no no, ɔkɔɔ ahemfie aban mu, na ɔde ogya hyee
ahemfie no ne ne ho, na ɔwui
19 ne bɔne a ɔyɛeɛ, sɛ ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, sɛ ɔnantee Yeroboam kwan soɔ, ne
ne bɔne a ɔyɛeɛ de maa Israel yɛɛ bɔne no mu nti.
20Na Simri ho nsɛm nkaeɛ ne n'apam a ɔkɔeɛ no, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm
nwoma no mu?
21 Ɛno na Israel man mu paepaee afaafa mmienu. Ɔman no fa dii Ginat ba Tibni akyiri
sɛ wɔbɛsi no hene, na ɔfa nso dii Omri akyi. 22 Na ɔman no fa a wɔdii Omri akyire
no yɛ den sene ɔman no fa a wɔdii Ginat ba Tibni akyire; na wɔkumm Tibni, na Omri
dii hene.
Omri di Israel so hene
23 Yudahene Asa afe a ɛtɔ so aduasa baako mu na Omri bɛdii Israel so hene mfeɛ
dummienu. Ɔdii hene Tirsa mfeɛ nsia.
24 Na ɔkɔtɔɔ Samaria bepɔ wɔ Semer hɔ, maa dwetɛ dwetikɛseɛ mmienu, na ɔkyekyeree
bepɔ no so kuro, na ɔde bepɔ no wura Semer din too kuro a ɔkyekyereeɛ no. Ɛnne
Samaria.
25 Na Omri yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔyɛɛ bɔne sene wɔn a wɔdii n'anim nyinaa. 26
Na ɔfaa Nebat ba Yeroboam kwan nyinaa ne ne bɔne a ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no so,
sɛ wɔde wɔn ahuhudeɛ bɛhuru AWURADE, Israel Nyankopɔn, no boɔ.
27Na Omri ho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ ne ne mmaninneɛ a ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ no Israel
ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu.
28 Na Omri toaa n'agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Samaria. Na ne ba Ahab bɛdii
n'adeɛ.
Ahab di Israel so hene
29 Na Omri ba Ahab bɛdii Israel so hene, Yudahene Asa afe a ɛtɔ so aduasa nwɔtwe
mu. Na Omri ba Ahab dii Israel so hene Samaria mfirinhyia aduonu mmienu.
30 Na Omri ba Ahab yɛɛ AWURADE ani so bɔne sene wɔn a wɔdii n'anim nyinaa.31 Na
ɛyɛɛ hare maa no sɛ ɔbɛnante Nebat ba Yeroboam bɔne mu, na ɔkɔfaa Sidonfoɔ hene
Etbaal babaa Isebel waree, na ɔkɔ kɔsomm Baal na ɔsɔree no. 32 Na ɔsii afɔrebukyia
maa Baal wɔ Baal fie a ɔsii no Samaria.
33 Na Ahab yɛɛ Asera nnua, na Ahab yɛɛ pii sɛ ɔde bɛhuru AWURADE Israel Nyankopɔn
bo asene Israel ahemfo a wɔdii n'anim nyinaa.
34 Ne berɛ so na Betelni Hiel kyekyeree Yeriko. N'abakan Abiram wui berɛ a ɔtoo
fapem, na ne ba kumaa
Segub nso wui berɛ a ɔsisii ano apono, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam Nun ba Yosua so
kaeɛ no teɛ.
X-X-X
Ahemfo I 17

Elia hyɛ ɔhaw ho nkɔm


Na Tisbini Elia a ɔfiri Gilead atubrafoɔ mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel
Nyankopɔn a megyina n'anim te aseɛ yi, obosuo anaa osuo rentɔ mfeɛ yi mu gye sɛ
ɛnam m'asɛm so!
2Na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: 3Firi ha kɔ, na dane wo ho kɔ apueeɛ, na kɔhunta
asuo Kerit a ɛwɔ Yordan anim no ho. 4Na wobɛnom asuo no mu nsuo, na mahyɛ anene sɛ
wɔnhwɛ wo wɔ hɔ. 5Na ɔsii mu kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE asɛm no teɛ, na ɔkɔ kɔtenaa asuo
Kerit a ɛwɔ Yordan apueeɛ no ho. 6Na anene brɛɛ no paanoo ne nam anɔpa, ne
anwummerɛ, na ɔnomm asuo no mu nsuo bi.
7Na ɛbaa sɛ nna bi akyiri no, asuo no wee, ɛfiri sɛ osuo antɔ asase no so.
Elia wɔ Sarefat ɔbaa kunafoɔ bi nkyɛn
8Na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: 9Sɔre kɔ Sarefat a ɛyɛ Sidonfoɔ deɛ no, na kɔtena
hɔ; na hwɛ, mahyɛ ɔbaa kunafoɔ bi wɔ hɔ sɛ ɔnhwɛ wo.
10 Na ɔsɔre kɔɔ Sarefat. Na ɔduruu kuro no pono ano no, na hwɛ, ɔbaa kunafoɔ no wɔ
hɔ repɛ mmaboa. Na ɔfrɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔsa nsuo kakra gu kuruwa mu brɛ me na
mennom.
11 Na ɔrekɔ akɔsa no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa paanoo afono ma kura wo nsam brɛ me.
12 Na ɔse: Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn te aseɛ yi, atodeɛ biara nni me nsam, gye esiam
nsa ma a ɛwɔ kuruwa mu, ne ngo kakra a ɛwɔ toa mu, na hwɛ, merepɛ mmaboa mmienu bi
makɔ makɔto, na me ne me ba adi na yɛawu.
13 Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, kɔyɛ sɛdeɛ woaka no, na kɔfa bi yɛ ɔfam
ketewaa bi nso ma me kane, na fa brɛ me, na ɛno akyiri no yɛ wo ne wo ba deɛ. 14 Na
sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Esiam kuruwa no so renhwan, na ngo toa no so
rente de bɛkɔ akɔsi da a AWURADE bɛma osuo atɔ agu asase no soɔ.
15 Na ɔkɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ Elia ka kyerɛɛ no no, na ɔdii, ɔno ne ɔbaa no ne ne fiefoɔ,
nna pii; 16 na esiam kuruwa no so anhwan, na ngo toa no so ante, sɛdeɛ AWURADE asɛm
a ɔnam Elia so kaeɛ no teɛ no.
17Na nsɛm yi akyiri no, ɔbaa fiewura no babarima yaree, na ne yadeɛ no mu yɛɛ den
pii kɔsii sɛ ɔwuiɛ.18 Na ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ: Wo Nyankopɔn nipa, ɛdeɛn na me
ne wo wɔ yɛ? Wobaa me nkyɛn sɛ worebɛma wɔakae me bɔne na wɔakum me ba!
19 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa wo ba no brɛ me! Na ɔgyee no firii ne kokom de no kɔɔ
abansoro pia a ɔte mu no mu, na ɔde no kɔtoo ne mpa so.
20 Na ɔteaa mu frɛɛ AWURADE sɛ: AWURADE me Nyankopɔn, ɔbaa kunafoɔ yi nso a mabɛsoɛ
ne nkyɛn yi, wode mmusuo reba ne so sɛ worekum ne ba yi?
21 Na ɔtenee ne mu butuu abɔfra no so mprɛnsa, na ɔteaa mu frɛɛ AWURADE sɛ: AWURADE
me Nyankopɔn, ma abɔfra yi kra nsane mmra ne mu.
22 Na AWURADE tiee Elia nne, na abɔfra no kra sane baa ne mu, na ɔnyaa nkwa.
23 Na Elia faa abɔfra no de no siane firii abansoro pia mu baa ɛdan no mu, na ɔde
no brɛɛ ne na, na Elia se: Hwɛ, wo ba anya nkwa.
24 Na ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ: Afei na mahunu sɛ Nyankopɔn nipa ne wo, na AWURADE
asɛm a ɛwɔ w'anomu yɛ nokorɛ.
X-X-X
Ahemfo I 18

Elia ne Obadia
18
Na nna pii akyiri no, afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, AWURADE asɛm baa Elia nkyɛn sɛ:
Fa wo ho kɔkyerɛ Ahab, na mɛma osuo atɔ asase so. 2 Na Elia sii mu kɔɔ sɛ ɔde ne ho
rekɔkyerɛ Ahab. Nso na ɛkɔm a emu yɛ den aba Samaria.
3Na Ahab frɛɛ Obadia a ɔdi ne fie soɔ; (nso Obadia deɛ, na ɔsuro AWURADE sɛ.
4Na ɛbaa sɛ Isebel retwitwa AWURADE adiyifoɔ aguo no, Obadia faa AWURADE adiyifoɔ
ɔha, na ɔde wɔn aduonum aduonum kɔsiesiee ɔbodan mu, na ɔde aduane ne nsuo hwɛɛ
wɔn.)
5Na Ahab ka kyerɛɛ Obadia sɛ: Kɔkyini asase no so, nsuo aniwa nyinaa ne nsubɔnhwa
nyinaa ho; ebia yɛbɛnya wira de agye apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ no bi nkwa, na
yɛanhwere mmoa no.
6Na wɔkyɛɛ asase no mu fae sɛ wɔrekyini so, Ahab nko faa ɔkwan baako so, na Obadia
nko nso faa ɔkwan baako soɔ.
7Na Obadia wɔ ɔkwan no soɔ no, hwɛ, Elia ne no bɛhyiae, na ɔhunuu no, na ɔde n'anim
butuu fam kaa sɛ: Me wura Elia nie?
8Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Menie. Kɔka kyerɛ wo wura sɛ: Mahunu Elia.
9Na ɔkaa sɛ: Bɔne bɛn na mayɛ, na wo deɛ, woreyi w'akoa ahyɛ Ahab nsa na waku me
yi?
10 Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn te aseɛ yi, ɔman ne ahennie biara nni hɔ a me wura nsoma
mmaa wɔnkɔɔ hɔ nkɔhwehwɛɛ woɔ. Na sɛ wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔnni hɔ, a, ɔma ahennie no
ne ɔman no ka ntam sɛ wɔnhunuu woɔ.
11 Na afei, wo ara wose: Kɔka kyerɛ wo wura sɛ: Elia wɔ ha.
12 Na sɛ me deɛ, mefiri wo nkyɛn mekɔ a, AWURADE honhom bɛma wo so akɔ baabi a
mennim, na sɛ meka mekyerɛ Ahab na wanhu wo a, ɔbɛkum me. Na me, w'akoa deɛ, mefiri
me mmɔfraase mesuro AWURADE.
13 Wɔnkaa deɛ Isebel kumm AWURADE adiyifoɔ no, meyɛeɛ no nkyerɛɛ me wura, sɛ mefaa
AWURADE adiyifoɔ mu mmarima ɔha, na mede wɔn aduonum aduonum mesiee ɔbodan mu, na
me de aduane
ne nsuo mehwɛɛ wɔn no? 14 Na afei, wo deɛ, wose: Kɔka kyerɛ wo wura sɛ: Elia wɔ ha,
na ɔnku me.
15 Na Elia kaa sɛ: Sɛ asafo AWURADE a megyina n'anim te aseɛ yi, ɛyɛ dɛn ara a nnɛ
mede me ho bɛkyerɛ no.
16 Ɛnna Obadia kɔ kɔhyiaa Ahab, na ɔka kyerɛɛ no; na Ahab kɔ kɔhyiaa Elia.
17Na Ahab hunuu Elia no, Ahab bisaa no sɛ: Wo a woha Israel no, wo nie? 18 Na ɔse:
Menhaa Israel, na mmom wo ne w'agya fie, sɛ moagya AWURADE mmara nsɛm, na moakɔdi
Baalim akyire.
19Na afei soma ma wɔnkɔboaboa Israel nyinaa ano mmrɛ me Karmel bepɔ so ne Baal
adiyifoɔ ahanan aduonum no ne Asera adiyifoɔ ahanan a wɔdidi Isebel pono soɔ no.
20 Na Ahab soma maa wɔkɔɔ Israelfoɔ nyinaa mu kɔboaboaa adiyifoɔ no ano kɔɔ Karmel
bepɔ so.
Elia ne Baal asɔfoɔ
21Ɛnna Elia twe pinii ɔman no nyinaa nkyɛn bɛkaa sɛ: Da bɛn na mobɛhinhim nsɛm
mmienu ntam akɔsie? Sɛ AWURADE ne Onyankopɔn a, monni n'akyi: Sɛ Baal nso a, monni
n'akyi! Na ɔman no ammua no asɛm biara.
22 Na Elia ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Me deɛ, me nko ara mene AWURADE diyifoɔ a waka, na
Baal adiyifoɔ deɛ, wɔyɛ mmarima ahanan aduonum.
23 Na momma wɔmma yɛn anantwinini mmienu, na ma wɔnyi nantwinini no baako mfa, na
wɔntwitwa no asinasini, na wɔmfa ngu nnyina so, na ogya deɛ, wɔmmfa nngu aseɛ. Na
me nso, mɛsiesie nantwinini baako no, na mede magu nnyina so, na meremfa ogya mengu
aseɛ.
24 Na mommɔ mo nyame din, na me nso memmɔ AWURADE din, na onyame a ɔde ogya bɛgye
soɔ no, ɔno ne Onyankopɔn. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ: Ɔsɛmpa!
25Ɛnna Elia ka kyerɛɛ Baal adiyifoɔ no sɛ: Monyi nantwinini baako mfa, na monsiesie
no kane; na mo deɛ, modɔɔso; na mommɔ mo nyame din, na ogya na mommfa nngu aseɛ.
26 Na wɔfaa nantwinini a wɔde maa wɔn no, na wɔsiesiee; na wɔbɔɔ Baal din firii
anɔpa kɔsii awigyina sɛ: Baal, gye yɛn so! Nso wɔante nne biara, na obiara nso
annye so. Na wɔhurihuri twaa afɔrebukyia a wɔyɛeɛ no ho hyiae.
27Na ɛduruu awigyina no, Elia sii wɔn atwetweɛ goroo wɔn ho, na ɔkaa sɛ: Momfa nne
kɛseɛ mfrɛ na onyame ne no! Sɛsɛɛ ɔredwene, anaasɛ wafiri adi rekɔgya ne nan,
anaasɛ ɔnam kwan so; ebia wada, na wanyane.
28 Na wɔde nne kɛseɛ teateaa mu, na wɔde nkrantɛ ne mpea bobɔɔ wɔn ho akam, sɛdeɛ
wɔn amanneɛ teɛ no, kɔsii sɛ mogya guu wɔn soɔ.
29 Na awigyina twaa mu no, wɔkɔmee kɔsii sɛ ɛrekɔ aduane afɔrebɔ berɛ soɔ; nso
wɔante nne biara, na obiara nso annye so, na obiara nso antie wɔn.
30 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Montwe mpini me! Na ɔman no nyinaa twe
pinii no. Na ɔsiesiee AWURADE afɔrebukyia a abubuo no.
31 Na Elia tasee aboɔ dummienu sɛ Yakob a AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Israel ne
wo din no, mma mmusuakuo no ano sie.
32 Na ɔde aboɔ no sii afɔrebukyia, AWURADE din mu, na ɔtwaa ɛka a ɛbɛdi aba a wɔguo
susuo adeɛ mmienu afɔrebukyia no ho hyiae.
33 Na ɔhyehyɛɛ nnyina no, na ɔtwitwaa nantwinini no asinasini de guu nnyina no so
kaa sɛ: Momfa nsuo nhyehyɛ nhina nnan amaama, na mommɛhwie ngu ɔhyeɛ afɔdeɛ ne
nnyina no so!
34 Na ɔkaa sɛ: Monyɛ bio! Na wɔyɛɛ bio. Na ɔkaa sɛ: Momma no nyɛ mprɛnsa! Na
wɔmaa no yɛɛ mprɛnsa.
35Na nsuo no fefaa afɔrebukyia no ho hyiae, na ɛka no nso, ɔhyɛɛ no nsuo ma.
36 Na afɔrebɔberɛ mu no, Odiyifoɔ Elia twe pinii, na ɔkaa sɛ: AWURADE, Abraham ne
Isak ne Israel Nyankopɔn, nnɛ ma wɔnhunu sɛ wo na wone Onyankopɔn Israel mu, na
mene w'akoa, na w'asɛm so na mayɛ adeɛ yi nyinaa.
37 Gye me so, AWURADE, gye me so, na ɔman yi nhunu sɛ wo AWURADE ne Onyankopɔn, na
wo nso woama wɔn akoma asane akyire aba.
38 Ɛnna AWURADE gya duru bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ no ne nnyina no ne aboɔ ne dɔteɛ no,
na ɛwee nsuo a ɛwɔ ɛka no mu no.
39 Na ɔman no nyinaa hunuiɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam kaa sɛ: AWURADE, ɔno ne
Onyankopɔn! AWURADE, ɔno ne Onyankopɔn!
40 Na Elia kaa sɛ: Monkyere Baal adiyifoɔ no, mommma wɔn mu biara mmfiri mu mfi! Na
wɔkyeree wɔn na Elia de wɔn siane kɔɔ Kison asuo ho, na ɔkumm wɔn wɔ hɔ.
41 Na Elia ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Foro kɔ kɔdidi na nom. Na mete osu kɛseɛ nka.
42 Na Ahab foro kɔɔ sɛ ɔrekɔdidi na wanom. Na Elia deɛ, ɔforo kɔɔ Karmel atifi na
ɔkotoo fam, na ɔde n'anim hyɛɛ ne nkotodwe ntam.
43 Na ɔka kyerɛɛ n'abɔfra sɛ: Foro kɔ kɔhwɛ po fam. Na ɔforo kɔhwɛe, na ɔbɛkaa sɛ:
Hwee nni hɔ. Na ɔse: Sane kɔ mprɛnson. 44 Na ɛbaa sɛ, deɛ ɛtɔ so nson no, ɔkaa sɛ:
Hwɛ, mununkum ketewa bi te sɛ onipa nsa resɔre firi po mu. Na ɔse: Foro kɔka kyerɛ
Ahab sɛ: Siesie wo nteaseɛnam na siane kɔ na osuo ansi wo kwan.
45 Na ɛbaa sɛ ɛyɛɛ kakra na mununkum ne mframa abiri soro tumm, na osu kɛseɛ bi
tɔe. Na Ahab nam teaseɛnam mu kɔɔ Yesreel. 46 Na AWURADE nsa baa Elia so, na ɔbɔɔ
n'abɔsoɔ tuu mmirika dii Ahab anim de kɔduruu sɛ wɔrehyɛne Yesreel.
X-X-X
Ahemfo I 19

Elia abapa
Na Ahab bɛkaa Isebel deɛ Elia yɛeɛ no nyinaa ne sɛdeɛ ɔkumm adiyifoɔ no nyinaa,
nkrantɛ ano no.
2Na Isebel somaa ɔbɔfoɔ maa no kɔɔ Elia nkyɛn sɛ: Sei na anyame no nyɛ me, na sei
nso na wɔmfa nka ho, sɛ ɔkyena sɛsɛɛ na mama wo kra ayɛ sɛ wɔn mu baako deɛ.
3Na ɔhunuu saa no, ne nkwa nti ɔsuroe na ɔsɔre kɔe, na ɔkɔduruu Beer-seba a ɛyɛ
Yuda deɛ no, na ɔgyaa n'abɔfra no wɔ hɔ.
4Na ɔno deɛ, ɔnantee ɛserɛ so da koro kwan na ɔkɔtenaa sesea bi ase, na ɔsrɛ maa ne
ho sɛ anka ɔnwu. Na ɔkaa sɛ: Ayɛ yie, afei, AWURADE, fa me kra, na menyɛ nsene
m'agyanom.
5Na ɔde ne ho too hɔ sesea bi ase. Na hwɛ, ɔbɔfoɔ bɛkaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ:
Sɔre didi!
6Na ɔhwɛe, na hwɛ, na ɔfam a wɔato no nnyansramma soɔ ne nsuo kuruwa si n'atifi; na
ɔdidii na ɔnomee, na ɔtɔɔ hɔ dae.
7Na AWURADE bɔfoɔ sane bɛkaa no ne mprenu soɔ sɛ: Sɔre didi, na ɔkwan no ware papa
ma wo.
8Na ɔsɔre didii na ɔnomee, na ɔnantee aduane no ahoɔden mu adaduanan, awia ne
anadwo de kɔduruu Nyankopɔn bepɔ Horeb ho.
Onyankopɔn yi ne ho adi Horeb

9Na ɔduruu ɔbodan no ho hɔ, na ɔsoɛɛ hɔ. Na hwɛ, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ:
Elia, ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha?
10 Na ɔse: Ninkunu na matwe mama AWURADE, asafo Nyankopɔn, sɛ Israelfoɔ agya
w'apam; w'afɔrebukyia no, wɔadwiridwiri, na w'adiyifoɔ nso, wɔde nkrantɛ akum wɔn;
na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me aku me.
11 Na ɔkaa sɛ: Firi adi kɔgyina
bepɔ no so AWURADE anim. Na hwɛ, AWURADE twaa mu, na mframa kɛseɛ a ɛyɛ den paepaee
mmepɔ na ɛbubuu abotan dii AWURADE anim; na ɛnyɛ mframa no mu na AWURADE wɔ; na
mframa no akyiri no asasewosoɔ, na ɛnyɛ asasewosoɔ no mu na AWURADE wɔ;
12 na asasewosoɔ no akyiri no, ogya, na ɛnyɛ ogya no mu na AWURADE wɔ; na ogya no
akyi na mframa a ɛbɔɔ brɛɛ bi nne diiɛ.
13 Na ɛbaa sɛ Elia teeɛ no, ɔde ne ngusoɔ kataa n'anim, na ɔfiri kɔgyinaa ɔbodan no
ano. Na hwɛ, ɛnne bi baa ne nkyɛn sɛ: Elia, ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha? 14 Na ɔse:
Ninkunu na matwe mama AWURADE, asafo Nyankopɔn, sɛ Israelfoɔ agya w'apam:
W'afɔrebukyia no, wɔadwiridwiri, na w'adiyifoɔ nso, wɔde nkrantɛ akum wɔn; na me
nko na maka, na wɔrehwehwɛ me aku me.
15 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, sane si wo kwan so kɔ Damasko serɛ so; na sɛ
woduru a, sra Hasael ngo si no Siria so hene;
16 na Nimsi ba Yehu nso, sra no ngo si Israel so hene; na Safat ba Elisa a ɔfiri
Abel-mehola no deɛ, sra no si w'ananmu sɛ odiyifoɔ.
17 Na deɛ ɔbɛfiri Hasael nkrantɛ ano no, Yehu bɛku no, na deɛ ɔbɛfiri Yehu nkrantɛ
ano no, Elisa bɛku no.
18Nanso mɛgya Israel mu nnipa mpemnson, nkotodwe a ɛnnya nkutoo Baal, ne ano a
ɛnnya mfee n'ano.
Elisa frɛ
19Ɛnna ɔfirii hɔ kɔeɛ. Na ɔkɔhunuu Safat ba Elisa sɛ ɔrefuntum; anantwie mpamho
dummienu na ɛdi n'anim, na ɔno ne deɛ ɛtɔ so dummienu no na ɛrefuntum, na Elia sene
baa ne nkyɛn, na ɔtoo ne ngusoɔ guu ne so.
20 Na ɔgyaa anantwie no hɔ, na ɔtuu mmirika dii Elia akyi kaa sɛ: Ma menkɔ kra
m'agya ne me na, na memmɛdi w'akyi. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na bra,
na ɛdeɛn na mayɛ woɔ yi?
21 Na ɔsane firii n'akyi kɔfaa anantwie mpamho no kumm wɔn, na ɔde anantwie no
adwumayɛ nnua no noaa nam no, na ɔde maa nkurɔfoɔ no, na wɔdii; na ɔsɔre kɔdii Elia
akyi, na ɔsom no.

X-X-X
Ahemfo I 20

Ahab di Siriafoɔ so nkonim mprenu


Na Siriahene Ben-hadad boaboaa ne dɔm nyinaa ano, na ahemfo aduasa mmienu kaa ne
ho, ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam, na ɔforo ba bɛtuaa Samaria ne no koeɛ.
2Na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔbaa Israelhene Ahab nkyɛn kuro no mu bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ
Ben-hadad seɛ nie:
3 Wo dwetɛ ne wo sika yɛ me dea, na wo yerenom ne wo mma a wɔn ho yɛ fɛ no nso,
wɔyɛ me dea.
4Na Israel hene buaa sɛ: W'asɛm no wom, me wura ɔhene, wo na me ne deɛ mewɔ nyinaa
wɔ woɔ.
5Na ɔbɔfoɔ no sane baa bio bɛkaa sɛ: Sɛ Ben-hadad seɛ nie: Sɛ mesoma maa wɔbaa wo
nkyɛn sɛ: Wo dwetɛ ne wo sika ne wo yerenom ne wo mma, fa ma me no,
6sɛ ɔkyena sɛsɛberɛ nso mesoma me nkoa ma wɔaba wo nkyɛn abɛkyini wo fie ne wo nkoa
afie mu, na adeɛ biara a ɛyɛ wɔn ani so fɛ no, wɔbɛfa akura wɔn nsam de akɔ.
7Ɛnna Israel hene frɛɛ asase no so mpanimfoɔ nyinaa sɛ: Monhwɛ nhunu sɛ bɔne na oyi
rehwehwɛ! na wasoma ama wɔaba me nkyɛn, me yerenom ne me mma ne me dwetɛ ne me sika
ho, na mankame no. 8 Na mpanimfoɔ no nyinaa ne ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ:
Ntie, na mpene nso.
9Na ɔka kyerɛɛ Ben-hadad abɔfoɔ no sɛ: Monkɔka nkyerɛ me wura ɔhene sɛ: Deɛ wobisaa
w'akoa kane no nyinaa deɛ, mɛyɛ, na asɛm yi deɛ, merentumi menyɛ. Na abɔfoɔ no kɔ
kɔka kyerɛɛ no.
10 Na Ben-hadad soma kɔsee no sɛ:
Mede mmarima bebree bɛba abɛsɛe wo kuro no, na wɔasoa hɔ mfuturo wɔn nsamu akɔ.
Anyame no nkum me sɛ manyɛ a.
11 Na Israel hene buaa sɛ: Monkɔka sɛ: Mma deɛ ɔhyɛ akodeɛ nnhoahoa ne ho sɛ deɛ
ɔyie.12 Na ɛbaa sɛ ɔtee asɛm yi no, na ɔne ahemfo no renom nsa asese mu, ɔka kyerɛɛ
ne nkoa sɛ: Montoa kuro no! Na wɔto hyɛɛ kuro no so.
13 Na hwɛ, odiyifoɔ bi twe pinii Israelhene Ahab sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Wohunu
asafokuo kɛseɛ yi nyinaa? Hwɛ, mede wɔn merehyɛ wo nsa nnɛ, na woahunu sɛ mene
AWURADE. 14 Na Ahab kaa sɛ: Ɛnam hwan so? Na ɔse: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛnam amansin
no mmapɔmma mmeranteɛ no so. Ɛnna ɔkaa sɛ: Hwan na ɔmfa nkɔbɔ ani? Na ɔse: Wo!
15 Ɛnna ɔkan amansin mmapɔmma no mmeranteɛ no, na wɔyɛ ahanu aduasa mmienu, na wɔn
akyiri no, ɔkan ɔman no nyinaa, Israel mma nyinaa, mpemnson.
16 Na wɔfirii adi awigyina. Na Ben- hadad anom nsa abo wɔ asese no mu, ɔno ne
ahemfo aduasa mmienu a wɔboa no no.
17 Na amansin mmapɔmma no mmeranteɛ no firii adi kane. Na Ben- hadad somaa
adɔntenfoɔ, na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Mmarima afiri adi afiri Samaria reba.18 Na ɔse:
Sɛ ɔmannwoeɛ so na wɔfirii adie a, monkye wɔn animono, na sɛ ɔko so nso na wɔfirii
adie a, monkye wɔn animono.
19 Na wɔn deɛ, wɔfiri kuro no mu firii adi, amansin mmapɔmma no mmeranteɛ no ne dɔm
a wɔdii wɔn akyire no.20 Na wɔkumm wɔn mmaako mmaako, na Siriafoɔ dwanedwanee, na
Israel tii wɔn, na Siriahene Ben-hadad tenaa ɔpɔnkɔ so ne apɔnkɔsotefoɔ firi
dwanee.
21 Na Israel hene firii adi kɔ kyekyeree apɔnkɔ ne nteaseɛnam, na ɔde okunkɛseɛ
kumm Siriafoɔ.
22 Na odiyifoɔ no twe pinii Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na kɔhyɛ wo ho den, na
hwɛ na hunu deɛ wobɛyɛ; na afeda sɛsɛɛ no Siriafoɔ bɛforo aba wo so.
23 Na Siriahene nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Wɔn nyame yɛ mmepɔ nyame, enti na wɔn ho yɛɛ
den sene yɛn no; na sɛ yɛne wɔn koo asaseta so deɛ a, anka yɛn ho renyɛ den nsene
wɔn anaa?
24 Na yei na yɛ: Tutu ahemfo no firi wɔn dibea, na fa amradofoɔ sisi wɔn ananmu.
25 Na wo deɛ, boaboa ɛdɔm bi ano sɛ ɛdɔm a woahwereɛ no, apɔnkɔ sɛ apɔnkɔ no, ne
nteaseɛnam sɛ nteaseɛnam no, na yɛne wɔn nkɔko asaseta so, sɛ yɛn ho renyɛ den
nsene wɔn anaa? Na ɔtiee wɔn, na ɔyɛɛ saa.
26 Na afeda ɔpɛ berɛ mfitiaseɛ no mu, Ben-hadad boaboaa Siriafoɔ dɔm ano na ɔforo
baa Afek sɛ ɔne Israel rebɛko.
27 Na wɔboaboaa Israelfoɔ nso ano, na wɔsiesiee wɔn ho, na wɔkɔ kɔhyiaa wɔn. Na
Israelfoɔ kyeree nsraban wɔn ntentensoɔ sɛ mmirekyie akuo nketewa mmienu. Na
Siriafoɔ deɛ, wɔyɛɛ asase no ma.
28 Na Nyankopɔn nipa no twe pinii bɛka kyerɛɛ Israel hene sɛ: Sɛdeɛ AWURADE seɛ
nie: Ɛsiane sɛ Siriafoɔ aka sɛ: Mmepɔ nyame ne AWURADE, na ɔnyɛ mmonhwa mu nyame
nti, mede wɔn asafokuo kɛseɛ yi nyinaa bɛhyɛ wo nsa, na moahunu sɛ mene AWURADE.
29 Na wɔkyeree nsraban, yeinom wɔ yeinom ntentensoɔ, nnanson. Na da a ɛtɔ so nson
no, wɔde dɔm koo no kɔbɔɔ anim na Israelfoɔ no kumm Siriafoɔ anammɔnmufoɔ mpemha da
koro.
30 Na nkaeɛ no dwanedwane kɔɔ Afek kuro no mu, na ɔfasuo no bu guu nnipa a wɔkaeɛ
no mu mpem aduonu nson so.
Na Ben-hadad deɛ, ɔdwane kɔɔ kuro no mu firi pia mu kɔɔ pia mu.
31 Na ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, yɛate sɛ Israel fie ahemfo yɛ ahemfo a wɔyɛ
adɔeɛ. Ma yɛmfa ayitoma nkyekyere yɛn asene, na yɛmfa ntampehoma mmobɔ yɛn ti, na
yɛmfiri nkɔ Israel hene nkyɛn; ebia ɔbɛgye wo kra nkwa. 32 Na wɔde ayitoma
kyekyeree wɔn asene, na wɔde ntampehoma bobɔɔ wɔn ti, na wɔbaa Israel hene nkyɛn
sɛ: W'akoa Ben-hadad se: Ma me kra nnya nkwa ɛ! Na ɔbisaa sɛ: Ɔda so te ase? Ɔyɛ me
nua.
33Afei na mmarima no rehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ anim kwan, na wɔyɛɛ ntɛm gyee asɛm no, na
wɔkaa sɛ: Wo nua ne Ben-hadad. Na ɔse: Monkɔfa no mmra! Na Ben-hadad firi baa ne
nkyɛn; na ɔmaa no foro baa teaseɛnam no mu.
34 Na Ben-hadad ka kyerɛɛ no sɛ: Nkuro a m'agya gyee no w'agya nsam no, mɛdane
mama, na te mmorɔno nso Damasko fa, sɛdeɛ m'agya tee no Samaria no. Na Ahab kaa sɛ:
Me nso, mede apam bɛgya wo kwan. Ɛnna ɔne no pameeɛ, na ɔgyaa no kwan.
35Ɛnna ɔbarima bi a ɔfiri adiyifoɔ mma mu de AWURADE asɛm ka kyerɛɛ ne yɔnko sɛ: Bɔ
me ɛ! Na ɔbarima no ampene sɛ ɔbɔ no.
36Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛsiane sɛ woantie AWURADE nti, hwɛ, wofiri me nkyɛn ha rekɔ
ara pɛ a, gyata bɛku wo. Na ɔfiri ne kyɛn kɔeɛ no, gyata hunuu no, na ɔkum no.
37Na ɔhunuu ɔbarima foforɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ me ɛ! Na ɔbarima no bɔɔ no,
ɔbɔɔ no piraa no. 38Ɛnna odiyifoɔ no kɔ kɔgyinaa ɔkwan no ho twɛn ɔhene, na ɔde
abotire akyekyere n'ani akyiri asakyera ne ho.
39 Na ɔhene retwam no, ɔbɔnee ɔhene no sɛ: W'akoa firi kɔɔ ɛko no mu, na hwɛ,
ɔbarima bi manee de ɔbarima bi brɛɛ me sɛ: Hwɛ ɔbarima yi so, na sɛ ɔyera a, ɛnneɛ
wode wo kra bɛsi ne kra ananmu, anaasɛ wobɛtua dwetɛ talente baako.
40 Na w'akoa reyɛ adeɛ foforɔ no, hwɛ, ɔdwanneeɛ hɔ. Ɛnna Israel hene kaa sɛ: Sɛ
w'atemmuo teɛ ne no, wo ara woabu. 41 Ɛnna ɔyɛɛ ntɛm yii abotire no firii n'ani
akyire, na Israel hene no hunuu no sɛ ɔfiri adiyifoɔ no mu.
42 Na ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ woama onipa a mahyira no
soɔ afiri wo nsa korɔ nti, wo kra bɛsi ne kra ananmu, na wo man asi ne man ananmu.
43 Ɛnna Israel hene no sii mu kɔɔ ne fie, a wakum n'anim na ne bo afuo, na ɔbaa
Samaria.
X-X-X
Ahemfo I 21

Wɔdi Nabot awu


Na Yesreelni Nabot wɔ bobe turo bi Yesreel wɔ Samariahene Ahab ahemfie ho.
2Na Ahab ka kyerɛɛ Nabot sɛ: Fa wo bobe turo no ma me, na memfa menyɛ fan turo,
ɛfiri sɛ ɛbɛn me fie ho, na mɛma wo bobe turo a ɛyɛ sene no ahyɛ ananmu, anaasɛ
wopɛ a, mɛma wo ɛho sika.
3Na Nabot ka kyerɛɛ Ahab sɛ: AWURADE mma yei mpare me, sɛ mede m'agyanom awunnyadeɛ
bɛma woɔ.
4 Ɛnna Ahab kɔɔ ne fie a wakum n'anim na waboto, Yesreelni Nabot asɛm a ɔka kyerɛɛ
no no nti; sɛ waka akyerɛ no sɛ: Meremfa m'agyanom awunnyadeɛ memma wo. Na ɔdaa ne
mpa so danee n'ani, na wannidi.
5Na ne yere Isebel baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Adɛn na wo honhom aboto sɛɛ na
wonnidie yi?
6Na ɔbuaa no sɛ: Ɛfiri sɛ me ne Yesreelni Nabot kasae, na mesee no sɛ: Fa wo
bobeturo no ma me gye sika, anaasɛ nso sɛ wopɛ a, mɛma wo bobeturo ahyɛ ananmu. Na
ɔse: Meremfa me bobeturo no memma wo.
7Ɛnna ne yere Isebel ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ wo na wodi Israel soɔ? Sɔre didi, na ma
wo bo ntɔ wo yam, na mede Yesreelni Nabot bobeturo no bɛma wo.
8 Ɛnna ɔde Ahab din twerɛtwerɛɛ nwoma, na ɔde ne nsɔanodeɛ sosɔɔ ano, na ɔsomasoma
maa wɔde nwoma no kɔmaa mpanimfoɔ ne adehyeɛ
a wɔwɔ ne kurom a wɔne Nabot te mu no.
9Na ɔtwerɛɛ nwoma no mu sɛ: Mompae mma wɔnni mmuada, na momfa Nabot ntena nkurɔfoɔ
no ti.
10 Na momfa mmarima baanu a wɔyɛ mmahuhufoɔ nnyina n'anim, na wɔnni adanseɛ ntia no
sɛ: Woadome Onyankopɔn ne ɔhene! Na momfa no mfiri nkɔsi no aboɔ mma no nwu. iaƐnna
ne kuro no mufoɔ mpanimfoɔ ne adehyeɛ a wɔte ne kurom no yɛɛ sɛdeɛ Isebel kraa wɔn
no, sɛdeɛ ɔtwerɛɛ nwoma a wɔde kɔmaa wɔn no mu no:
12Wɔpaee sɛ wɔnni mmuada, na wɔde Nabot tenaa nkurɔfoɔ no ti.
13 Na mmarima mmahuhufoɔ baanu ba bɛtenaa n'anim, na mmarima ahuhufoɔ no dii
adanseɛ tiaa Nabot ɔman no anim sɛ: Nabot adome Onyankopɔn ne ɔhene. Na wɔyii no
firi kɔɔ kuro no akyi kɔsii no aboɔ maa no wui.
14Ɛnna wɔsoma maa wɔkɔɔ Isebel nkyɛn sɛ: Wɔasi Nabot aboɔ, na wawu.
15 Na Isebel tee sɛ wɔasi Nabot aboɔ na wawuo no, Isebel ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɔre
kɔfa Yesreelni Nabot bobeturo a ɔmpɛ sɛ ɔde ma wo gye sika no di so, ɛfiri sɛ Nabot
nte ase bio, na wawu.
16 Na ɛbaa sɛ Ahab tee sɛ Nabot awuo no, Ahab sɔree sɛ ɔresiane akɔ Yesreelni Nabot
bobeturo no mu akɔfa adi so.
Elia hyɛ asotwe ho nkɔm
17Ɛnna AWURADE asɛm baa Tisbini Elia nkyɛn sɛ: 18Sɔre siane kɔhyia Israelhene Ahab
a ɔwɔ Samaria no. Hwɛ, ɔwɔ Nabot bobeturo a wasiane kɔ hɔ sɛ ɔrekɔfa adi soɔ no mu;
19 na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Woadi awu, na woafa obi adeɛ adi so? Na
ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Faako a akraman taferee Nabot mogya no, ɛhɔ na
akraman bɛtafere wo nso wo mogya.
20 Na Ahab ka kyerɛɛ Elia sɛ: Woahu me, me tamfo? Na ɔse: Mahu wo, ɛfiri sɛ woatɔn
wo ho ayɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne.
21Hwɛ, mede bɔne bɛba wo so; mɛpra wo akɔ na matwa Ahab babarima biara wɔ Israel
mu, akoa anaa ɔdehyeɛ atwene.
22 Na mɛyɛ wo fie sɛ Nebat ba Yeroboam fie ne Ahia ba Baasa fie, huru a woahuru me
bo na woama Israel ayɛ bɔne nti.
23 Na Isebel nso, AWURADE kaa ne ho asɛm sɛ: Akraman bɛwe Isebel nam, Yesreel fasuo
ho. 24Ahab fie a ɔbɛwu kuro mu no, akraman na ɛbɛwe ne nam, na deɛ ɔbɛwu wiram no,
ewiem nnomaa na ɛbɛdi ne nam.
25(Ampa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ Ahab a ɔtɔn ne ho sɛ ɔbɛyɛ AWURADE ani so bɔne,
ɛfiri sɛ ne yere Isebel hwanyan no. 26 Na ɔyɛɛ akyiwadeɛ sɛ, sɛ ɔdii ahoni huhuo no
akyire, sɛdeɛ Amorifoɔ a AWURADE tuu wɔn Israelfoɔ anim yɛeɛ no ara.)
27Na Ahab tee nsɛm yi no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma firaeɛ, na ɔdii
abuada, na ɔdaa ayitoma no mu, na n'anim yɛɛ samoo.
28 Na AWURADE asɛm baa Tisbini Elia nkyɛn sɛ: Woahunu sɛ Ahab abrɛ ne ho ase
m'anim?
29Ɛsiane sɛ wabrɛ ne ho ase m'anim nti, meremfa bɔne no memma ne berɛ so. Ne ba
berɛ so, na mede bɔne no bɛba ne fie soɔ.
X-X-X
Ahemfo I 22

Ahab ne Yehosafat ko tia Siriafoɔ


Na Siria ne Israel tenaa hɔ mfeɛ mmiɛnsa a ɔko bi nni wɔn ntam.
2Na afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no Yudahene Yehosafat siane baa Israel hene nkyɛn.
3Na Israel hene ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monnim sɛ Ramot-gilead wɔ yɛn, na yɛn deɛ,
yɛte hɔ komm na
yɛnnye mfiri Siriahene nsam? 4Na ɔbisaa Yehosafat sɛ: Wo ne me bɛkɔ Ramot- gilead
sa anaa? Na Yehosafat buaa Israel hene no sɛ: Mete sɛ wo, me man te sɛ wo man,
m'apɔnkɔ te sɛ w'apɔnkɔ.
5Na Yehosafat ka kyerɛɛ Israel hene sɛ: Bisa AWURADE asɛm nnɛ ɛ!
6 Ɛnna Israel hene boaboaa adiyifoɔ no ano, wɔbɛyɛ mmarima ahanan, na ɔbisaa wɔn
sɛ: Menkɔ Ramot-gilead menkɔko anaasɛ mennyae? Na wɔkaa sɛ: Foro kɔ, na AWURADE de
bɛhyɛ ɔhene nsa.
7 Ɛnna Yehosafat bisaa sɛ: AWURADE diyifoɔ biara nni ha bio a yɛbɛbisa ne hɔ adeɛ?
8Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ɔbarima baako bi da so wɔ hɔ a anka
yɛbɛtumi abisa AWURADE afiri ne nkyɛn, nanso metane no, ɛfiri sɛ ɔnhyɛ me ho nkɔm
pa, sɛ bɔne nko, ɛyɛ Imla ba Mikaia. Na Yehosafat se: Mma ɔhene nnka saa.
9Ɛnna Israel hene frɛɛ gyaaseni bi, na ɔkaa sɛ: Ma Imla ba Mikaia nnuru ha ntɛm!
10 Na Israel hene ne Yudahene Yehosafat tete wɔn nhennwa so hyehyɛ wɔn ntadeɛ,
Samaria pono ano mpraeɛ so, na adiyifoɔ no nyinaa hyehyɛɛ nkɔm wɔn anim.
11 Na Kenaana ba Sedekia ayɛ dadeɛ mmɛn na ɔkaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Yeinom na
wode bɛsum Siriafoɔ de kɔsi sɛ wɔbɛwie wɔn sɛeɛ.
12 Na adiyifoɔ no nyinaa hyehyɛɛ nkɔm saa sɛ: Kɔ Ramot- gilead na kɔdi siadeɛ, na
AWURADE de ahyɛ ɔhene nsa.
13 Na ɔbɔfoɔ a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, adiyifoɔ no nyinaa de ano
korɔ ka asɛmpa kyerɛ ɔhene, ma wo nsɛm nyɛ sɛ wɔn mu baako deɛ, na ka deɛ ɛyɛ!
14 Na Mikaia kaa sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, deɛ AWURADE bɛka akyerɛ me no, ɛno na
mɛka.
Mikaia hyɛ nkoguo ho nkɔm
15Ɛnna ɔbaa ɔhene nkyɛn. Na ɔhene no bisaa no sɛ: Mikaia, yɛnkɔ Ramot- gilead nkɔko
anaasɛ yɛnnyae? Na ɔbuaa no sɛ: Kɔ na kɔdi nim, na AWURADE de ahyɛ ɔhene nsa.
16 Na ɔhene no bisaa no sɛ: Mprɛ ahe ara na menka wo ntam sɛ, nka me asɛm bi sɛ
nokorɛ nko AWURADE din mu?
17Na ɔse: Mahunu Israel nyinaa sɛ wɔahwete mmepɔ soɔ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ, na
AWURADE se: Yeinom nni wura, ma wɔnsane nkɔ wɔn afie asomdwoeɛ mu.
18 Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Manka mankyerɛ wo sɛ ɔrenhyɛ me ho nkɔm
pa biara, na mmom bɔne?
19 Ɛnna ɔkaa sɛ: Enti tie AWURADE asɛm: Mahunu AWURADE sɛ ɔte n'adwa soɔ, na ɔsoro
asafo nyinaa gyinagyina ne ho, ne nifa ne ne benkum.
20 Na AWURADE kaa sɛ: Hwan na ɔbɛdaadaa Ahab na waforo akɔtɔ wɔ Ramot-gilead? Na
oyi kaa sɛɛ, na oyi kaa sɛɛ. 21 Na honhom bi firi bɛgyinaa AWURADE anim kaa sɛ: Me
na mɛdaadaa no.
22 Na AWURADE bisaa no sɛ: Wode deɛn? Na ɔse: Mɛfiri makɔyɛ atorɔ honhom n'adiyifoɔ
nyinaa anomu. Na ɔkaa sɛ: Wobɛdaadaa no na wobɛtumi nso; firi kɔ na kɔyɛ saa.
23 Na afei, hwɛ, AWURADE de honhom torofoɔ ahyɛ w'adiyifoɔ yi nyinaa anomu, na
AWURADE aka wo ho bɔne.
24Ɛnna Kenaana ba Sedekia twe pini bɛbɔɔ Mikaia sotorɔ kaa sɛ: Ɛhe na AWURADE
honhom nam firii me nkyɛn kɔ kasa kyerɛɛ woɔ yi?
25 Na Mikaia se: Hwɛ, da a wobɛfiri pia mu akɔ pia mu akɔhunta no na wobɛhunu.
26Ɛnna Israel hene kaa sɛ: Kyere Mikaia, na fa no kɔ kuro no so hwɛfoɔ Amon ne
ɔhene ba Yoas nkyɛn,
27 na kɔka sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Momfa oyi nto nneduadan mu, na momma no ahohiahia
aduane nni ne ahohiahia nsuo nnom kɔsi sɛ mɛba no dwoodwoo.
28 Na Mikaia kaa sɛ: Sɛ wosane ba dwoodwoo a, ɛnneɛ na ɛnyɛ AWURADE na ɔnam me so
kasaeɛ. Na ɔse: Mo aman nyinaa, montie!
Ahab sɛeɛ
29 Na Israel hene ne Yudahene Yehosafat foro kɔɔ Ramot-gilead.
30 Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Mɛsakyera me ho na makɔ ɔko no ano, na wo
deɛ, hyɛ wo ntadeɛ. Na Israel hene no sakyeraa ne ho, na ɔkɔɔ koo no ano.
31 Nso na Siriahene no ahyɛ ne nteaseɛnam a ɔwɔ no so asafohene aduasa mmienu no
sɛ: Mo ne akumaa anaa ɔkɛseɛ nnko, gye Israel hene no nko.
32 Na nteaseɛnam so asafohene no hunuu Yehosafat no, wɔkaa sɛ: Ampa, Israel hene no
nie! Na wɔmane ne no kɔkoe. Na Yehosafat teaa mu.
33 Na nteaseɛnam so asafohene no hunuu sɛ ɛnyɛ Israel hene ne no no, wɔsane firii
n'akyi.
34 Na ɔbarima bi twee ne tadua mu anibiannasoɔ so, na ɔde saa Israel hene no
mmɔtoam ne nkataboɔ no ntam. Na ɔka kyerɛɛ ne teaseɛnamkafoɔ no sɛ: Dane wo ho fa
me firi ɛdɔm yi mu, na mapira.
35 Na ɔko no mu yɛɛ den da no. Na wɔkura ɔhene no mu maa no gyinaa teaseɛnam no mu
Siriafoɔ no anim ara, na ɔwuu anwummerɛ. Na apirakuro no mu mogya sene guu
teaseɛnam no mu.
36 Na wɔpae faa nsraban no mu owiatɔ berɛ sɛ: Obiara nkɔ ne kurom ne n'asase so.
37Na ɔhene no wui, na wɔde no baa Samaria; na wɔsiee ɔhene no Samaria.
38 Na wɔkɔhohoroo teaseɛnam no mu wɔ Samaria tareɛ mu, na akraman bɛtaferee ne
mogya, na mmaa nnwamamfoɔ nso dwaree mu, sɛ AWURADE asɛm a ɔkaeɛ no teɛ no.
39 Na Ahab ho nsɛm nkaeɛ, ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne asonse dan a ɔsiiɛ, ne nkuro a
ɔkyekyereeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu?
40 Na Ahab toaa n'agyanom wɔ asamando, na ne ba Ahasia bɛdii n'adeɛ.
Yehosafat di Yuda so hene
41 Na Israelhene Ahab afe a ɛtɔ so nnan mu na Asa ba Yehosafat bɛdii Yuda so hene.
42 Yehosafat bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduasa nnum, na ɔdii hene mfirinhyia
aduonu nnum wɔ Yerusalem. Na ne na din de Asuba a ɔyɛ Silhi ba.
43 Na ɔfaa n'agya Asa kwan nyinaa so, wammane amfiri ho, na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE
ani so; gye sorɔnsorɔmmea no na wɔanyiyie, ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee
aduhwam sorɔnsorɔmmea hɔ.
44 Na asomdwoeɛ bɛdaa Yehosafat ne Israel hene ntam.
45 Na Yehosafat ho nsɛm nkaeɛ ne ne mmaninneɛ a ɔyɛeɛ ne sɛdeɛ ɔdii ako no,
wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu?
46 Na mmarima nnwamamfoɔ nkaeɛ a wɔgyaa wɔn n'agya Asa nna mu no, ɔhyee wɔn ase
firii asase no so.
47 Na ɔhene bi nni Edom; na ɔhene abadiakyire na na ɔhwɛ akyire sɛ ɔhene;
48Yehosafat yɛɛ Tarsis ahyɛn sɛ ɛnkɔ Ofir na ɛnkɔpɛ sika kɔkɔɔ, nanso ankɔ, ɛfiri
sɛ ahyɛn no bobɔe wɔ Esion-geber.
49Ɛno mu na Ahab ba Ahasia ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ma me nkoa ne wo nkoa nkɔ ahyɛn
no mu. Na Yehosafat ampene.
50 Na Yehosafat toaa n'agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n'agyanom ho, n'agya
Dawid kuro mu; na ne ba Yehoram bɛdii n'adeɛ.
Ahasia di Israel so hene

51 Ahab ba Ahasia bɛdii Israel so hene Samaria, Yudahene Yehosafat afe a ɛtɔ so
dunson mu, na ɔdii Israel so mfeɛ mmienu. 52 Na ɔyɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne,
na ɔfaa n'agya kwan so, ne ne na kwan so, ne Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ
bɔne no kwan so; 53 na ɔsomm Baal na ɔsɔree no, na ɔhuruu AWURADE, Israel Nyankopɔn
bo, sɛdeɛ n'agya yɛeɛ no ara.

X-X-X

You might also like