You are on page 1of 13

MOCK SAMPLE QUESTIONS

GHANAIAN LANG.
ASANTE TWI
Objectives and Theory

Yi mmaueε ‘ A – D’ mu baako a εyε pa ara a εfa Akanfoɔ


Akyiwadaε,Gyidie,Mmusuakuo ne Ntɔn ho.
1.Sε ɔbarima bi kɔfa ɔbaawarefoɔ na wɔkye no a, wɔgye no a) sika b) ntoma c)
ɔbaafofoɔ d) ayefere
2.Sε nta bi kɔ amu ho a ………………
a) ɔsi n’atadeε b) ɔtua sika ma owufoɔ no nkurɔfoɔ c) ɔpata n’awofoɔ
d) ɔdware ne kra
3.Deε εdidi soɔ yi mu baako nyε akyiwadeε. a) wofa ɔbaa wo wuram b) wobo wo
papa a
c) wode wo yere ase didi no atεm a d) wɔbɔ ɔhene ti wɔ dwam berε a ɔresa
4.Sε ɔbaa bi hunu ne mogya ani wɔ berε a ɔwɔ ɔbosom anim a,deεn na εsε sε wɔyε
ɔbosom no?
a) wɔ dware no b) wɔgu no hyire c) wɔnoa no aduane d) wɔyi no mmusuo
5.Sε ɔbarima bi ne ɔbaa a ɔwɔ brayε mu da a,asotwe a εdidi soɔ yi mu baako na ɔnya
a) wɔtwi n’anim b) wɔtwa no asuo c) ɔtwa odwan d) wɔnyε no hwee
6.Sε obi hyε da kum nnipa na wɔkye no a ,deεn na wɔde yε no?
a) wɔtwa no asuo b) wɔgye no mpata c) wɔdware ne kra d) wɔkum no bi
7.Wo maame wɔfa yε wo deεn? a) nanankansoa b) papa panin c) wɔfa panin d)
nana
8.Wo kunu nuabaa yε wo deεn? a) w’ase b) wo yere c) wo kora d) w’akumaa
9.Wo yere nua kunu yε wo deεbεn? a) adamfo b) akonta c) ase d) kora
10.Wo sewaa ba barima yε wo deεn?
a) wo sewaa ba b) wo sewaa kumaa c) wo wɔfase d) wo nua
11.Wo maame papa nuabaa yε wo …. a) sewaa b) maame panin c) wɔfa d) nana
12.Wo papa yere nana yε wo papa deεn? a) nana b) busuani c) wɔfa d) asew
13.Aduanafoɔ akraboa ne………. a) ako b) etwie c) εkoɔ d) ɔkraman
14.Sε obi kasa na wɔka sε n’ano ate a,n a yεsusu sε onii ko no yε……………
a) Asakyiri b) Ɛkoɔna c) Brietuo d) Agona
15.Agya,εna,nua ne nana,hwan na Akanfoɔ susu sε ɔyε ɔhɔhoɔ wɔ abusua kumaa mu?
a) nua b) εna c) agya d) nana
16.Akanfoɔ susu sε onipa biara nya ne nimdeε ne ne nyansa firi ……….. nkyεn
a) ne na b) ne nua c) ne wɔfa d) n’agya

17.Akanfoɔ ntɔn bεn na wɔn kraboa ne yε gyata?


a) bosomkɔmfoɔ b) Bosomafi c) Bosomkrεtε d) Bosomdwerεbε
18.Ntɔn/ntɔre bεn na wɔn mu nnipa yε dwεε?
a) Bosommuru b) Bosompra d) Bosomtwe d) Bosomafram
19.Ntɔn bεn na wɔn da yε wukuada,akyiwadeε ne afaseε εnna wɔn su yε abemfoɔ ne
animuonyam?
a) Bosomsika b) Bosom konsi c) Bosomayensu d) Bosompra
20.Wɔn da ne kwasiada,wɔn din baako ne Agyei,wɔn annyesoɔ baako ne ahenewa,wɔn
kraboa ne akyekyedeε.Ntɔn bεn nie? a) Bosommuru b) Bosomsika c)Bosompra
d) Bosomtwe
21.Sε wone aboa da a,tetehɔ no…. a)wɔbɔ wo tuo b) wɔhye wo c) wɔtwa wo asu d)
wɔku wo
22.Akanfoɔ gyidi ne sε yεmmɔ hwerεma anadwo,sε wobɔ a ………….
a) w’ano bεkyea b) wo tire bεpae wo c) ɔwɔ bεba fie d) mmotia anaa saman
bεba fie
23.Yεnte ntasuo ngu agya mu.Woyε saa a …… a) agya no bεdum b) wo tεkyerεma so
bεyε kuro
c) wo noa aduane a,εremen d) gyemirekuku bεyε wo
24.Sε wosoma akwadaa na wote ntasuo gu fam na wamma ntεm a ………….
a) ɔrenyε tenten b) ne nan bεfonfɔn c) ne se bεporε d) ne funuma bεporɔ
25.Berituofoɔ kraboa ne ………. a) ampan b) kwaakwaadabi c) pεtε d) ɔsebɔ
26.Abusua bεn na εmu nnipa dɔɔso sene abusua biara?
a) Aduana b) Asenneε c) Agona d) Asona
Yi mmuaeε A – D mu baako a εyε pa ara,na εfa Akanfoɔ Nkyea ne Nnyesoɔ,Bragorɔ
anaa Dipo
Abadintoɔ,Nnabuo,Owuo ne Ayiyɔ,Ahofama εnna sε wɔkyerε Ayεyie ne Anisɔ ho.
27.Akanfoɔ amammerε mu no,wɔkyea firi … a) mmpanin so b) anim c) benkum so
d) nifa so
28.Nnyesoɔ a εdidi soɔ yi mu deε εwɔ he na εnyε Bosompofoɔ nnyesoɔ?
a) yaa amen b) yaa ɔpeafo c) yaa osuo d) yaa oburu
29.Krɔbɔfoɔ taa yε amanneε a wɔde kyerε sε ababaa bi adu ne mpanin so wɔ bosome bεn
mu?
a) ɔpεnimaa b) kɔtɔnimaa c) ayεwohumumɔ d) ogyefoɔ
30.Akanfoɔ mu no,deεn na εkyerε sε abayewa bi adu ne mpanin mfeε no ?
a) se ne to yε akεseε a b) se ɔbobɔ nofu a c) sε n’animdua sesa a d) sε ɔkyema a
31.Edin “Antobam” asekyerε ne sε abɔfra bi ammεto ne………
a) wɔfa b) n’awofoɔ c) maame d) papa
32.Sε ntaafoɔ yε ɔbaa ne ɔbarima a,wɔn din ne…….
a) Abobakorokorowa b) Abamo c) Akuakɔsεn d) Takyi ne kuro

33.Nnawɔtwe sεn na εyε Afe nkyemu (Bosome nsia)? a) 52 b) 31 c) 30 d) 26


34.Bosome a εtɔ soɔ nwɔtwe wɔ afe no mu wu nna sεn? a) 28 b) 29 c) 30 d)
31
35.Sε ahenfo ne adehyeε kɔ akuraa a εhe na wosie wɔn?
a) akuraase b) ahenfie c) kwaeε mu d) ban mu
36.Akanfoɔ gyidi sε,abɔfra a ɔnweaeε anaa botafowa wu a,ɔεy………...
a) onyankopɔn ba b) asuo ba c) sodoɔ d) kukuba
37.Sε obi de ne ho ma onyamesem pa a ……..
a) ɔkɔ asuo ma onyankopɔn b) ɔmpε nyamesom
c) ɔbɔ ne bra sεdeε ɔpε d) ɔyε Onyankopɔn apεdeε
38.Ɛdeεn nti na εsε sε obi de ne ho ma dwumadie bi?
a) sε ɔbεnya ebinom ama wɔasom no b) sε εbεyε a ɔbεnya sika
c) sε εbεma wadi ne manfoɔ so tumi d) sε ɔbεnya mupuntuo
39.Sε obi ma wo aduane di a,deεn na wode kyerε w’anisɔ ne w’ayεyie?
a) woma no amo b) woma no afirim c) woma no ɔtwea d) woma no adware
40.Afena mmienu a εwɔ Ghanaman “coat of arms” mu no gyina hɔ ma ……….
a) ahoɔden b) nkonimdie c) anidasoɔ d) bambɔ

PART TWO
ƆKASAMMRA ( LEXUS AND STRUCTURE) 20 MRKS
1a.Ɛdeεn ne ɔkasa? 2mrk
b.Kyerε ɔkasasin ahodoɔ mmiεnsa 3mrk
2.Wie ɔpon yi so adwuma 4mrk
Nsεm Asekyerε
a. ………….. ahotɔ
b. Mankani fufuo …………
c. nnawɔtwe ………….
d. ………….. efunu

3.Kyerε kasakoa a εdidi soɔ yi ase 4mrk


a.Dua abu aka ne mu.Ɛkyerε sε ………………………….
b.Ne mu ayεduru.Ɛkyerε sε ……………………………….
c.Matwa ne yam odwan.Ɛkyerε sε ……………………….
D.Ka ntini mu.Ɛkyerε sε ……………………………………
4.Twerε asεmfua a εne deε wɔasan aseε no bo abira wɔ ɔkasamu a εdidi soɔ yi biara mu.
a.Wɔde nkonim na εbaeε.
b.Ɔpε ntɔkwa enti obiara mpε n’asεm.
c.Mennim no.Ɔbεyε ɔpɔtɔni. 3mrk
5.Twerε ɔkasamu a εdidi soɔ yi mu biara bio,na fa aterε mu agyinahyεdeε a εfata wie no
yie.
a.abraham pε mmɔfra asεm
b.gyama wo safoa ayera
c.maame kɔɔ dwa so ɔtɔɔ meko,gyeene ntosi ne nkyene
d.yaa tawia bra ha 4mrk

AKENKAN NE AYƐSƐM( COMPREHENSION) 10mrk


Kenkan deε εdidi soɔ yi yie na fa Asante Twi bua nsεmmisa no nyinaa.
Na Adoe ne Akyekyedeε ye ayɔnkofoɔ a baabi a wɔn mu biara te no,akwansini
mmienu na εda wɔn ntam.Na wɔ yɔnko berεboɔ Anene nso te nnua atenten bi a εwɔ
akyirikyeri bi so.
Da koro bi,Adoe kɔsraa Anene wɔ no fie.Ɔhunuu dɔm kεseε bi wɔ Anene fie hɔ.Na
εdɔm no mu bi yε Anene abusuafoɔ ne n’ayɔmkofoɔ.Ɔne Anene dii nkɔmmɔ,na akyire yi
no ɔsrεε kwan sε ɔrekɔ.
Anene maa no nkra sε ɔnkɔka nkyerε Akyekyedeε.Nkra no ne sε,Anene maame awu na
wɔbεyε ayie no Memeneda a εreba no ara sεdeε amammerε teε no.
Adoe de nkra no kɔmaa Akyekyedeε na ɔbisaa no sεdeε ɔbεkɔ ayie no.Ɛhaa Adoe εfiri
sε na Akyekyedeε nkɔɔ Anene kurom da.Nanso Akyekyedeε kaa sε akwantuo no “nyε
den”.
Ɔsrεε Adoe sε ɔmmoa no na ɔmfa bɔtɔ bi amanedeε bi wɔ mu a ɔde bεma Anene
memeneda no.
Ɔka kyerε Adoe sε ɔde bɔtɔ no bεto nkwankyen nti εyε a ɔmfa nni kan,na εnkyε ɔno nso
bεba.
Memeneda anɔpa no,Adoe de Akyekyedeε bɔtɔ no kɔɔ ayiase hɔ.Bεrε a Anene bisaa
no sε Akyekyedeε wɔ he no,ɔbuaa sε,ɔse εrenkyε koraa na waduru ha.Mmom ɔse memfa
amanedeε yi mma wo.Anene sanee bɔtɔ no ano,na ahodwirisεm ne sε,Akyekyedeε huri
firii mu pueeε,na ɔkaa sε,”εnyε Akyekyedeε nie,onipa a Adwene ahyε no ma?
Nsεmmisa
i.Akwansini sεn na na εda baabi a Adoe teε ne nea na Akyekyedeε teε ntam?
ii.Na Anene te he?
iii.Wogyedi sε εdeεn na εmaa εdɔm no kɔhyiaa wɔ Anene fie?
iv.Nkra bεn na Anene de kɔmaa Akyekyedeε?
v.Da bεn na wɔyε ayie wɔ Anene kurom?
vi.Adεn nti na wogyedi sε na Akyekyedeε nkɔɔ Anene kurom da kɔsi berε a na wɔreyε ayie no?
vii.Sε Akyekyedeε ka sε,nyε den a,ɔrepε akyerε sεn?
viii.Akyekyedeε yεε dεn na ɔkɔɔ ayie no ase?
ix.Kyerε saa asεm yi ase sεdeε εteε wɔ akenkansεm no mu.”adwene ahyε no ma”
x.Fa nsεmfua a εmmoro nson to akenkansεm yi din.

Composition (Susutwerε)
Yi deε εdidi soɔ yi mu baako pε na fa Asente-Twi nsεmfua ɔha aduonum (150) anaa deε εboro
saa twerε ho asεm.
1.Tikyani ne Okuafoɔ,hwan pa ara na ne ho wɔ mfasoɔ?
2.Wo ne wo nnamfonom sukuufoɔ kɔɔ nsrahwε wɔ baabi.Twerε krataa kɔma wo sewaa na ka deε
wohunuiε kyerε no.
3.Twerε w’adamfo a wopε n’asεm paa ho asεm.
4.Adwuma a mepε sε mεyε no daakye.

Nsεmmisa
i.Akwansini sεn na na εda baabi a Adoe teε ne nea na Akyekyedeε teε ntam?
ii.Na Anene te he?
iii.Wogyedi sε εdeεn na εmaa εdɔm no kɔhyiaa wɔ Anene fie?
iv.Nkra bεn na Anene de kɔmaa Akyekyedeε?
v.Da bεn na wɔyε ayie wɔ Anene kurom?
vi.Adεn nti na wogyedi sε na Akyekyedeε nkɔɔ Anene kurom da kɔsi berε a na wɔreyε ayie no?
vii.Sε Akyekyedeε ka sε,nyε den a,ɔrepε akyerε sεn?
viii.Akyekyedeε yεε dεn na ɔkɔɔ ayie no ase?
ix.Kyerε saa asεm yi ase sεdeε εteε wɔ akenkansεm no mu.”adwene ahyε no ma”
x.Fa nsεmfua a εmmoro nson to akenkansεm yi din.
Yi mmuaeε A – D mu baako a εyε pa ara a εfa Akanfoɔ
mmusuakuo,Ntɔn/Ntɔre,Nnabuo,Afahyε ho.
1.Wo maame wɔfa yo wo deεn? a) nanankansoa b) papa panin c) wɔfa panin d)
nana
2.Wobεfrε wo maame nuabarima sεn? a) nana b) papa c) wɔfa d) wɔfaase
3.Sε wo papa de obi bεware wo maame a,saa opnipa no yε wo maame deεn?
a) kora b) ba c) abanoma d) akumaa
4.Wo maame kunu nuabarima yε wo maame? a) nuabarima b) asew c) kunu d)
akumaa
5.Wo papa yere nuamaa yε wo papa? a) asenom b) nuamaa c) ɔyerenom d)
wɔfaasenom
6.Wo nuabarima mma yε wo deεn? a) wɔfaasenom b) nananom c) mma d)
abusuafoɔ
7.Akanfoɔ ntɔn gu ahodoɔ sεn? a) 24 b) 18 c) 12 d) 8
8.Aduanafoɔ akraboa ne ……. a) etwie b) ako c) ɔkraman d) εkoɔ
9.Wɔn a wɔto εna kɔsi εna baako soɔ na wɔfrε wɔn ……..
a) ntɔn b) adehyeε c) abusua d) atenankonnwa
10.Abusua bεn na wɔn akraboa ne Anene? a) Asakyiri b) Asenneε c) Asonafoɔ
d) Bretuo
11.Ntɔn bεn na wɔn sa yε dwεε? a) Bosomakɔmfo b) Bosommuru c) Bosomafram
d) Bosompra
12.Bosomprafoɔ akyiwadeε ne …… a) ɔkwakuo b) ɔmampam c) afaseε d)
dɔkono
13.Ntɔn bεn na wɔn da ne memeneda,akraboa ne Akyekyedeε εnna wɔwɔ suban pa ne
animuonyam? a) Bosomsika b) Bosommuru c) Bosomakonsi d) Bosomayεnsu
4. Wɔɔkye a yεdefam dan ho yi abɔ ahe?
a) prεmtoberε b) dɔnko c) prεmtoberε abɔ apa ho sima aduasa d) nɔnsia ne fa

15.Abaa bεn na εtwa ne aduosia wo sima baako mu wɔ wɔɔkye so?


a) dɔnhwerε b) sima c) anitεtε d) anipεwpεw
16.Bosome bεn na εwu nna aduonu-nwɔtwe anaa aduonu-nkron so?
a) oforisuo b) ayεwohumumɔ c) ogyefoɔ d) kutawonsa
17.Akanfoɔ nnawɔtwe wɔ mu nnafua sεn?
a) nwɔtwe b) dummienu c) nsɔn d) aduonu-mmienu
18.Nna dodoɔ sεn na Akanfoɔ bu no adaduanan? a) 30 b) 31 c) 42 d) 40
19.Adεε dodoɔ sεn na εwɔ afe baako mu? a) nsɔn b) du c) nkron d) nwɔtwe
20.Akanfoɔ afenhia wɔ mu nnafua ……… a) 365 b) 366 c) 378 d) 379
21.Fɔtwoɔ akyi nnawɔtwe yε…………..
a) akwasideε b) wukudeε c) benada dapaa d) memeneda dapaa
22.Nnapɔnna bi a mpaninfoɔ ahyεkyε ato hɔ de age wɔn ani,de kaakae nananom
nsamanfoɔ ne
a) amanehunu b) amanneε c) afahyε d) amammerε
23.Botaeε ahodoɔ mmiεnsa a Akanfoɔ gyina soɔ hyε fa ne ɔsom,kuayɔ εnna ………
a) afutusεm b) anigyesεn c) abakɔsεn d) anibrεsεm
24.Afahyε ho mfasoɔ baako ne ………a) εma nnipa dwene kɔ akyire
b) εde ntɔkwa ba amanfoɔ mu c) εma dwadie kɔso d) εbue nnipa ani
25.Akanman bεn na yεhyε odwira fa?
a) Takyiman b) Asanteman c) Akuapeman d) Kwahuman
Yi mmuaeε A – D mu baako a εfa Akanfoɔ Nktea ne Nnyesoɔ,Kasa,Edin ne mmrane,
Nsεnkyerεne a εkasa,Amammerε ne Amaneε,ne Abadintoɔ ho.
26.Akanfoɔ adehyekasa titiri no ne
a) Asante,kwehu,ne Dagbani b) Akuapem,Nzema,ne Akyem-Twi
c) Asante,Akuapem, ne fante-Twi d) Akwamu,Mamprusi ne Krobɔ-Twi
27.Hwan na ɔhwε Akanfoɔ amammuo so? a) ɔsɔfo b) ɔkɔmfo c) ɔhene d)
ɔbɔfoɔ
28.Sε wohyia obi na sε woankyea no,na εkyεrε sε ……..
a) w’ani ate b) wompε ntɔkwa c) wonni nteteε d) w’ani abue
29.Kumiwaa wooeε no,ɔmanfoɔ kɔmaa no …… a) yaakɔ b) ayikoo c) afirim
d) mo
30.Ofosua firi sukuu mu reba fie prεmtoberε no,ɔhyiaa Agya Owusu kyea no.Ɔgyee
Ofosua so wieeε no,ɔmaa no ……… a) due ne awɔ b) da yie c) due ne owia
d) nkyere ba
31.Wɔdidi wieeε no,ɔbaako kaa sε,”yεma wo adware”.Saa asεm yi asekyerε ne sε
………..
a) ɔresrε kwan b) ɔbεdi biom c) ɔreda ase d) aduane no yε dε
32.Ɔkwan a Akanfoɔ fa so bɔ wɔn bra ne,……….
a) Nyamesom b) Abrabɔ c) Amammerε d) Amaneε
33.Nkuro a εdidi soɔ yi mu deε εwɔ he na εka kyerepɔn anaa Guan-kasa
a) Mampɔn b) Kumawu c) Awukugua d) Akurɔpɔn
34.Sε yεde nsεnkyerεnne kasa a,εma asεm no yε ……… a) de b) hu c) tia d)
tenten
35.Sε wokasa obi ho na ɔbɔ ne tiri nko a,εkyerε sε,
a) gyae kasa b) ɔne wo nyε adwene c) ɔne wo yε adwene d) ɔma wo amo
36.Kwahuman mmrane ne…… a) ɔseεkurom b) kontonkyi c) asase aban d)
kyεmpem
37.Ntakraboa akokɔ mmrane ne ……. a) Akua b) Agyanka c) Antwiaa d)
Ataa
38.Edin a εdidi soɔ yi mu deε εwɔ he na εnyε Atoyerεnkyεm din?
a) Antobam b) Adiyea c) Agyie d) Abεbrεsε
39.Ghanaman wɔ amantεm sεn? a) 12 b) 40 c) 10 d) 52
40.Nkuro a εdidi soɔ yi mu deε εwɔ he na wɔnyε namyie anaa afare adwuma wɔ so?
a) Sakune b) Kedzi c) Koforidua d) Axim

PART I
ƆKASAMMRA ( LEXIS & STRUCTURE) 20 MRKS
1a.Fa εnne nnyegyeε atwerεdeε yi mu biara twerε nsεm ahodoɔ
a)ε = …………. , ………… b)u = ……………, …………… c)ɔ = …………. ,
……………
b.Fa anom annyegyeε a εfata hyεhyε faako a wagya hɔ no na εbiara nwie pεyε.
d)……. …… a …… a e).o…… i …….. a
2.Twerε Edinakyitobea a εfata toa εkasamu biara so na εnni mu.
f) Agyinamoa no afa ɔpon no ………….
g) Nsoronma pue wɔ…………….
h) Ama te n’awofoɔ ………………
3.Twerε na sensane ntεmgyinafoɔ aseε wɔ ɔkasamu biara mu.
i) Ɛha ara na nnora yεhunuu no
j) Ne ho yε fε deε nanso ɔnni suban
k) Manhunu bi,anka mεtɔ brε wo
l) Ɔkɔtɔɔ ntoma no wɔ Nsawam tɔnn
4.Wie ɔpon yi so adwuma
Borɔ-kasa
Asante-Twi
m.Postposition ………….
n.Emphatic Particle …………..
o.Prefix ……….....
p.Numeral …………..
5.Kyer εdin nkyerεkyerεmu a εwɔ ɔkasamu biara mu
q.Abɔfra bεn na ɔbaa ha?
r.Menim ɔbra ɔbaa korɔ a ne ba nie.
s.Yesu maa mmarima mpemnum aduane diiε.
t.Onipa biara hia nnframa.
PART II AKENKAN NE AYƐSƐM ( COMPREHENSION) 10MRKS
Da bi ɔkraman bi a ɔrekyinkyinni kɔhunuu sε dompe bi tua Anomaa bi ano a ɔsi
dua kusuu bi so.Ɛsiane sε ɔkraman yi ntumi mforo dua nti, ɔkɔbutuu dua no ase hyεε aseε
kamfoo anomaa no sε “Aa! Anomaa mesrε wo to dwom dεdεεdε baako na mentie”.
Esian sε εyεε anomaa no dε sε εyεε anomaa no dε sε ɔkraman no rekamfo no nti ɔbuee
n’ano sε ɔreto dwom no pε na dompe no firi n’ano tɔɔ fam.Ɛhɔ ara na ɔkraman no maa so
tuu mmirika kɔɔeε
Ɛyεε Anomaa no ya sε wama ɔkraman no adaa daa no agye ne dompe no, nanso εsiane
sε ɔntumi nyε ho hwee nti,ɔgyae ma no kaeε.
Ɔkraman yi rekɔ no,ɔduruu nsamsoɔ anaa εtwene bi so a ɔhunuu sε ne sumsum da nsuo
no,n’adwene yεε no sε ɔkraman foforɔ na dompe tua n’ano wɔ nsuo no ase.Wie nti,ɔtɔɔ
nsuo no mu sε ɔrekogye dompe no nso.Ɔbuee n’ano sε ɔregye dompe foforɔ no pε na ne
deε no firi tɔɔ nsuo no mu.Esiane sε ɔkraman no nnim asudware yie nti nsuo no de no
kɔeε.Enti na Mpanimfoɔ yεε akasabεbuo sε “W’ani ansɔ deε wowɔ a,εhwere wo koraa”.
Nsεmmisa
i.Ɛdeεn na na εtua anomaa no ano?
ii.Ɛhefa na na anomaa no si?
iii.Ɛhefa na εkraman no kɔbutuuieε?
iv.Ɛdeεn asεm na ɔkraman no kakyerε anomaa no?
v.Ɛdeεn na Anomaa no yɔeε?
vi.Dompe no firi tƆeε no,ɔdeεn na ɔkraman yɔeε?
vii.Ɔkraman no duruu εtwene no soɔ no,εdeεn na ohunuiε
viii.Na εyε ɔkraman foforɔ na εwɔ nsuo no aseε?
ix.Toa saa asεm yi so “w’ani ansɔ deε wo wɔ a ……………..?
x.Fa nsεm a εmmoro nsɔn to abasεm yi din.
SUSUTWERƐ (COMPOSITION)
Yi deε εdidi soɔ yi mu baako pε na fa Asante-Twi kasa nsεmfua 120 twerε ho asεm.
1.Twerε wo sukuu ho asεm
2.Twerε atipεnfoɔ krataa kɔma w’adamfo wɔ sukuu foforɔ mu.To nsa frε no w’awoda
pontoɔ ase.
3.Ka ayεmoa (pet) a wopε n’asεm paa ho asεm.
4.Wo sukuu kɔɔ nsrahwε bi wɔ “Aburi gardens” wokɔhyiaa oburoni ma no faa wo
adamfoɔ.Sεn na wobεka wo ho asεm akyerε no?

Yi mmuaε A – D mu baako a εyε pa ara a εfa Akanfoɔ Abusuabɔ ne sεdeε yεhwε yεn ho
yie firi asame ho.
1.Ayɔnkofa a εda nnopa no bi ntεm εnam mogya amaa awareε nti ne ………..
a) adanfoɔ b) abusua c) nkutahodie d) ntɔn
2.Abusua kumaa mu nnipa ne agya,εna ne a) nsenom b) mma c) nkumaafoɔ d)
nkontafoɔ
3.Sε ɔbarima bi kɔware a,n’abusua ne ɔbaa no abusua bεyε abusua ………..
a) abusua kumaa b) baako c) mmieou d) bebree
4.Agya papa ne papa yε ne deεn? a) nanakansoa b) nanabarima c) wɔfa panin d)
nana
5.Agya ba ne ba yεn ne …….. a) nanabarima b) nana c) nanakansoa d) nana
mεε
6.Agya yere nuabarima yε ne deεn? a) n’akumaa b) n’akonta c) n’ase d)
nuabarima
7.Sε wo papa de wo kɔware maame bi a,saa maame no yε wo deεn?
a) kora b) maame c) maame ketewa d) maame nua
8.Ɛna papa nuabaa yε ne deεn? a) akumaa b) sewaa c) nuabaa d) maame
9.Ɛna maame nuabarima yε ne ….. a) papa b) wɔfa c) nuabarima d) papa
kumaa
10.Wo maame kunu nuammaa yε ne deεn?
a) ne yerenom b) ne nkumafoɔ c) ne nsenom d) ne nnamfoɔ
11.Wo maame kunu ba yε ne deεn? a) ne ba b) n’abanoma c) ne kunu d) ne ba
ketewa
12.Wo papa nuabaa yε wo …… a) maame b) sewaa c) kora d) nuabaa
13.Wo maame de wo kɔware papa bi.Saa papa yi nso wɔ mma mmienu.Saa mmɔfra no yε
wo deεn
a) kora b) nuanom c) nnamfoɔ d) yɔnkonom
14.Ɔba maame nuabarima yε ne …… a) papa b) wɔfa c) nuabarima d) akonta
15.Ɔpira,yareε ne asεm a εfaa to onipa berε a n’ani nna ne ho soɔ no ne ………
a) ntokwa b) asane c) ntorɔ d) abufuo
16.Efie akwanhyia baako ne …a) lɔre asehwe b) sekan twa c) agobɔnedie d)
mmrikatuo
17.Sε yεanhohoro yεn nsa yie na yεdidi a,deεn na εtumi to yεn?
a) owuo b) yareε c) asεm d) nsɔhwε
18.Ɛdeεn na εtaa de lɔre akwanhyia ba? a) adidie dodoɔ b) mmirika bɔne tuo c) aniha
d) ntɔkwa
19.Nsuo denden tɔ a,deεn na εde ba?
a) anigyaε b) nsusan c) nsuo beree d) yareε
20.Ɛdeεn na εtumi patre yεn de yεn to fam? a) ntuto b) kwadu ahohono c) paneε d)
dadewa
Yi mmuaeε A – D mu baako a εyε pa ara a εfa Ghanafoɔ afadeε,Nnipa yεhyε wɔn so bɔ
bra pa
(Role model),mmɔntεm sεeε ne n’asiesie εnna Nidie ne Afεfεsεmdie ho.
21.Afadeε a amammerε kwan soɔ Ghanafoɔ de siesie wɔn ho no ne ………..
a) ntoma b) adwuradeε c) atadeε d) abɔsoɔ
22.Suban a εdidi soɔ yi mu deε εwɔ he na sε obi da no adi a εfata?
a) ebegu-a-egu b) bɔfrimyε c) aniha d) asaborɔ
23.Ɔkwan a obi si fa so bɔ ne bra na mmara ho kwan anaasε obiara gye no tom wɔ yεn
mmɔtεm ne
a) aniberε b) afεfεsεndie c) ahoɔyaa d) pεsεminkomenya
24.Asantefoɔ atadeε a wɔtaa de kɔ adwabɔ seε ne ……….
a) kaba ne siliiti b) kente c) agbada d) batakari
25.Afadeε yi nyinaa nhyε animounyam:gye sε ………..
a) apuskeleke b) kaba ne siliiti c) hwε m’awaamu d) I’m aware
26.Sε obi de afadeε hyε animounyam a,εka onii no …………
a) sɔfo b) ankasa c) tikya d) ɔhene
27.Sε obi de ho hyε dwumadie bi mu a,yεtumi ka sε onii yε ……….
a) pεsεminkomenya b) wɔ atuhoakyε c) aniberε d) nim dodo
28.Dwumadie a εdidi soɔ yi mu deε εwɔ he na εnyε mmɔtεm sεeε?
a) mframa den bɔ b) nnua aduadua c) gɔta mu tim d) nsusan
29.Asoɔden ho mfasoɔ baako ne …a) anigyeε b) akwanhyia c) abasobɔ d)
nkankɔ
30.Nsiyɔni (industrious) bεn na w’atumi ahyhyε afadie lɔre wɔ Ghana ha?
a) Okunini Bosommuru Kofi Anang b) Apostel Kwadwo Safo Kantanka
c) Abena Dolphen d) John Mensah Sabah
31.Ghana baasakuo (Big six) no mu baako ne
a) John Mensah Sabah b) Ako Agyei c) David Dontoh d) Grace Omaabo
32.Ghanani bεn na ɔnam ahobasua so bεyεε Amansan nyinaa kubeatan Twerεfoɔ panin ne
mprεnsa soɔ? a) Dr.Mohammed Ebin Chambas b) Bosommuru Kofi Anang
c) John Mensah Sabah d) Ɔsagyefo Dr.Kwame Nkrumah
33.Agodie a εtumi de nkabom ne asomdwoeε ba ɔman yi mu ne ………..
a) mmirikatuo b) bɔɔlobɔ c) akuturukubɔ d) hockey bɔ

34.Ghana Black Star bɔɔlobɔ sahene bεn na onyaa Abibima (Africa) mu abasobɔ,
sε obi onim bɔɔlobɔ paa wɔ afi 1991,19192 ne 19193 mu?
a) Asamoah Gyan b) Abedi Ayew Pele c) Stephen Appiah d) C.K Akonor
35.Nnwomasuo ho mfasoɔ baako ne …. a) adambɔ b) mpuntuo c) yareε d)
nsɔhyε
36.Ghanani bεn na ɔhyehyε anaa ɔtwaa “National Anthem” nnwom no?
a) Kwadwo Antwi b) Ephraim Amu c) Awurama Badu d) Nana Kwame
Ampadu
37.Ghana agodini baako ne ……
a) Nana Kwame Ampadu b)David Dontoh c) Mery Ghansah d) Diana Asamoah
38.Ghana manpanin bεn na ɔdan n’ani kyerε ban kutawonsa 24th 2012 mu.
a) Jerry John Rawlings b) John Evans Atta Mills
c) John Agyekum Kuffour d) John Dramani Mahama
39.Ghana Black Star bɔɔlobɔni bεn na n’ankasa bɔɔ bɔɔlo too Fatawo Dawda atena ma
bεrε a yεne Portugal resi akan no? a) Dede Ayew b) John Boye c) Christian Atsu
d) Asamoah Gyan
40.Ghana nyaa fahodie wɔ afe bεn mu? a) 1960 b) 1957 c) 1947 d) 1857

PART I - ƆKASAMMRA ( LEXIS AND STRUCTURE ) 20 mrks


1.kyerε Adeyɔ kabea ko a egyinahɔ ma nsεm a wɔosensane aseε wɔ ɔkasamu biara
mu.
a.Tikyafoɔ kyerε adeε.
b.Apolisifoɔ no hunuu ɔkorɔmfoɔ no dwabɔ no ase.
c.Ɔyarefoɔ no anom n’aduru no.
d.Sukuuni no resua adeε.
e.Kumiwaa bεkan ne nwoma foforɔ no.

2.Twerε na sensane Edinakyitobea aseε wɔ ɔkasamu biara mu.


f.Agyinamoa no da mpa no so.
g.Abɔfra to te tikyani no nkyεn.
h.Mehunu no wɔ asɔredan no mu.
i.Abirekyie no gyina εban no akyi.
3.Twerε Ntεmgyinafoɔ a εwɔ ɔkasamu biara mu:
j.Ɔhene ankasa bεba bi.
k.Akua mmon na ɔkasaeε
l.Mmɔfra mpo aba.
m.Abɔfra yi deε,ɔmpε adesua.

4.Wie ɔpon yi so adwuma εne Asante Twi kasa


Baakoyε Edinnsiananmu Kabea Dodoɔ Edinnsiananmu Kabea
Singular Pronoun Plural Pronouns
1 Person) n. ……………..
st
……………….
2nd Person) o. ……………. ……………….
3rd Person) p. …………….. ………………..

5.Wie ɔpon yi so adwuma


Punctuation Marks Atwerε mu agyinahyεdeε
q. …………….. ………………..
r. ……………. …………………
s. …………….. ………………….
t. ……………… …………………..

PART II – Akenkan/Ayεsεn (comprehension)


Kenkan deε εdidi soɔ yi mu yie na fa Asante Twi kasa bua nsεmmisa no nyinaa
Mmerε bi Ananse yeε n’adwene sε ɔbεboaboa wiase nyansa nyinaa ano de akosie na ne
nko ayε nyansafoɔ.Ɔde ose yεε ɔyɔ kɔhwehwεε kukuo bi firii aseε tasee nyansa a ɔmyareε
sε,ɔde bεkɔ wuram akɔsie dua so,sεdeε obiara nsa renka bi.
Berε a ɔrekɔ no,ne ba Ntikuma tεtεε no.Ananse duru dua bi ase no,ɔgyinaa ho.Ɔyε
n’adwene sε ɔbεforɔ dua no de kukuo no akɔsi so.Nanso εsiane sε kukuo no sεne n’afuru
so nti,wantumi amforo.
Ɛhɔ ara pε na Ntikuma team ka kyerεε no sε,ɔmfa nsεne n’akyi mmom.Ɛmaa Ananse bu
fuuiε,ma ɔgyaa kukuo no mu hwee fam ma εbɔeε.
Nsεmmisa
1.Ɛdeε adwene na Ananse faa wɔ wiase nyinaa nyansa ho?
2.Ɛhefa na Ananse de nyansa dii kaa hyεeε?
3.Adwene foforɔ bεn bio na Ananse faaeε?
4.Kyerε kasakoa “ɔde ose yεε ɔyɔ” ase
5.Ɛdeεn nti na Ananse antumi amforo dua no?
6.Ananse ba ne hwan wɔ abasεm yi mu?
7.Kyerε asεm yi ase “ɔtetεε no”

8.Adwene bεn na Ntikuma maa Ananse?


9.Ɛdeεn na εsiiε berε a Ntikuma maa Ananse adwene no?
10.Fa nsεm a εmmoro nson to atεsεm yi din.

PART III SUSUTWERƐ (COMPOSITION)


Yi deε εdidi soɔ yi mu baako na fa Asente-Twi nsεm ɔha (100) twerε ho asεm.
1.Twerε krataa kɔma wo krass-panin.Kyerε no deε nti a wantumi amma sukuu nnora.
Kyerε no sε ɔnto mo tikya nkra mma wo.
2.Twerε wo sukuu ho asεm
3.Kyerε sε deε yεdi wo kurom/akurase dwa kyerε w’adamfo.

8.Adwene bεn na Ntikuma maa Ananse?


9.Ɛdeεn na εsiiε berε a Ntikuma maa Ananse adwene no?
10.Fa nsεm a εmmoro nson to atεsεm yi din.

PART III SUSUTWERƐ (COMPOSITION)


Yi deε εdidi soɔ yi mu baako na fa Asente-Twi nsεm ɔha (100) twerε ho asεm.
1.Twerε krataa kɔma wo krass-panin.Kyerε no deε nti a wantumi amma sukuu nnora.
Kyerε no sε ɔnto mo tikya nkra mma wo.
2.Twerε wo sukuu ho asεm
3.Kyerε sε deε yεdi wo kurom/akurase dwa kyerε w’adamfo.

Yi mmuaeε A – D mu baako a εyε pa ara a εfa Tete Amammerε Nnwuma,Ahonidie anaa


Ahoteε εnna Abrɔmε ho.
1.Adwuma bεn na Onyankopɔn dii kan de hyεε onipa nsa wɔ Eden turom.?
a) kuayɔ b) adepam c) εdansie
2.Tete Amammarε nnwuma no bi ne kuayɔ,Ahayɔ ne … a) Afaredwuma b) krɔno
c) nsekuo
3.Adwuma a εde nnuane ahodoɔ brε nnipa no ne … a) kuayɔ b) ayayɔ c)
afaredwuma
4.Nnoɔma a Okuafoɔ de yɔ n’afuo no na Akanfoɔ frε no …………
a) adwinidadeε b) adwini c) ntɔsodeε
5.Ɛdeεn din na Akanfoɔ de frε obi a ɔkɔ ahayɔ a) ɔbɔfoɔ b) odiyifoɔ c)
duadwumfoɔ
6.Deε ɔkɔ nsuo so kɔyi nnam na akanfoɔ frε no …a) ɔfareni b) ɔbommɔfoɔ c)
odwanhyεfoɔ
7.Tete nnwuma no mu baako a Onyankopɔn ani ku ho na nhyira wɔ mu ne ………..
a) odwanhyεfoɔ b) duadwumfoɔ c) ɔdansini
8.Mmoa a yεtumi yεne wɔn wɔ efie no bi ne ……a) adanko b) koterε c) akura
9.Ɔkwan a nnipa fa so siesie mmɔntεm ne a) ahonideε b) pεsεmemkomenya c)
nidie
10.Ɔkwan baako a yεfa so siesie afie ne ………a) aprapra b) adidie c) nna
11.Sε yεannodɔ yεn Afikyerε berε ano,berε ano a mmoa bεn na yεbehunu wɔn?
a) awɔ b) nkusie c) nnoe
12.Ahonidie ne ahosiesie tumi ma yεhunu a) Onyankopɔn b) ɔsɔfo c) ɔhene
13.Ahonidie bɔ nnipa ho ban firi ………… ho a) yareε b) ntɔkwa c) adidie
14.Ahosiesie tumi ma yεn nya ………a) akokoduro b) sika c) ntoma
15.Ɛdeεn na Akwasi Boroni frε no “detergent”? a) aduro b) sika c) agyapadeε
16.Agya rekrɔ no adeε bi:sε wo ma no a,ɔnkɔ nanso sε ɔsoma wo a,na wode
mmirika.Ɛdeεn ne no?
a) tiafi b) nsoroma c) owia
17.Agya adeε bi wɔ hɔ da na ɔkenkan ne nsa.Ɛyε deεn? a) kube berε b) onipa c)
εnam
18.Mmepɔ bεn na εmu akye mmien a) εtoɔ b) nufo c) aso
19.Agya adeε bεn na εte sε nsuo a nwira atwa ne ho ahyia? a) aniwa b) ano c) ese

20.Meyε adeε bi:mewɔ w’anim nso wo nhu.Ɛyε …a) daakye b) agyapadeε c)


sika
Yi mmuaeε A – D mu baako a εyε pa ara a εfa ɔman Ghana,Afεfεsεndie,Mpanindie ne
Adebuo εma Nnyasadwini ho.
21.Nnipa a εdidi soɔ yi mu hwan na ɔdi mpanindie wɔ yεn fie mu?
a) awofoɔ b) atikyafoɔ c) apolisifoɔ
22.Nyansadwini ho ahwεsoɔ baako ne ……a) tapoli b) mpataa c) aboɔ
23.Dua ahoni a yεahyεda asensene de bobɔ εdan ho wɔ fie no ne …….
a) akuaba b) adwa c) tankora
24.Nneyeε a εyε fε no bi ne ………a) ahobraseε b) ntɔkwa c) aniberε
25.”Etiquette” yε Borɔfo-kasa, Asantefoɔ frε saa asεmfua yi sε ………..
a) afεfεsεndie b) ahohyεsoɔ c) ahofama
26.Yεbea,sa ne ban na Oburoni frε no ………a) manners b) etiquette c) character
27.Afe bεn mu na Ghana nyaa fahidie? a) 1957 b) 1960 c) 1857
28.Ghana Black Star bɔɔlobɔkuo sahene siesie ne hwan?
a) Michael Essien b) Stephen Appiah c) Asamoah Gyan
29.Ghana manpanin bεn na εnyεeε onyaa ne baabi kɔeε?
a) John Dramani Mahama b) John Agyekum Kuffour c) John Evans Atta Mills
30.Ade bɔbe a εto nnipa berε a n’ani anaa ne ho so ne … a) ɔbrε b) ɔhaw c) asane

You might also like