You are on page 1of 4

LOSING JESUS WITHIN A DAY AND ITS CONSEQUENCE

“Sɛ Yosef ne Maria de wɔn adwene sii Onyankopɔn so wɔ mpaebɔ mu a anka


wɔbɛhunu wɔn dwumadie a ɛhyɛ wɔn nsa no kronkronyɛ, na anka wɔn ani amfiri
Yesu so. Da koro pɛ a wɔn werɛ firii wɔn ho no, {Prob. 3:5-6} Agyenkwa no
yeraeɛ; na wɔsɛee adagyeɛ nansa ansa na wɔrehwehwɛ no ahu No. Saa na yɛn nso
yɛteɛ; yɛnam kasa a yɛka a yɛnnwene ho, kasafi, anaa mpaeɛ a yɛmmɔ so, bɛtumi
ahwere Agyenkwa no ahoyie da koro pɛ, na ɛbɛfa yɛn nna pii sɛ yɛde awerɛhodie
bɛhwehwɛ No ahu No, na yɛasane anya asomdwoeɛ a yɛhwereeɛ no.” EGW, DA
43.

CHOOSING TO OBEY NO MATTER WHAT & THE LOVE OF CHRIST

“Satan de wiase ahennie horoɔ ma nnipa sɛ akyɛdeɛ, sɛ wɔbɛbɔ wɔn mu ase ama ne
tumidie no a. Pii na wɔyɛ yie nam so hwere soro. Ɛyɛ sɛ wobɛwu sene sɛ wobɛyɛ
bɔne; ɛyɛ sɛ ɛbɛhia wo sene sɛ wobɛbɔ apoo; ɛyɛy sɛ ɛkɔm bɛde wo sene sɛ
wobɛtwa atorɔ.” – EGW, 4T 495.

“Paw ohia, animguaseɛ, ayɔnkofa mu ntetemudie, anaa amanehunu biara sene sɛ


wode bɔne bɛgu wo kra ho fi. Ɛyɛ sɛ owuo mmom bɛba sene sɛ ahohoraabɔ anaasɛ
Onyankopɔn mmara sobuo bɛba; yei na ɛsɛ sɛ ɛyɛ Okristoni biara botaeɛ. Sɛ yɛyɛ
nkurɔfoɔ a yɛpae mu ka sɛ yɛde nsakraesono reba, na yɛkura Onyankopɔn
nokwasɛm nwanwasoɔ a ɛma ahoteɛ mu no, ɛsɛ sɛ yɛpagya susudua no ma ɛkɔ
soro koraa kyɛn sɛnea ɛteɛ nnɛ yi.” EGW, 5T 147.

“Na ɛnyɛ owuo nko na Ɔbɛwuo, na mmom na Ɔnim pefee sɛ Ɔbɛhyia animguaseɛ
no, ahohoraabɔ no, Ɔbɛhunu amane, na wɔbɛyɛ No ayakayakadeɛ nso. Obiara
anhyɛ No sɛnea Ɔbɛkɔ akɔhyia asɛnnua so wuo huhu no; Ɔno na ɔde Ne kra bɔɔ
afɔreɛ maa bɔne. Na Onyankopɔn adwene sɛ Ɔbɛgye wiase nkwa no yɛ Kristo nso
adwene. Na N’ankasa dɔ no ne Agyenkwa no deɛ no yɛ baako, na saa dɔ no na
ɛhyɛɛ No.” EGW, The Bible Echo, Nov. 25, 1895.
CHILD TRAINING QUOTE

Ɛsɛ sɛ awofoɔ yɛ nokorɛdie ho nhwɛsoɔ, ɛfiri sɛ yie ne daa adesua a ɛsɛ sɛ yɛde to
abɔfra no akoma so. Nhyeyɛɛ a wɔmmane mfiri ho na ɛsɛ sɛ ɛyɛ awofoɔ susudua
wɔ abrabɔ dwumadie nyinaa mu, ɛnkanka ne wɔn mma nteteeɛ mu… Awofoɔ,
monnkyinkyim mo ho wɔ nokorɛka ho da biara da; monyi atorɔ da wɔ kasa ne
nhwɛsoɔ nyinaa mu. Sɛ wopɛ sɛ w’abɔfra yɛ nokwafoɔ a, ɛsɛ sɛ wodi kan yɛ
nokwafoɔ.” - EGW, CG 151.

“Agyanom ne ɛnanom pii no ara dwene sɛ, sɛ wɔma wɔn mma aduane ma wɔn nea
wɔbɛfira, na wɔma wɔn adesua nteteeɛ sɛnea wiase hwehwɛ no a, wɔawie wɔn
asɛdeɛ. Adwuma anaa anigyedeɛ agye wɔn adagyeɛ nyinaa ama wɔnya mmerɛ sɛ
wɔn mma nteteeɛ bɛyɛ wɔn adesua deɛ, Wɔnhwehwɛ sɛ wɔbɛtete wɔn senea wɔde
wɔn adom akyɛdeɛ bɛhyɛ wɔn Gyefoɔ no animuonyam. Salomo anka sɛ “ka kyerɛ
abɔfra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ ɔnyini a, ɔremfiri ho.” Nea ɔkaeɛ ne sɛ, “Kyerɛ
abɔfra ɔkwan a ɔmfa soɔ, na sɛ ɔnyini a, ɔremfiri ho.” – EGW, CG 38.

Yɛn ani a yɛbu gu so sɛ yɛretete mmɔfra ama Onyankopɔn no ama bɔne adɔɔso na
ama nnipa pii a sɛ wɔhwɛɛ wɔn yie a, anka wɔbɛyɛ Kristo adwumayɛ boafoɔ no
akɔdane ɔtamfoɔ no adwumayɛfoɔ. Atorɔ adwenkyerɛ ne nkwasea akɔnnɔ a ɛmfa
kwan mu de su bɔne awura mmɔfra yi mu ama wɔayɛ nkurɔfoɔ a wɔnni dɔ na wɔn
ani nnyeɛ, ɛde yawdie aba awofoɔ no abrabɔ mu, na ɛde wɔn nsusuansoɔ bɔne no
apete firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔ awoɔ ntoatoasoɔ so. Abɔfra biara a wɔgyae no ma
ɔfa n’ankasa kwan soɔ no de animguaseɛ brɛ Onyankopɔn na ɔhyɛ n’agya ne ne na
aniwuo … Po a awofoɔ po wɔn asɛdeɛ ma wɔgyaa wɔn mma mu ma bɔne akwan
no, to ɔsoro pono mu de si wɔn mma no ɔsoro kwan.” – EGW, 5T 325,326.

A CHEERFUL HEART/ PRAISING GOD

“Biribiara nni hɔ a ɛma ɔkra no ne nipadua no apɔmuden kyɛn ayeyie ne aseda


honhom. Ɛyɛ ade papa sɛ yɛbɛsi awerɛhodie, nsusuiɛ ne atenka bɔne ho kwan sɛnea
ɛyɛ sɛ yɛbɛbɔ mpaeɛ no. Sɛ yɛn ani hwɛ heaven kwan so a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛde esu,
awerɛhodie ne anwiinwii afa kwan no so akɔ yɛn Agya no fie? Wɔn a wɔfrɛ wɔn
ho Akristofoɔ a wɔnwiinwii berɛ biara, na asɛ animteɛ ne anigyeɛ yɛ bɔne ma wɔn
no anyamesom nyɛ papa.” – EGW, MH 251(Prob. 17:22) (Gal. 5:22)
“Ɛsɛ sɛ ahobrɛaseɛ ne anidie fra wɔn a wɔba Onyankopɔn anim no nyinaa ahokeka
mu. Yesu din mu no, yɛbɛtumi de nnamyɛ aba N’anim; nanso ɛnsɛ sɛ yɛde
akakaben akokoɔduro na ɛkɔ N’anim, te sɛnea Ɔyɛ yɛn tipɛn bi no. Nnipa binom
wɔ hɔ a wɔkasa Onyankopɔn Kronkron Kokuroko ne Tumfoɔ no ho … te sɛnea
wɔrekasa wɔn tipɛn bi ho, anaasɛ mpo obi a wɔkyɛn No. Ebinom wɔ hɔ a wɔyɛ
wɔn ho wɔ N’asɔrefie nea wɔrenyɛ wɔ asase so hene bi pato so (audience
chamber). Saafoɔ

PRAISING GOD FROM PAST EXPERIENCES

“[Yakob] bɔ a ɔhyɛɛ [wɔ Betel] no yɛ nea na ɛfiri akoma a aseda ahyɛ mu ma mu


wɔ Onyankopɔn dɔ ne Ne mmɔborɔhunu ho ahotosoɔ a ɔnyaeɛ no nti. Yakob tee
nka sɛ Onyankopɔn na Ɔdi ne soɔ a ɛsɛ sɛ ɔgye tom saa, na ɔsoro adom a ne nsa
aka ho nsohyɛdeɛ sononko no hia sɛ ɔkyerɛ ho ayɛyɛdeɛ. Saa na nhyira biara a yɛn
nsa aka no hwehwɛ sɛ yɛbɛma ɛho nnyesoɔ de akyerɛ adom nyinaa Mafoɔ no.
okristoni no hia sɛ ɔbɛhwehwɛ n’abrabɔ a atwam no mu na ɔde aseda kaakae ɔgyeɛ
ahoroɔ a Onyankopɔn agye no…… Ɛsɛ sɛ ɔhunu ne nyinaa sɛ ɔsoro abɔfoɔ
nhwɛsopa no ho adansedeɛ. Saa nhyira dodoɔ yinom nyinaa nti, ɛsɛ sɛ ɔde aseda
akoma a ɛdwoɔ taa bisa sɛ, ‘Ɛdeɛn na mede bɛhyɛ Awurade ananmu, Ne yie a Ɔyɛ
me nyinaa ho?’ Dw. 116:12” – EGW, PP 187. (Dw. 103)

THE SECOND COMMANDMENT

Ellen White twerɛɛ sɛ, “Adeɛ biara a ɛgye yɛn adwene na ɛbrɛ yɛn dɔ a yɛwɔ ma
Onyankopɔn aseɛ, anaa ɛsi yɛn som a yɛwɔ ma No no kwan no, saa adeɛ no yɛ
anyame ma yɛn.” PP 305

Bisa wo ho: Ɛdeɛn ne anyame a ɛwɔ m’abrabɔ mu a ɛregye me dɔ, m’adagyeɛ, me


dwumadie nhyehyɛɛ nnidisoɔ mu adikan, anaa me botaeɛ?
Ɛyɛ deɛbɛn a, na sɛn na mɛtumi ayi afiri hɔ?

THOSE WHO HAVE NOT BOW TO BAAL

“Onyankopɔn wɔ nnipa mpempem [ɛnnɛ mmerɛ yi] a wɔmfaa wɔn nkotodwe


nkotoo Ball….. Na bebree nso resom Baal a wɔnnim, na saafoɔ no, Onyankopɔn
Honhom no gu so ne wɔn redi aperepereɛ.” – EGW, PK 171.

THE MEANING OF GRACE

Sɛ yɛanhwe ase a anka na yerentumi nkyerɛ asɛmfua ‘adom’ yi ase. Onyankopɔn


dɔ abɔfoɔ a wɔnyɛɛ bɔne da na wɔsom No na wɔyɛ setie ma Ne mmare nyinaa no,
nanso Ɔmma wɔn adom. Saa ɔsorofoɔ yinom nnim adom; ɛho nhia mma wɔn da
ɛfiri sɛ wɔnyɛɛ bɔne da. Adom yɛ Onyankopɔn suban bi a Ɔda no adi kyerɛ
adasamma a wɔmfata. Yɛankɔhwehwɛ, mmom no, ɛba bɛhwehwɛɛ yɛn.
Onyankopɔn ani gye ho sɛ Ɔhwie saa adom yi gu obiara a ne kɔn dɔ no so, ɛnyɛ sɛ
yɛfata ntira, na mmom ɛsiane sɛ yɛmfata no nti.” – EGW, My Life Today, p. 100.

Ɔnanmusini no: Kristo, Onyankopɔn Ba no gyinaa awufoɔ ne ateasefoɔ ntam, na


Ɔkaa sɛ, “Ma asotwe no mmɛgu Me so. Mɛsi onipa ananmu. Ɔbɛnya akwannya
foforɔ.” 1 SDA BC, 1085.

You might also like